Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/82 kr. 1-2
  • Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm No Nnam So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm No Nnam So
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • NNAMYƐ A YƐDE BƐKASA NNƐ
Yɛn Ahenni Som—1982
km 11/82 kr. 1-2

Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm No Nnam So

1 “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mat. 28:20) Saa asɛm a Yesu kae no de nkuranhyɛ kɛse ma Yehowa Adansefo sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so de nnamyɛ ka Onyankopɔn asɛm no.

2 Afeha a edi kan no mu no, Yesu asomafo no de nnamyɛ kaa Onyankopɔn asɛm no. Ná wakyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn ahenni no ne Yesu dwumadi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu ho ade. Ná wonim sɛ wɔwɔ asodi wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɛsɛ sɛ wodi adanse, na wɔyɛɛ no nnam so. Wohui sɛ esiane asɛm no a wɔsɔre tia nti, wobehyia ɔtaa. Ná Yesu aka akyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan.​—Yoh. 15:20.

3 Bere a wonim tumi kɛse a asɛm no benya wɔ nkurɔfo so no, asomafo ne asuafo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu de wɔn nkwa too asiane mu de kaa asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ na nnipa nyinaa ate Yesu ho asɛm. Wɔ Asomafo no Nnwuma ti 4 no, yehu sɛ asomafo no de nnamyɛ kasae wɔ sodifo no anim bere a na wɔredi wɔn asɛm no. Esiane sɛ na wonim hia a asɛm no ho hia nti, wɔbɔɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmma wɔn ahoɔden a wɔde bɛkɔ so aka asɛm no. Nkyekyem 29 se: “Na afei de, Awurade, hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm.” Afei dɛn na ɛbae? Nkyekyem 31 se: “Na wowiee asɔre no, nea wohyiae hɔ wosowee, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde nnam kaa Onyankopɔn asɛm.” Gyidi bɛn ara ni.

4 Nnam a wɔde kaa Onyankopɔn asɛm no nkyerɛ sɛ wɔde wɔn ho too wɔn ankasa ho so, hoahoaa wɔn ho anaasɛ wɔyɛɛ ahantan. Mmom no, ɔdɔ na ɛkanyan wɔn. Ná wɔadi suro a na wosuro no so, na na wɔanya ahotoso efisɛ na wonim sɛ wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde. Yehia akokoduru a ɛte saa ara nnɛ, na yebetumi abisa yɛn ho asɛm bi a ɛho hia: So yɛwɔ saa su yi?

NNAMYƐ A YƐDE BƐKASA NNƐ

5 Sɛ́ yɛde nnam bɛka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ yebenya ahotoso, ne awerɛhyem sɛ Yehowa gyina nea yɛreyɛ no akyi. Ɛno nti, ɛwɔ ntease horow abiɛsa a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnam: (1) Yenim sɛ nea yɛkyerɛkyerɛ no fi Bible mu na yenim sɛ ɛno ne nokware no; (2) yenim sɛ yɛreyɛ adwuma a Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ, na ne honhom no ka yɛn ho; na (3) nokware dɔ ka yɛn ma yɛda yɛn ho a yɛde ama Yehowa no adi na yɛboa yɛn yɔnko nnipa wɔ saa kwan yi so.

6 Esiane hwee a ɛmfa nkurɔfo ho nnɛ nti, ɛtɔ da bi a yehyia nnipa bi a wɔyɛ anibiannaso bere a yɛka asɛm wɔ afie afie ne bɔnnɔ so no. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de nnam ka asɛmpa no. Ebia yɛbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛsan akyi bere a yehyia obi a ɔyɛ anibiannaso no, nanso sɛ yɛyɛ saa a na ɛnyɛ Yesu asomafo no nhwɛso akyi na yɛredi ma yɛde nnam aka Onyankopɔn asɛm no.

7 Noa bere so no, nkurɔfo yɛɛ anibiannaso na wodii fɛw. Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ su horow a ɛte saa kwan. Noa gyee din sɛ “trenee kafo.” (2 Pet. 2:5) Ɛho hia sɛ yɛde nnam ka Onyankopɔn asɛm no. Ɛdenam saa yɛ so no yɛda yɛn nokwaredi ma Onyankopɔn ne ɔdɔ ma yɛn yɔnko nnipa adi.

8 November mu no yɛde New World Translation Bible no ne Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa no bedi dwuma. Yɛde nhoma abien yi dii dwuma ɔsram a etwaam no mu na yegye di sɛ ebedu saa bere yi moanya osuahu wɔ eyi a mode ka Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho de di dwuma no mu. Enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ mode Bible no ne nhomawa yi bedi dwuma nnam so ɔsram yi. Ɛdenam ahosiesie pa a mobɛyɛ so no, mubetumi aka Onyankopɔn din ne n’ahenni no ho asɛm akyerɛ obiara wɔ asasesin no mu nnam so.

9 Bere a yɛkɔ akyiri wɔ awiei bere yi mu no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no na yɛde kɔkɔbɔ a efi soro no ama. Yesu fii ase na owiee adwuma a Yehowa de maa no sɛ ɔnyɛ no. (Yoh. 17:4) Momma yɛnyɛ te sɛ ɔno, asomafo no ne Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no, na ‘yɛnkɔ so nka Onyankopɔn asɛm no nnam so’!​—Aso. 4:29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena