Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JUNE 6
Dwom 31
5 min: Nnianim asɛm ne asafo mu nkaebɔ ahorow: twe asafo no adwene kɔ Memeneda a ɛto so abien nsɛmma nhoma dwumadi so.
25 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe. Sɛ ɛho hia a, momfa adwene nkɔ mo Ahenni Asa no tebea a mobɛma atu mpɔn ho gyinaesi ahorow no ho dwumadi so.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som, January 1982, Kratafa 3.
15 min: Asɛntitiriw “Yɛ Wo Asɛnka no Anibere So” no ho nsemmisa ne mmuae. Twe atiefo adwene kɔ nkɔmmɔbɔ asɛmti ne emu kyerɛw nsɛm so.
Dwom 66 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 13
Dwom 88.
7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.
15 min: “So Wutumi Kyerɛ Nea ɛteɛ ne Nea Ɛnteɛ?” October 1, 1981. Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 9-12. Sɛ biribi a wɔkyerɛw so wɔ hɔ a wobetumi de adi dwuma wɔ asafo no anim a, kyerɛw nneɛma anan a ɛma ɛyɛ den ma Kristofo sɛ wobenya nhumu a edi mu no.
13 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible ho Nkratawa a Wɔde Di Dwuma So.” Sɛnea bere ma kwan no, ma atiefo mfa nyansahyɛ ahorow mma na wɔnka osuahu ahorow nkyerɛ wɔ sɛnea wobetumi de nkratawa adi dwuma—wɔ mpɔtam hɔ ho.
10 min: Mpanyimfo betumi ayɛ ho nhyehyɛe, anaasɛ wobetumi ama ɔkasa a egyina February 1, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu asɛm “Ntrɛwmu wɔ ‘Onyankopɔn Fie’” so. Hyɛ obiara nkuran ma onnya dapɛn awiei asɛnka adwuma mu kyɛfa.
Dwom 51 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 20
Dwom 78
10 min: Asafo mu nkaebɔ, Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow, ne “Asemmisa Afã.” Wodi ho dwuma sɛ anuanom baanu ntam nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye
20 min: “So Wobetumi Aboa Wɔn?”, Ɔkasa a ɔpanyin ma de kyerɛ nea wɔreyɛ de aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ asasesin mu. Ɔkyerɛwfo ne asɛnka adwuma sohwɛfo bɛbom ayɛ nnipa a wɔbɛkɔ wɔn so ho nhyehyɛe. Wɔbɛma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw asua ade. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo a ɔyɛ adesua no bu nnɔnhwerew, sankɔhwɛ ne adesua ho akontaa. Ka osuahu biako anaa abien a ɛwɔ asɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ ebinom bɛsan aba kyerɛ. Yɛ sɛnea obi bɛkɔ ɔdawurubɔfo a wayɛ mmerɛw nkyɛn a n’atirimpɔw ne sɛ obefi adesua ase ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔyɛkyerɛ no nyɛ nea ɛda tebea a ebetumi aba ankasa adi. Kenkan nkyekyem 8.
15 min: ‘Pii a Yɛbɛyɛ wɔ Awurade Adwuma Mu.’ Asɛnka adwuma sohwɛfo ne onuabarima anaa onuabea a ɔbɔ mmɔden wɔ asɛnka/adwuma mu ntam nkɔmmɔbɔ. (Ɔfa yi gyina Nhyehyɛe nhoma no, ti 7. “Ɔkra nyinaa a Wɔde Som Yehowa” ne Asafo ti no krataa a ɛfa asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi wɔ 1982 mu ho no so. Dɛn na ɔkra nyinaa mu a wofi som no kyerɛ? San ti krataa a ɛfa asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi ho no mu. Kyerɛkyerɛ nhyehyɛe foforo a ɛfa daa kwampaefo anaa ɔkwampaefo boafo adwuma a obi betumi ayɛ wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu no mu na si sɛnea eyi yɛ ɔkwan a yebetumi afa so ama yɛn som adwuma akɔ anim bere tiaa mu so dua.) Kyerɛ nsonoe a ɛda baabi a mmoa ho hia kɛse a wɔsom ne asasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma a wɔyɛ ntam. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonsusuw wɔn ho a wɔde bɛhyɛ akwampaefo boafo adwuma mu na wɔakɔyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu na wɔde asɛmpa no akɔ saa nsasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma yi mu no no. Kyerɛkyerɛ ɔkwan a obi betumi afa so abisa hokwan akɔyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma no mu. Fa adwene a ɛne sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔde Ahenni nneɛma di kan wie. Yɛwɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma mu. So yɛn nsɛm tebea bɛma kwan ma yɛayɛ pii asen nea yɛyɛ mprempren? Hyɛ obiara nkuran ma onnya Memeneda a ɛto so anan nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa.
Dwom 82 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 27
Dwom 73
5 min: Nnianim asɛm ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Ɔbarima ne Ɔbea Ntam Abrabɔ Pa—So Ebetumi Ayɛ Yiye Ankasa?” November 1, 1981, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 3-6. Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw de ma. Kamfo mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo mu sɛ wokura abrabɔ fam ahotew mu.
15 min: “Nya Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ ho Mfaso Yiye” ho nsemmisa ne mmuae. Hyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran sɛ womfi koma nyinaa mu mmoa ne nsrahwɛ no na wonnya anisɔ mma nhyehyɛe a wɔayɛ na aboa asafo no ma akɔ so ayɛ den honhom mu no.
10 min: Ahosiesie a Yɛbɛyɛ Ama Asɛnka Adwuma No. Ti Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nhoma a yɛde bɛma mu. Ma ɔdawurubɔfo kumaa bi nyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Twe asafo no adwene kɔ Kwasida a edi kan asɛnka adwuma nhyehyɛe no so.
Dwom 103 ne mpaebɔ.