“Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntra Asomdwoe Mu”
Yɛte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” a Bible ka ho asɛm pii no mu. (2 Tim. 3:1-5, 12, 13) Yɛn bere yi te sɛ Noa de no. bere a, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ no no, na “anuɔden ahyɛ asase so ma” no. (Gen. 6:13; Mat. 24:37) Yiw, baabiara, Wɔ ɔkwan biara so no, wɔresiesie nnipa adwene ma agye basabasayɛ atom sɛ ɔkwan a wɔnam so tra ase. Enti akodeyɛ ho akansi rekɔ so na awudi nso akɔ anim.
Nanso yɛwɔ “asɛmpa” ma nkurɔfo. (Mat. 24:14) Ɛsɛ sɛ ‘yɛkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’ (Yes. 61:2) Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wonya anidaso. Esiane eyi nti, ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ yɛne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. (Rom. 12:18) Eyi hwehwɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi wiase amammuisɛm, amansɛmdi ne nneɛma afoforo a ɛde mpaapaemu ba nyinaa ho. Saa na yɛn Awurade Yesu Kristo kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.—Yoh. 15:17-21; 17:14.
Ansa na yɛn mu pii rebehu Yehowa ne n’apɛde no, na yɛyɛ basabasayɛ wiase yi fã, na yɛyɛɛ nneɛma a ɛsɔ nnipa ani. Afei a yɛabehu Onyankopɔn ne ne kwan a ɛyɛ ɔdɔ no, ɛsɛ sɛ yesuasua no. (Efe. 5:1) Enti yɛasakra yɛn abrabɔ ne yɛn adwene. (Rom. 12:2; 1 Pet. 4:1-4) Yɛnntan yɛn yɔnko nnipa bio, na yɛde yɛn akode abobɔ nnare a wɔde yɛ adwuma asomdwoe mu, na yɛboa nnipa ma wonya daa nkwa anidaso.—Yes. 2:2-4.
Nyamesom, amammui, aman ne mmusua mu mpaapaemu ahorow pii a ɛwɔ hɔ no nyɛ nea ɛde asomdwoe ba asase so nnɛ. Ɛtɔ da bi a eyi ma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛne nnipa nyinaa bɛtra asomdwoe mu. Nanso yenim sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na asomdwoe atra yɛne Onyankopɔn ntam no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ɛde mpaapaemu ba nyinaa ho na yetie ahyɛde a Yesu de mae sɛ yɛnhwehwɛ ‘wɔn a wɔdɔ asomdwoe’ denam asomdwoe a Onyankopɔn ahenni de bɛba asase so no ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ nnipa nyinaa no so. (Luka 10:5, 6) Saa kwan yi so no, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa.—Mat. 22:36-40.
Saa kwan pa a wɔfaa so yi de ɔtaa pii baa nokware Kristofo so wɔ mfehaha a atwam no nyinaa mu. Yesu ne asomafo no ne tete Kristofo de boasetɔ gyinaa mu na wodii nkonim. Yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ nnɛ no binom ayɛ saa ara. Asafo nhoma horow no abɔ yɛn amanneɛ wɔ nneɛma ahorow a yɛn nuanom a wɔwɔ mmeae horow pii wɔ asase so ahyia no ho amanneɛ. Ebinom a ɛyɛ anigye pue wɔ May 15, 1978, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 3 ne 4, a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn nyinaa nkuran. Onua bi a wodii n’asɛm wɔ Italy, a epue wɔ 1982 Afe Nhoma no mu, nkratafa 121 kosi 123, no yɛ nea eye a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma ɛtra yɛn adwene mu bere a yehyia tebea horow a ɛsɔ yɛn Kristofo gyinabea a ɛyɛ yɛn ho a yɛmfa nhyehyɛ wiase ntawntawdi mu hwɛ no. Yɛresan de saa asɛm no aba wɔ ha na ɛho aba yɛn nyinaa, mpanyin ne mmofra, mfaso. Ɛho bɛba mfaso sɛ mmusua horow bɛbom abɔ ho nkɔmmɔ. Sɛnea asenni no kɔɔ so ni:
ƆTEMMUFO: “Mebɔ wo kɔkɔ sɛ wugyina asenni bagua yi anim wɔ asɛm a anibere wom ho nanso w’anim te sɛ nea woreserew.”
ONUA NO: “Merentumi nyɛ m’anim tebea no ho hwee. Ɛsɛ sɛ anigye a mete nka wɔ me komam no da adi wɔ m’anim.”
ƆTEMMUFO: “Dɛn nti na wopow sɛ wobɛhyɛ asraafo atade na woako abɔ wo man ho ban?”
ONUA NO: “Migyina asenni bagua yi anim esiane pow a mepow sɛ mɛhyɛ asraafo atade ara kwa nti. Minni bɔne foforo biara ho fɔ. Mete nka sɛ ɛmfata sɛ Onyankopɔn mma mu biako hyɛ atade a egyina hɔ ma nitan ne ɔko. Ade koro no ara nti mepow sɛ mede agyiraehyɛde bɛkyekyere me nsa na mayɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ ɔko ho nneɛma. Mepɛ mmom sɛ wobebu me sɛ Onyankopɔn mma mu biako denam asomdwoe a meyi adi akyerɛ me yɔnko nipa so.”
ƆTEMMUFO: “So ɛyɛ ampa sɛ woworɔɔ wo ho biribiara ma ɛkaa w’atade a ɛwɔ ase no nkutoo bere a woda afiase wɔ Cuneo no?”
ONUA NO: “Yiw, Me Wura, ɛyɛ nokware. Mprɛnsa no wɔhyɛɛ me de atade no hyɛɛ me, na miyi guu hɔ mprɛnsa. M’ahonim mma me kwan sɛ mepira me yɔnko. Masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ ama afoforo yiyedi na mmom meremma me nsa so mpira me yɔnko nipa, efisɛ Onyankopɔn, denam ne honhom kronkron no so, kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko nipa, ɛnyɛ sɛ yɛbɛtan no.”
ƆTEMMUFO: “Sukuu bɛn na wokɔe?”
ONUA NO: “Ɛno ho nhia. Masua Bible no!”
ƆTEMMUFO: “Bua asɛm a merebisa wo no. Mfe ahe na wode kɔɔ sukuu?”
ONUA NO: “Mfe abiɛsa, nanso mesan ka bio sɛ ɛno ho nhia, sɛ mede toto ntetee a manya wɔ Kristo sukuu mu no ho a!”
ƆTEMMUFO: “Ɛyɛ awerɛhow sɛ wuhyiaa nnipa bi a wɔde wo afa ɔkwammɔne so. Bere tenten ahe na wode asua saa nhoma a wofrɛ no ‘Bible’ yi?”
ONUA NO: “Mfe asia, na nea ɛyɛ me yaw ne sɛ mamfi ase ntɛm!”
ƆTEMMUFO: “Hena na ɔkyerɛkyerɛ wo ɔsom foforo yi?”
ONUA NO: “Onyankopɔn ankasa kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo. Asuafo a wɔn ho akokwaw aboa me ma mate Bible mu nokware ahorow ase, nanso Onyankopɔn nkutoo na otumi bue yɛn ntease ani.”
ƆTEMMUFO: “So wunim aniberesɛm a wo atuatew suban yi yɛ? So wo gyinaesi no mu yɛ den araa ma wubetumi agyina nea ɛde bɛba ano?”
ONUA NO: “Yiw, migye di saa. Masiesie me ho sɛ mehyia nea ɛbɛba biara. Sɛ wobu me kumfɔ mpo a, meremmu ɛbɔ a mahyɛ sɛ mɛsom Awurade akodu awiei no so.”
Eyi akyi no aban ananmusifo wɔ asenni no mu no kae sɛ wɔmfa onua no nkɔto afiase mfirihyia anan ne asram anan, na afei eduu mmaranimfo a ɔredi onua no asɛm ama no no so sɛ ɔkasa. Mmaranimfo no sɔre gyinae na odii yɛn nua no suban ho adanse fɛfɛ, kae sɛ, sɛ anka wɔde no bɛkɔ akɔto afiase no, ɛsɛ sɛ wɔn ani gye ɔbarima a ɔte saa ho esiane n’akokoduru ne ne nokwaredi ma Onyankopɔn nti. Ɔdaa no adi sɛ onua no ampɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi atia n’ahonim denam Bible mu ahyɛde a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yekum nipa no so a obebu so. Na ɔreyɛ osetie ama Onyankopɔn mmara.
Afei atemmufo no sɔree simma anum na wɔsan baa asennibea hɔ bɛkenkan wɔn atemmu no. “Wɔabu Remigio Cuminetti fɔ sɛ wɔmfa no nkɔto afiase mfe abiɛsa ne asram abien esiane Ɔhene no ne ɔman mmara anim atua a ɔtewee nti.” Yɛn nua no daa wɔn ase a na n’anim serewserew! Afei Ɔtemmufo no bisae sɛ ɔwɔ biribi ka bio anaa. Onua no buae sɛ, “Pii wɔ hɔ a metumi aka wɔ Onyankopɔn dɔ ne n’atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa ma adesamma no ho.’” Ɛna otemmufo no kae ntɛm ara sɛ, “Yɛate ɛno ho asɛm pii dedaw. Mibisa asɛm no bio. Wowɔ biribi ka bio wɔ atemmu no ho?” Yɛn nua no de ahotoso buae sɛ, “Dabi, meka bio sɛ masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ ama afoforo yiyedi na mmom meremma me nsa so mpira me yɔnko nipa!” Eyi ne asɛm a wodii no awiei.
Bere a yɛbɛn awiei koraa no na Gog a ofi Magog ntoa no (Hes. 38:10-18) wɔ yɛn adwene mu no, ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 15:19, a ese, ‘Monyɛ wiase no fã’ no. Sɛ ‘yɛrenyɛ wiase no fã’ no kyerɛ nso sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ‘ne nnipa nyinaa atra asomdwoe mu,’ a ntawntawdi a ɛwɔ wiase wɔ nna a edi akyiri yi mu no mfa ho. Bere a wiase yi “honhom” redi dwuma wɔ aman nyinaa mu, a mmofra so na Satan de n’ani asi kɛse no, ɛho hia kɛse sɛ awofo susuw Kristofo nnyinasosɛm a ɛfa wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ amansɛm mu ne hia a ehia sɛ wɔne nnipa nyinaa tra asomdwoe mu no ho kyerɛkyerɛ wɔn mma no yiye.
Na sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mmofra kyerɛkyerɛ wɔn gyinabea no mu wɔ atumfoɔ anim a, ɛsɛ sɛ awofo Kristofo a wɔte saa siesie wɔn ho sɛ wobegyina wɔn akyi, nanso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔkasa wɔ atumfoɔ anim wɔ ɔkwan bi so a ɛda gyidi a wɔn ankasa wɔ wɔ nea Kyerɛwsɛm ka wɔ wɔn gyinabea no ho adi, na wɔnnkasa te sɛ nea wɔreyɛ biribi a wɔn awofo hwehwɛ ara kwa. Gyinae pa biara a mmofra no asi no, wosii esiane sɛ wɔn awofo a wɔyɛ Kristofo tiee ahyɛde a Onyankopɔn de ama sɛ wɔmfa N’Asɛm nkyerɛkyerɛ wɔn nti. (Efe. 6:1-4; Deut. 6:6, 7) Enti ɛbɛyɛ papa sɛ awofo gyina wɔn mma akyi wɔ wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ amansɛmdi mu no ho bere a ɛho hia. Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ma wɔtee Bible mu nokware a ɛfa asɛm no ho ase. Ɛno ne nokware no, ɛyɛ wɔn asɛyɛde na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Bere a Onyankopɔn ho dɔ wɔ yɛn koma mu sɛ yebetie no na yɛwɔ yɛn yɔnko nipa ho dɔ sɛ yɛbɛyɛ no yiye na yempira no no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛde anigye bekura yɛn gyinabea a ɛne sɛ yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ ntawntawdi a ɛrekɔ so no mu, wɔ nhyɛso ase mpo, sɛnea onua yi yɛe ne sɛnea asomafo no yɛe, na’ Yesu Kristo ankasa yɛe no. (Aso. 5:40, 41; Luka 23:34) Osuahu ahorow yi a yɛbɛma atra yɛn adwene mu no bɛboa yɛn ma yɛatie Kyerɛwsɛm mu afotu yi: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Rom. 12:18.