Asemmisa Afã
Hena na ɛsɛ sɛ odi abodoo no bi na ɔnom bobesa no bi wɔ Yesu wu Nkaedi no ase?
Nea Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no bere a ɔde nkae adidi yi sii hɔ no boa ma yebua saa asemmisa no. Bere a ɔde kuruwa a bobesa wom no maa n’asomafo no ɔkae sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu. ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” (Luka 22:20) Enti denam Yesu Kristo afɔrebɔ wu no so no wɔde “apam foforo” bi sii hɔ. Ná dɛn ne apam ‘dedaw’ anaasɛ “kan de” a wɔde bi sii ananmu no?—Heb. 8:13.
Ná eyi ne Mmara apam no. Wɔne Israel man no na ɛyɛe bere a woyii wɔn fii Misraim nkoafi mu no akyi bere tiaa bi. Ɛyɛ mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔre wɔ Bepɔw Sinai so no na wɔde hyɛɛ saa apam no ase. (Heb. 9:15-20) Nanso ɛda adi sɛ afrafrafo pii a wɔnyɛ Israelfo kaa Israelfo no ho guan fii Misraim. Na ɛwom sɛ wonyaa nhyira horow esiane saa apam yi de, nanso na wɔnka ho.—Ex. 12:38, 43-45, 48, 49.
Tebea a ɛte saa ara wɔ apam foforo no ho. Kristofo a wɔka wɔn ho asɛm se “Nyankopɔn Israel” no nkutoo na Yehowa Nyankopɔn ne wɔn ayɛ apam yi. (Gal. 6:16) Yesu kaa Kristofo a wɔn dodow sua yi ho asɛm sɛ “kuw ketewa.” (Luka 12:32) Nanso, Kristofo afoforo a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” wɔ hɔ a Yesu frɛɛ wɔn sɛ ne “nguan foforo.” (Adi. 7:9, 10, 14: Yoh. 10:16) Ɛwom sɛ eyinom nya apam foforo no mu nhyira horow de, nanso wɔnka ho.
Ɔsomafo Yohane kyerɛɛ nsonoe a ɛda akuw abien a wonya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso yi ntam bere a ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma mu faa Kristo ho no: “Ɔno ne yɛn bɔne ho mpata [“kuw ketewa” no ‘bɔne], na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.”—1 Yoh. 2:2.
Enti, afei, wɔ Kristo wu nkae afahyɛ no ase no, wɔn a wɔbom yɛ “Nyankopɔn Israel” no nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi abodoo no bi na wɔnom bobesa no bi. Ɔkwan foforo so no, afrafrafo pii a wofi aman horow so a wonni bi no benya daa nkwa wɔ Paradise asase so, na wɔn nsa aka Ahenni no nniso nhyira horow no bi.