Baguam Ɔkasa Ahorow A Egyina Worldwide Security Nhoma No So
1 Yɛn nyinaa de anigye gyee Worldwide Security Under the “Prince of Peace” nhoma foforo a woyii adi wɔ “Ɔsoro Asomdwoe” Ɔmantam Nhyiam no ase no. Yɛtee saa bere no sɛ wɔahyɛ da asiesie na yɛasua wɔ yɛn Asafo Nhoma Adesua no ase. Enti Sodikuw no ama yɛn nsa aka ne sua no ho nhyehyɛe. Asafo Nhoma Adesua akuw nyinaa befi ase asua wɔ dapɛn a efi ase March 29, 1987 no mu, na dapɛn biara wobesua ti biako.
2 Sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya nhoma foforo yi mu mfaso kɛse no. Sodikuw no ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔ sua a wobesua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no akyi no, wɔmma baguam ɔkasa ahorow asia a egyina emu nsɛm no so fi April 26 kosi May 31. Ɛnsɛ sɛ obiara ma ɔkasa ahorow yi mu biako pɛ mpo pa ne ti so. Ɔkasa ahorow no bɛma nsɛntitiriw ahorow bi aka yɛn nyinaa adwene mu, ne titiriw no, atiri a etwa to no, na ɛbɛma yɛadi kan ahu emu nsɛm kakra ansa na yɛasua wɔ Asafo Nhoma Adesua no ase.
3 Ɔkasa ahorow no nsɛmti ne Worldwide Security nhoma no atiri a egyina so na edidi so yi:
1—“Asomdwoe Hene” a Ɔredi Tumi no Gye Ne Nkurɔfo (atiri 1-4)
2—Hia a Ɛho Hia Kɛse Nnɛ sɛ ‘Yɛbɛkɔ So Awɛn’ (atiri 5-8)
3—Onyankopɔn Apam Horow a Abɛn ne Mmamu (atiri 9-12)
4—“Nnipakuw Kɛse” no Nya Nkwa wɔ Kristoman Ɔsɛe no Mu (atiri 18-16)
5—Wɔn a Wodi Nokware Ma Yehowa Hu Ne Nkonimdi wɔ Harmagedon (atiri 17-19)
6—Yehowa ba Bɛyɛ “Ade Nyinaa mu Ade Nyinaa” wɔ Amansan Nyinaa Mu (atiri 20-22)
4 Ahosiesie pa ho behia na ama wɔatumi afa ɔkyerɛkyerɛ kwan a etu mpɔn so ada emu nsɛm no adi wɔ anigye mu. Enti, akasafo a wɔfata nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔma ɔkasa ahorow yi.