Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/82 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 5
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 12
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 19
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 26
Yɛn Ahenni Som—1982
km 9/82 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 5

Dwom 116

5 min: Nnianim asɛm ne asafo mu nkaebɔ ahorow. Si asɛnka adwuma nhyehyɛe so dua na hyɛ Memeneda a ɛto so abien wɔ ɔsram no mu nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa a wobenya ho nkuran. So wɔde asɛnka adwuma nkontaabu nyinaa aba?​—Luka 16:10.

15 min: Asɛm “Yɛn Nhoma Horow no a Yɛde Bedi Dwuma Nyansa Mu” ho nsemmisa ne mmuae. Kenkan kyerɛw nsɛm ahorow na ma wɔnkenkan nkyekyem ahorow a woapaw.

15 min: Wo ne asafo nsusuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ho tiaa. Afei ka nhoma a yɛde bɛma mu nsɛntitiriw a yebetumi de adi dwuma ho asɛm. Yɛn nyinaa nim Nokware nhoma no mu nsɛm yiye na ne saa nti ɛsɛ sɛ yetumi de kyerɛ wɔ afie afie wɔ ahotoso mu. Afei nso, nnipa pii a wɔwɔ asasesin no mu bisa nsɛm a ɛma ho mmuae fɛfɛɛfɛ. Te sɛ, Ɛhe na awufo no wɔ? So ahonhommɔne wɔ hɔ? Dɛn nti na Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan? Ɔkwan bɛn na obi betumi afa so ahu nokware som no, ne ɔkwan bɛn na wɔfa so bɔ mpae ma Onyankopɔn tie? Ne afoforo pii! Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛdenam nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ so no asafo no betumi de saa nhoma yi dodow biara a ɛwɔ hɔ no ama. Nanso ɛno yɛ adwuma no fa ara kwa. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ sɛ wobefi ofie Bible adesua ase na wɔmmoa wɔn mma wonnya nkɔso mmɛyɛ asuafo afoforo.

10 min: Ɔkasa a egyina February 8, 1982, Engiresi Nyan! mu asɛm, “Honhom Kronkron Redi Dwuma Nnɛ,” wɔ kratafa 10 so.

Dwom 16 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 12

Dwom 31

7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow, sika nkontaabu amanneɛbɔ.

10 min: Asɛm “Nsasesin a Wɔntaa Nyɛ mu Adwuma ne Nea Wɔmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa mu Dwumadi” ho nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmoa asafo no wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi mu. Afei nso, wɔhyɛ ankorankoro nkuran sɛ wɔnyɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu sɛnea wɔakyerɛ no. Ɛde rekɔ awiei no, kyerɛ sɛnea asafo betumi de n’adwene akɔ n’ankasa n’asasesin mu adwuma yiye a wɔbɛyɛ so.

12 min: Asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ wɔ “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—‘Wɔn a Wonni Fie’ Ho Dwumadi” ho. Fa nsɛm a efi October 1981 Yɛn Ahenni Som mu, kratafa 3 ka ho.

16 min: “Kɔ So Boa Wɔn a Wɔbaa Nkaedi No.” Nhoma adesua sohwɛfo ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Wo ne adawurubɔfo anaa adesua so ahwɛfo afoforo mmɔ nkɔmmɔ tiaa wɔ nea wɔayɛ sɛ wɔde bɛboa wɔn a wɔbaa Nkaedi no ho.

Dwom 15 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 19

Dwom 8

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow.

15 min: Mfe kakraa a atwam yi mu no, nnipa pii de wɔn ho abɔ nokware no, ma ebia wɔaba nhyiam horow bere tenten bi anaasɛ mpo wɔabɛyɛ adawurubɔfo, nanso afei wɔsan akyi esiane biribi nti. Ɔpanyin betumi ama ɔkasa na wasi May 1, 1982 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu asɛm ‘Monsan Mmra Mo Akra So Hwɛfo no Nkyɛn’ mu nsɛntitiriw so dua. Hyɛ nhoma adesua so ahwɛfo nkuran sɛ wɔmmoa ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔkyerɛwfo wɔ nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ma wɔakɔsrasra wɔn a ebia wobenya saa asɛm yi ho anisɔ no mu. Yɛpɛ sɛ yɛde gyaw wɔn na sɛ ɛbɛyɛ yiye a yɛne wɔn sua na yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔba nhyiam horow. Ɛdenam ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔkyerɛwfo no a yɛne wɔn bɛbom adi dwuma so no, ɛremma sɛ nnipa pii de wɔn adwene bɛkɔ obiakofo so. Nanso, ɔdawurubɔfo biara a onim obi a ohia mmoa no betumi aka akyerɛ ɔkyerɛwfo no na ani ampa obiara so a adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw nyɛ ɔyɛkyerɛ abien mfa nkyerɛ sɛnea wɔde nsentitiriw a ɛwɔ asɛm no mu no di dwuma. Biako betumi akyerɛ ɔdawurubɔfo a ɔregyaw nsɛmma nhoma na ɔrehyɛ onii a na anka ɔne yɛn bɔ fekuw no nkuran sɛ ɔnkenkan na ɔmmra nhyiam horow, ma ebia wadan akɔ Mmebusɛm 2:20-22 de akyerɛ hia a ehia sɛ yɛbɛn Yehowa. Ɔyɛkyerɛ foforo no betumi akyerɛ ɔdawurubɔfo a wɔreto nsa afrɛ no sɛ ɔmmra mu, ɔde nsɛmma nhoma rema na ɔrehyɛ nyansa sɛ wonnye bere kakra nsusuw asɛm no ho. Afei ɔdawurubɔfo kɔ asɛm no sua so sɛnea bere bɛma kwan.

25 min: Ɔpanyin, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nea ɔyɛ agya ne asafo no bɔ asɛm “Mo ne Nnipa Nyinaa Ntra Asomdwoe Mu” a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu ho nkɔmmɔ. Twetwe atiefo nyinaa bra nkɔmmɔbɔ mu. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛda onua a ɔrebua nsɛm a ɔtemmufo bisa adi. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo yɛ pintinn nanso ɔkyerɛ obu ne odwo. Hyɛ anuanom nyinaa, titiriw awofo nkuran sɛ wonsiesie wɔn ho ne wɔn mma mma mmere a emu yɛ den a ɛda anim.

Dwom 11 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 26

Dwom 51

7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Adwuma a asafo yɛe wɔ ɔsram a etwaam no mu ho nsɛm. Afei, hyɛ Ghana Ɔsom Nkontaabu a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu nsow. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wommu akontaa ntɛm na wonnya afie afie dwumadi mu kyɛfa Kwasida a edi kan wɔ October mu no mu. Ne Teokrase Nsɛmmansɛmma.

38 min: Ɔkwan a Yɛbɛfa So De Nea Yesuae wɔ “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam no Ase no Adi Dwuma. Mo ankasa monyɛ nhyehyɛe mfa nti “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam ase kasa horow no mu, na munsi sɛnea yebetumi de nea yɛtee mo adi dwuma sɛ ankorankoro ne mmusua so dua. Si sɛnea nsɛm no ho wɔ yɛn mfaso so dua. Ka asɛm “Mmoa a Efi Soro” nso ho asɛm.

Dwom 102 ne mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena