Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 7
Dwom 4
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa Memeneda a ɛto so abien wɔ ɔsram no mu. Afei, “Kalenda Foforo Fɛfɛ ma 1983.” Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkra bi ntɛm, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Nnipa Ahorow Nyinaa.” Asɛm no ho nsemmisa ne mmuae dwumadi, a wɔkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow a wɔapaw sɛnea bere ma kwan. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien bere a moresusuw nkyekyem 7 ho.
15 min: Asɛm “Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm Nnam So” ho nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan Kyerɛwnsɛm a wɔabobɔ din ara kwa na wɔmfa emu nsɛm nni dwuma.
Dwom 100 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 14
Dwom 60
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow, sika nkontaabu amannɛebɔ ne adekyee mu asɛm ho nkɔmmɔbɔ, sɛnea bere ma kwan.
18 min: “So Mobom Sua Ade Sɛ Abusua?” Nsemmisa ne mmuae dwumadi, a mokenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow a ɛfata wɔ mmeae horow a ɛfata wɔ nkɔmmɔbɔ no mu no ma agyanom anaa afoforo nkyerɛ sɛ: nea wɔde nyansahyɛ ahorow bi adi dwuma, anaasɛ wɔahu sɛ afoforo de adi dwuma, ne mfaso a efii mu bae. Awiei no hyɛ mmusua horow nyinaa nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ abusua adesua daa na wɔanya honhom mu nkɔso.
12 min: “Ɔdɔ anaa Akɔnnɔ—Mɛyɛ Dɛn Ahu?” Engiresi Nyan!, April 8, 1982. Ɔkasa a ɔpanyin a obetumi adi saa asɛm yi ho dwuma wɔ nidi, ayamye ne animduru mu de ma.
7 min: Ɔsom adwuma sohwɛfo bɛka October asɛnka adwuma nkontaabu ho asɛm. Fa tõa Ghana ɔsom nkontaabu a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no mu.
Dwom 70 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 21
Dwom 94
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a ɛfata. Hyɛ Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram no mu nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa a wobenya ho nkuran. Ma ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw nka anaasɛ ɔnyɛ ɔkwan a wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa so de nsɛmma nhoma foforo a aba no ama ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Adawurubɔfo Afoforo ne Wɔn a Wɔasan Afi Ase a Yɛbɛboa Wɔn wɔ Asɛnka Adwuma Mu.” Di ho dwuma denam nsemmisa ne mmuae so. Yɛ ɔkwan a ɔdawurubɔfo betumi afa so asiesie ne ho ama asɛnka adwuma a obi reboa no ho ɔyɛkyerɛ, denam nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ asɛm no mu no bi a wɔde bedi dwuma so. Sɛnea bere ma kwan no ma adawurubɔfo bi a wɔasiesie wɔn ho nkyerɛ nkɔso ne anigye bi a wɔanya wɔ mmoa a wɔde ma afoforo anaasɛ mmoa a wonya sɛnea nsentitiriw a ɛwɔ asɛm yi mu kyerɛ no ho asɛm.
15 mm: “Kura Kari a Wubekari Pɛ Sɛ Kristoni No Mu.” March 15, 1982. Engiresi Ɔwɛn-Aban. Ɔkasa a onua a ne ho akokwaw a ɔyɛ nhwɛso pa de ma.
Dwom 83 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 28
Dwom 18
7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Ɔkwan a Wobɛfa So Anya Ho Mfaso.” Ɔkasa a ɔpanyin a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa de ma, de atiefo nkɔmmɔbɔ ka ho. Boa atiefo, ne titiriw no nhoma adesua so ahwɛfo, ma wonhu sɛ wɔn ho a wobesiesie ama nhoma adesua a wɔde Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye bɛyɛ no begye adwene kakra. Ma nhoma adesua so ahwɛfo baanu (a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo pa) mmɔ sɛnea wɔyɛ adesua pa ho nkɔmmɔ na wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ, mfa nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem 3-5 nni dwuma.
13 min: Mo ankasa monyɛ eyi ho nhyehyɛe sɛnea asafo no ahiade te, anaasɛ munsiesie ɔkasa fɛfɛ a egyina April 8, 1982, Engiresi Nyan! mu asɛm, “Sɛnea Wotie Asɛm” so. Fa toto nea wote nka sɛ ɛho hia wɔ asafo mu ho.
10 min: Wɔ anigye ne ɔkwan a ɛkanyan so no, hyɛ Kwasida a edi kan wɔ ɔsram mu asɛnka adwuma mu kyɛfa a wobenya ho nkuran. Ti nhoma a yɛde bɛma December mu no mu na si nsentitiriw a ɛho wɔ mfaso a yebetumi de adi dwuma so dua. Ka Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ho asɛm a ɛho wɔ mfaso.
Dwom 74 ne mpaebɔ.