Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ Akwampaefo Boafo
1 April ɔsram no bɛyɛ bere a eye a yɛn mu pii benya hokwan asom sɛ akwampaefo aboafo. Bere a yɛde bere pii yɛ ɔsom adwuma no, yebetumi de Ahenni nkrasɛm no adu nnipa pii nkyɛn wɔ asasesin no mu.
2 Ebia ebehia sɛ anuanom mmea a wɔyɛ awarefo yɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn da biara da nhyehyɛe ahorow no mu. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ mma no susuw wɔne wɔn ahiade ahorow ho. Ebia mmofra a wɔanyinyin kakra no betumi aboa wɔ anɔpa aduanyɛ mu anaasɛ wɔ fie hɔ asɛyɛde afoforo ho dwumadi mu, na wobetumi akodi gua aba mpo sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnã no benya bere pii ayɛ asɛnka adwuma. Wɔ mmofra a wɔnsoo sukuu kɔ no fam no, mpɛn pii egye mmɔdenbɔ kɛse. So wobetumi de wɔn akɔ asɛnka? Na awofo pii a wɔyɛ nhyehyɛe hwɛ mmofra nketewaa no sɛnea ebia ɛho behia no nso ɛ? So wubetumi afa aduan na woadi no awia sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bere pii de ayɛ adwuma wɔ da no mu? Ampa, mmofra a wɔkɔ sukuu no betumi aka mo ho wɔ asɛnka mu dapɛn no awiei.
3 Ebia ɛho behia sɛ wɔn a wɔde bere nyinaa yɛ honam fam adwuma no de bere di dwuma yiye ansa na wɔakɔ adwuma ne/anaasɛ bere a wɔapɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo April mu. So w’adwuma wura no bɛpene ma woayɛ nsakrae bi wɔ nnɔnhwerew dodow a wode yɛ adwuma da biara no mu? Dɛn nti na wunhu no wɔ eyi ho? Afei nso yɛ da mũ nyinaa a wɔde yɛ asɛnka adwuma dapɛn awiei ho nhyehyɛe. Fi ase ntɛm na bɔ mmɔden yɛ adwuma kosi anwummere.
4 Wɔ wɔn a wɔkɔ sukuu no fam no, hokwan ahorow pii wɔ hɔ, a ɛnyɛ ansa na wɔbɛkɔ sukuu anaasɛ bere a wɔapɔn nko, na mmom bere a wɔwɔ sukuu mu no nso. Na sɛ wode bere a mode gye mo ahome ne awia a mode didi no di afoforo adanse nso ɛ? Ebia ebinom betumi adi adanse bere a wɔte afiri mu rekɔ adwuma anaasɛ wɔreba fie anaasɛ wɔte sukuu bɔs mu. Ebia afoforo befi nkɔmmɔbɔ ase bere a wɔretwɛn lɔre anaasɛ wɔrenantew akɔ sukuu. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔde anwummere anwummere ne adapɛn no awiei di dwuma. Ebia wubetumi ne adawurubɔfo afoforo a wɔkɔ sukuu ayɛ nhyehyɛe na moabom ayɛ akwampae adwuma April mu.
5 Enti ɛmfa ho sɛnea wo nsɛm tebea horow te, bɔ mmɔden sɛ wubenya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse. Fa mmere horow a wubetumi de akasa akyerɛ nnipa pii no di dwuma. Anwummere anwummere ne adapɛn no awiei yɛ bere pa a wobɛto nkurɔfo wɔ fie. Awia wɔ adapɛn no awiei nso ebia yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ mmeae horow a wɔyɛ adwuma anaasɛ wɔ mmorɔn so. Atirimpɔw nti a yegye bere kɔ asɛnka ne sɛ yebenya nkurɔfo na yɛakasa akyerɛ wɔn wɔ baabiara a ebia wɔwɔ.
6 Ebia wɔn a wɔn nsasesin wɔ nkuraase no behu sɛ eye sɛ wodi nneɛma ho dwuma soronko wɔ wɔn a wɔwɔ nkurow akɛse mu de no ho. Sɛ wubetumi ayɛ akwampaefo boafo April mu a, mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wuwie wo nhyehyɛe ahorow na wode w’akwammisa krataa no kɔ. Yehowa nhyira mo nhyehyɛe pa no so.