Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 1
Dwom 80
6 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
17 min: “Nya Yehowa Ahenni Ho Dawurubɔ Mu Kyɛfa.” Nsemmisa ne mmuae dwumadi.
22 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti. Nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ. Wo ne atiefo nsusuw kyerɛw nsɛm abien no nyinaa ho na munsusuw nnianim ahorow ne nsentitiriw a ɛde kyerɛw nsɛm abien no tõam no ho. Yɛ nyansahyɛ a wɔde ama ho ɔyɛkyerɛ. Nnianim tiaa akyi no, ɔdawurubɔfo betumi aka sɛ: “Yɛresrasra yɛn nnamfonom efisɛ yegye di sɛ daakye ho asɛm hia wo sɛnea ɛho hia yɛn no. Sɛnea wunim no, mprempren aman horow no rehyia nsɛm ahorow a emu yɛ den pii. Yɛn man yi mu, te sɛ mmeae afoforo pii no, aduan, adan ne nsɛmmɔnedi ho nsɛm haw yɛn, sɛ yɛbɛbobɔ kakra bi pɛ a. Amanaman ahorow ntam no, akodi ahorow a wobetumi de akode a awiei koraa no ebetumi asɛe adesamma nyinaa afi asase ani bere tiaa bi no ho hu wɔ hɔ bere nyinaa. So wugye di sɛ awiei koraa no onipa behu ɔkwan a ɔbɛfa so asiw nea ɛrekɔ so no ano? Anaa, wususuw sɛ ɛsɛ sɛ onipa Bɔfo no de ne ho gye mu? [Ma ommua; siesie wo ho sɛ wode nea ɔka no bedi dwuma.] Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ nnipa ɔpepem pii abɔ nea ebetumi ayi eyi afi hɔ no ho mpae bere a wɔbɔ ‘Awurade Mpae no anaasɛ wɔka ‘Yɛn Agya a Wowɔ Soro’ no. [Kenkan anaasɛ ka Mateo 6:10 mu asɛm.] Saa mpaebɔ nhwɛso yi da no adi sɛ Onyankopɔn ahenni no ne nnipa nsɛm a emu yɛ den ano aduru ankasa. Nanso nnipa pii nte nka sɛ Ahenni no bɛba wɔ yɛn bere so. So wubetumi asusuw bere a eye sen biara a ɛsɛ sɛ ɛba ho? Yesu kaa bere a emu yɛ den a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so na afei ɔkaa asɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 21:31, 32 no. [Kenkan.] Enti saa awo ntoatoaso a ehuu sɛnkyerɛnne no mfiase wɔ 1914 mu no behu Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba na abeyi tebea horow a ɛhaw adwene yi afi hɔ no. Nanso hena na obedi hene wɔ saa ahenni yi mu? So ebenya nkoa wɔ asase so? Nkurɔfo wɔ Ahenni no ho nsemmisa pii wɔ wɔn adwene mu, na ɛho hia sɛ wonya mmuae a efi Bible mu. Ɛno nti na wɔatintim nhoma [anaasɛ nsɛmma nhoma] yi. Hyɛ asɛmti a ekura no nsow.” Ɛha no bɔ nhoma no din na si asɛmti pɔtee bi a ɛne nea moreka no hyia so dua na fa ma. Fa ɔfã yi bra awiei denam nkuran a wobɛhyɛ wɔn nyinaa ma wɔanya asɛnka adwuma mu kyɛfa dapɛn yi awiei no so.
Dwom 105 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 8
Dwom 22
5 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika nkontabu amanneɛbɔ,
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Ne Nsɛmma Nhoma.” Nkyekyem abiɛsa a edi kan no ho asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Yɛ asɛnka ahorow a ɛwɔ nkyekyem 5, 6 ne 7 no ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɛnyɛ ntiantia ne nea ɛho wɔ mfaso a wobetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu. Wo ne atiefo mpɛɛpɛɛ asɛnka ahorow mu sɛnea bere ma kwan. Mubetumi asakra mu ma ɛne nsɛmma nhoma a mowɔ mprempren ahyia. Hyɛ dapɛn a ɛto so abien nsɛmma nhoma dwumadi mu a wɔde wɔn ho bɛhyɛ ho nkuran.
15 min: Ɔkasa a ɛfa hia a ehia sɛ yɛsan kɔsra wɔn a wɔbaa Nkaedi no ase na yɛatumi aboa wɔn ma wɔahu hia a ehia sɛ wɔkɔ so ne asafo no bɔ fekuw ho. Sɛ wɔnkraa Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no bi dedaw a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔkra na wɔba Ɔwɛn-Aban adesua. Hyɛ asafo mu nyinaa nkuran ma wɔmmra nhyiam horow nyinaa daa.
10 min: Di nneɛma a ɛho hia wɔ asafo no mu ho dwuma anaasɛ ma ɔkasa a egyina “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ’ wɔ January 15, 1982 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu so, na hyɛ nsonoe a ɛda wɔn a wɔtwe wɔn ho fi asafo no ho ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw ntam no nsow.
Dwom 36 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 15
Dwom 9
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Afei Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a ɛfata ne Nkaedi ho Akontaabu.
15 min: “So Ɛsɛ sɛ Yɛde Nhoma Kyɛ?” Asemmisa ne mmuae dwumadi.
20 min: “Mmoa a Yɛde Bɛma Wɔn.” Ɔkasa a asɛnka adwuma sohwɛfo de ma. Fa nkɔmmɔ a asɛnka adwuma sohwɛfo ne onua anaa onuawa a ɔreka akyerɛ no sɛ ɔne obi a wayɛ mmerɛw nyɛ adesua bɔ ho ɔyɛkyerɛ ka ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa January 15, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mmra dapɛn a edi hɔ bere a yebesusuw emu nsɛm abiɛsa a ɛfa nokwaredi ho no ho no.
Dwom 43 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 22
Dwom 38
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
25 min: “Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yedi Nokware?” Egyina nsɛm abiɛsa a edi kan a ɛwɔ January 15, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no so. Fa asɛm “Dɛn Nti na Nokware a Wonni Pii Saa Wɔ Hɔ?” a ɛwɔ kratafa 3 no di dwuma sɛ nnianim Asɛm a ɛto so abien, “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Nokware?” ho asemmisa ne mmuae. (nky. 4, 5) Si kyerɛw nsɛm so dua. Sɛnea bere ma kwan no, ka osuahu biako anaa abien a efi asɛm “Wodii Nkonim—Wɔ Nokwaredi Mu” kyerɛ. (nky. 6, 7)
15 min: Wo ne akwampaefo aboafo ne daa akwampaefo a wɔanya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye wɔ asɛnka adwuma mu nnansa yi mmobɔ nkɔmmɔ. Di kan bɔ ebinom amanneɛ na wɔasiesie wɔn ho. Hyɛ akwampaefo boafo adwuma a wɔbɛyɛ wɔ asram a ɛreba no mu ho nkuran.
Dwom 62 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 29
Ɔmantam nhyiam. Ɛsɛ sɛ asafo horow a wobedi kan akɔ nhyiam anaasɛ wɔbɛkɔ akyiri yi no yɛ nsakrae sɛnea ɛfata.