Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MAY 9
Dwom 84
7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow. Tĩ December 1, 1980 krataa a ɛfa dwuma a wɔde AYARESA HO NKAEBƆ kratasin no di ho no mu nsɛm mu tiaa.
10 min: Baa Krataa. Ɔpanyin ne atiefo bɔ ho nkɔmmɔ.
16 min “Kɔ So Ka Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm.” Nsemmisa ne mmuae. Bere a moresusuw nkyekyem 4 ho no, ma atiefo nkyerɛ nsɛmma nhoma no mu nsɛm a wɔahu sɛ etu mpɔn a wɔde bedi dwuma de ahyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔakra bi. Afei, ma ɔdawurubɔfo kumaa nyɛ asɛnka tiaa bi ho ɔkyerɛ a na ɔredi nsɛmma nhomakra ho dwuma.
12 min: Ka nhyehyɛe ma Memeneda a ɛto so abien nsɛmma nhoma dwumadi ho asɛm. Hyɛ obiara nkuran ma onnya adwuma yi mu kyɛfa. Twe adwene kɔ 1/8/82 Engiresi Nyan! mu asɛm “So Biribi Wɔ Hɔ a ɛfata Sɛ Wogye Di?” so. Dan adwene kɔ nsɛm a ɛtete saa so wɔ asɛmti “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” ase. Wɔakyerɛw na abua nsemmisa ahorow a mmofra wɔ. Ma ɔdawurubɔfo kumaa bi nyɛ nea aba foforo koraa a ɔde rekyerɛ aberante anaa ababaa foforo ho ɔyɛkyerɛ. Sɛnea bere ma kwan no, ma atiefo nkyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so de saa nsɛm a epue Engiresi Nyan! mu no adi dwuma.
Dwom 90 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MAY 16
Dwom 108
7 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.
15 min: “Monnodɔ Mo Ho Mo Ho.” Nsemmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow a ɛfata sɛnea bere ma kwan.
23 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Bere a Abofra Ba Ɔpon no Ano.” Kuw ketewaa bɔ asɛm ho nkɔmmɔ yiye wɔ asɛnka nhyiam ase. Fa ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wodi (a) abofra kumaa (b) abofra a n’ani afi kakra ho dwuma wɔ ɔpon ano. Sɛ bere ma kwan a, fa mmofra nkumaa a wɔkasa kyerɛ wɔn, ho osuahu ka ho.
Dwom 86 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MAY 23
Dwom 42
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Kristofo Asomfo Nkumaa—Munsuasua Dawid.” Nsemmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow sɛnea bere ma kwan.
15 min: Ɔkasa a ɔpanyin a wasiesie ne ho yiye ma wɔ nea Bible ka wɔ frankaa-kyia ne ɔman nnwom ho, a efi “Ɔwɛn-Aban” no “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ January 15, 1974 Engiresi de no mu, nkratafa 62 ne 63. (Hwɛ December 1, 1964, Twi de no, nkratafa 730 kosi 732 nso.)
10 min: Wo ne anuanom mmerante ne mmabaa nkumaa a wonya asɛnka adwuma mu kyɛfa daa a wɔreyɛ nhwɛso pa mmobɔ nkɔmmɔ. Bisa wɔn nsɛm a emu yɛ den a wɔahyia wɔ sukuu a ɛfa wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ amansɛm mu ho. Bisa sɛnea wɔahyɛ wɔn ho den sɛ wobedi Yehowa nokware, anya asɛnka adwuma mu kyɛfa daa na wɔama wɔn mmɔdenbɔ akɔ anim sɛ asɛmpa no ho asomfo. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wɔte nka wɔ nhwɛso a Dawid yɛe ho ne hia a ehia sɛ wogyina pintinn ma ɔsom kronn. (Sɛ mmofra nni asafo no mu a, wubetumi abisabisa wɔn a wɔn ani afi ma wɔaka wɔn suahu ne wɔn adwene akyerɛ wɔ saa nsɛm yi ho.) Awiei no hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya Memeneda nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa na wɔmfa asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” foforo a aba nkyerɛ mmofra a wohyia wɔn. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnhwɛ Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye mu wɔ fie na wɔnhwɛ nsɛm a wɔte nka sɛ etu mpɔn a wobetumi de adi dwuma bere a wɔde nhoma rema. Wɔbɛbɔ eyi ho nkɔmmɔ dapɛn a edi hɔ.
Dwom 112 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MAY 30
Dwom 61
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne “Nya Ɔmansin Nhyiam ho Mfaso.”
15 min: Momfa nni asafo mu ahiade ho dwuma, anaa di 9/1/81 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu asɛm “Da Koro wɔ Ɔsɛmpatrɛwfo Asetra Mu” ho dwuma. Asɛm no ho ɔkasa tiaa. Afei hyɛ asafo nkuran ma wonsusuw asetra ho nhyehyɛe pa a asɛmpatrɛwfo wɔ no ho. So mobɔ adekyee mu asɛm ho nkɔmmɔ? So mode sika di dwuma nyansa mu? So moboa wɔ ofie adwumayɛ mu? Musua ade sɛ abusua? Moboa ma abusua no mufo afoforo nya anigye? Yɛn botae titiriw ne sɛ yɛde asɛmpa no bɛkyerɛkyerɛ na yɛayɛ asuafo.
12 min: Yɛn Ho Yɛn Ho a Yebehu. Wo ne ɔdawurubɔfo anaa okunu ne ɔyere mmobɔ nkɔmmɔ. Mommɔ ɔkwan a wɔnam so baa nokware no mu, nea ɛtwetwee wɔn, akwanside a wohyiae, ne nhyira horow a wɔanya wɔ Yehowa som mu ho nkɔmmɔ.
10 min: Nea yɛde bedi dwuma June mu. Hyɛ atiefo nkuran ma wɔnka nsentitiriw a wɔahu wɔ Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye mu a wɔahu sɛ eye sɛ wɔde di dwuma bere a wɔde nhoma rema nkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma onnya asɛnka adwuma mu kyɛfa yiye dapɛn yi awiei.
Dwom 107 ne mpaebɔ.