Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE APRIL 3
Dwom 103
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Kae adawurubɔfo ɔkasa titiriw a wɔbɛma no April 10 no. Momfa nsaano nkrataa nni dwuma kɛse dapɛn yi. Munnye pii sɛ ɛho hia a. Monto nsa mfrɛ wɔn a wɔbaa Nkaedi ase nyinaa.
18 min: “Fa Nhoma Foforo Bɔ Ahenni Nokware Dawuru.” Ɔkasa a nsemmisa ne mmuae ka ho. (Di kan bɔ adawurubɔfo amanneɛ dapɛn biako na wɔmfa Live Forever nhoma mmra mma nkɔmmɔbɔ yi.) Bere a mobɔ nhoma no afã horow ho nkɔmmɔ no oguamtrani betumi atwe adwene asi nkratafa bi so sɛ nhwɛso. Ɛbɛma yɛn nyinaa ahu nhoma no mu nsɛm yiye. Ɛsɛ sɛ oguamtrani siesie ne ho yiye ma ɛyɛ anigye sɛnea ɛbɛyɛ a adawurubɔfo behu bo a Live Forever nhoma no som na wɔde wɔn ho ahyɛ ne ma mu wɔ asasesin mu. (Kyerɛ anuanom sɛ wɔmfa Live Forever nhoma mmra bio dapɛn a edi hɔ.)
17 min: “‘Mmofra Bisa . . . ’—Nsɛm a Ekura Bible Mmuae Horow.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina January 8, 1983 Engiresi Nyan! mu asɛm so: Si hia a ɛho hia sɛ awofo de nsɛm yi di dwuma de boa wɔn mma honhom mu so dua. Epue wɔ Nyan! a ɛba biara mu. Hyɛ kyɛfa a wobenya wɔ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda a ɛto so abien wɔ ɔsram mu ho nkuran. Ebia yebenya hokwan ada ɔfã yi anaa nsɛm afoforo a ɛwɔ nsɛmma nhoma mu adi. Bɔ asɛnka nhyehyɛe ho nkae.
Dwom 10 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 10
Dwom 25
10 min: Asafo mu nkaebɔ, fa asɛnka adwuma ho nhyehyɛe ne sika akontaabu ka ho.
25 min:”Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Live Forever Nhoma So.” Wo ne atiefo mmɔ nkyekyem 1 ne 5 ho nkɔmmɔ. Afei mommobɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no so. Boa anuanom ma wonhu adwene titiriw a yɛpɛ sɛ ofiewura nya, ɛne sɛ Onipa betumi atra ase daa. Dwom 37:29 da nsɛntitiriw abiɛsa adi: (1) Treneefo nkutoo na wɔahyɛ wɔn nkwa ho bɔ; (2) wobenya nkwa wɔ asase so; (3) ɛbɛyɛ daa nkwa. Yesaia 55:11 kyerɛ sɛ daa nkwa ho bɔhyɛ nyɛ adaeso ara kwa, efisɛ Onyankopɔn asɛm yɛ nokware. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔmfa nsemmisa a ɛfata nni dwuma mfi Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ase wɔ ɔpon ano: So wɔbɔɔ onipa ara kwa sɛ onnyin na onwu? So ɛnyɛ onipa pɛ sɛ ɔbɛtra hɔ? So ɔdɔ Nyankopɔn bɛbɔ nnipa a wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛtra ase daa na afei ɔremma entumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ saa? Onipa yɛ n’ade wɔ owu ho ma ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ biribi a wamfa ammɔ no. Dɛn nti na onipa nkutoo na ɔwɔ daa nkwa ho adwene? Dɛn nti na onipa nkutoo na otumi susuw daakye ho? So ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ ɛsɛ sɛ onipa a ɔno na otumi nya nimdeɛ na ohu nneɛma a ɛsom bo no kɔ so tra ase? So ɛnyɛ nwonwa sɛ mmoa ne nnua bi tra ase kyɛ sen onipa? Nkɔmmɔbɔ a ɛwɔ atifi hɔ akyi no, wo ne atiefo nsusuw asɛnka a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 3-5 ho. Ka bo a sɛ́ yebehu nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ nkyekyem 3, na sɛ tebea no fata a yɛde adi dwuma som ho asɛm. Bere a moasusuw nkyekyem 3-5 ho no yɛ ɔyɛkyerɛ abien a wɔasiesie no yiye a egyina nkyekyem 3 ne 5 so. Fa nkyekyem 6 wie, hyɛ obiara nkuran na ɔmfa nsɛmpɔw yi nto n’adwene mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde Live Forever nhoma foforo bɛma ma atu mpɔn. Ma atirimpɔw atitiriw abien yi ntra w’adwene mu wɔ dwumadi yi mu, ɛne sɛ, adawurubɔfo a wobɛboa wɔn ma wɔde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no adi dwuma yiye na wɔde nhoma foforo no ama ma atu mpɔn.
10 min: Nsemmisa Afã. Wo atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ.
Dwom 40 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 11
Dwom 48
5 min: Asafo mu nkaebɔ, fa asɛnka adwuma nhyehyɛe ka ho.
15 min: “Nnɛyi Nnwom Horow a Aba So—So Ebetumi Anya Wo So Tumi?” (Engiresi Ɔwɛn-Aban January 15, 1983, nkratafa 7-10.) Ɔkasa a ɔpanyin a wobu no yiye ma. Nhyɛ nnwom ne nnwontofo pɔtee bi ho mmara. Fa Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a emu da hɔ ma. Kanyan atiefo ma wonsi wɔn ankasa gyinae a ɛne honhom kronkron nsusuwii hyia.
15 min: “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Denam Asafo Nhoma Adesua So.” Nsemmisa ne mmuae. Wɔde hyɛ ɔpanyin a ɔyɛ nhoma adesua sohwɛfo a ne ho akokwaw nsa. Hyɛ adawurubɔfo nkuran na wɔmmoa wɔn ho wɔn ho ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa Memeneda a ɛto so anan wɔ April mu a ɛreba yi.
10 min: Asɛnka Adwuma Mu Osuahu Ahorow a Ɛfa Live Forever Nhoma Ho. Bere a February ne April ɔfã a edi kan nkutoo mu na yɛde nhoma no ama wɔ afie afie no, ebia adawurubɔfo pii anya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a ɛfa nhoma no ho. Afei nso yɛn nsa kaa nhoma no wɔ yɛn “Ahenni Nokware” Ɔmantan Nhyiam no ase afe a etwaam na ebinom anya osuahu ahorow wɔ nhoma no ma ne abusuafo, nnamfo ne anigyefo a wɔne wɔn sua mu. Ɛbɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran sɛ yɛbɛte. Di kan yɛ osuahu ahorow ho nhyehyɛe ansa na nhyiam adu hɔ.
Dwom 72 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 24
Dwom 112
5 min: Asafo mu nkaebɔ, fa asɛnka adwuma nhyehyɛe ka ho.
10 min: “Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Nkanyan.” Nkɔmmɔbɔ. Hyɛ asafo no nyinaa nkuran ma wɔnyɛ nhyehyɛe nkɔ mo ɔmansin nhyiam na wɔmmoa anigyefo mma wɔn nso nkɔ bi.
15 min: Monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo ahiade ahorow te anaasɛ munsusuw “So Wowɔ Ɔdɔ ma Yehowa?” a ɛwɔ November 1, 1982 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu ho. Si hia a ɛho hia sɛ yɛbɔ Yehowa din ne Ahenni no ho dawuru nnam so wɔ baabi a yɛwɔ so dua.
15 min: Wo ne atiefo nsusuw February 1, 1983 krataa a ɛfa nhyehyɛe foforo a wɔfrɛ no “Controlled Stock” ho no ho. Munsusuw ɔkwan foforo a wɔfa so di nsɛmma nhomakra sika ho dwuma no ho. Afei nso sɛnea wɔhyehyɛ nsɛmma nhomakra kratasin no fɛfɛ a emu da hɔ na wɔahyehyɛ biribiara; ɛsɛ sɛ ɛyɛ abiɛsa, wɔde biako ma nea ɔrekra no, abien ma ɔkyerɛwfo anaa nea ɔhwɛ ne kra so; ne bo pɛpɛɛpɛ ne nea ɛkeka ho. Sɛnea bere ma kwan no, bua nsemmisa a ebia anuanom wɔ a ɛfa nsɛmma nhomakra anaa “Controlled Stock” nhyehyɛe foforo no ho. Kae atiefo nsɛmma nhomakra ɔsatu May ne June. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran na wɔmfa wɔn ho nhyɛ afie afie asɛnka mu May 1 na wɔmma wɔnkra Ɔwɛn-Aban.
Dwom 8 ne mpaebɔ.