Ɔkasa Atitiriw Anum Ma May
Nhoma foforo “Let Your Kingdom Come” yɛ nea yebegyina so ama ɔkasa atitiriw anum wɔ asafo horow no mu May mu. Ɛwom sɛ ebia ebedu saa bere no na anuanom no pii akenkan nhoma no awie de, nanso ɛnyɛ “Kingdom Come” nhoma no ho anisɔ kɛse nko na ɔkasa ahorow a emu yɛ hyew yi bɛma anuanom anya, na mmom ɛbɛyɛ nkuranhyɛ ama afoforo a wɔwɔ ho anigye a ebia wɔn ankasa nnyee bere nkenkan nhoma no nyinaa no.
Esiane sɛ Kwasida ahorow anum na ɛwɔ May yi mu nti, ɛsɛ sɛ asafo horow no ara tumi yɛ nhyehyɛe ma ɔkasa ahorow anum no wɔ ɔsram biako yi mu. Ɛho behia sɛ asafo horow a wɔbɛkɔ ɔmansin nhyiam anaasɛ ɔmansin sohwɛfo bɛkɔ akɔsra wɔn May mu no yɛ nsakrae a ɛfata.
Eyi ne nkaebɔ ara a wɔde bɛma wɔ ɔkasa atitiriw a wɔbɛma yi ho. Yɛhyɛ mpanyimfo no nkuran sɛ wɔnyɛ ho nhyehyɛe mprempren ara na akasafo a wɔde ɔkasa ahorow no bɛhyehyɛ wɔn nsa no anya bere a ɛsɛ de asiesie wɔn ho na wɔama ɔkasa ahorow no ma atu mpɔn. Akasafo a wɔn ho akokwaw nko na ɛsɛ sɛ wɔpaw wɔn ma wɔma ɔkasa ahorow yi. Sɛ ɛho hia a, ebia wobetumi de asafo mu asomfo adi dwuma, sɛ wɔyɛ akasafo a wɔbɔ mmɔden a.
Ɔkasa ahorow anum no nsɛmti na edidi so yi
1—“Nea Onyankopɔn Ahenni Kyerɛ ma Yɛn Asase” (Ti 1-4)
2—“Onyankopɔn Ahenni Mesia Hene No” (Ti 5-8) .
3—“Ahenni Nkoa Nam Wɔn Gyidi So Di Nkonim” (Ti 9-11)
4—“‘Nna a Edi Akyiri’ ne Onyankopɔn Ahenni—Mprempren!” (Ti 12-14)
5—“Nokwaredi a Wɔde Kamfo Onyankopɔn Ahenni Kyerɛ Ho Akatua” (Ti 15-18)
Wɔremfa ɔkasa ahorow yi ho nsɛm a wɔahyehyɛ mma, nanso akasafo no bɛpɛ sɛ wodi nsɛm a ɛwɔ “Kingdom Come” nhoma no ti ahorow a wɔde ahyɛ wɔn nsa no mu no akyi pɛɛ. Ebia ɔkasafo bɛpɛ sɛ ɔkenkan nhoma no mu nsɛm pɔtee bi wɔ ne kasa no mu na obetumi atwe atiefo aba nkɔmmɔbɔ mu. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔma no sɛ ɔkasa ankasa a ɛnyɛ nhoma no mu nsɛm a wotwa no tiaa ka kyerɛ ara kwa. Dapɛn biako ansa na wɔafi ɔkasa ahorow yi ase no, ɛsɛ sɛ wɔkae asafo no mufo nyinaa na wɔde wɔn nhoma no aba nhyiam horow yi ase.