Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/84 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 8
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 15
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 22
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 29
Yɛn Ahenni Som—1984
km 4/84 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE APRIL 8

Dwom 83

7 min: Nnianim asɛm ne asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma mu Kwasida, April 15 a ɛyɛ Nkaedi da. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa School nhomawa mmra ɔsom nhyiam dapɛn a edi hɔ.

25 min: “Ogye Nsiesiei no ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ.” Asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni hɔ sɛnea bere ma kwan. Ma kyerɛw nsɛm nkyerɛkyerɛmu mu nna hɔ yiye. Si mfaso a ɛwɔ Bible akenkan a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Nkaedi dapɛn mu a wobewie so dua. Ma asafo mufo nka mfaso a wɔn ankasa anya wɔ eyi yɛ mu nkyerɛ. Afei nso si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛto nsa afrɛ abusuafo, anigyefo, ne wɔn a wɔagyae adesua kɔ aba Nkaedi ase so dua.

18 min: “Hena na Ɛsɛ sɛ Odi Bi?” Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma a egyina asɛm a efi March 1,1983, Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 22, 23 so. Fa nsɛm a efi March 1 1982, Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 28, 29 ka ho.

Dwom 118 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 15

Dwom 27

13 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Afei nso munsusuw Nkaedi mu nsɛm ho. Nnipa dodow ahe na wɔbae? Atiefo mu baahe na wonyaa anigyefo afoforo anaa Bible adesuafo anaa abusuafo ma wɔne wɔn baa Nkaedi ase? Na April 1 ɔkasa titiriw no nso ɛ? Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ anigyefo yi den bio? Fa nkuranhyɛ a eye a ɛbɛma wɔde honhom mu mmoa foforo ama wie.

17 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Abusuafo.” Wo ne atiefo nsusuw emu nsɛntitiriw ho. Fa osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran ka ho sɛnea bere ma kwan.

15 min: Nea Yebetumi Ayɛ wɔ Nnapɔnnadi ne Afahyɛ Ahorow Ho. Asemmisa ne mmuae a wɔde di asɛm a ɛfa “Awodadi,” “Buronya” ne “Easter” ho wɔ School nhomawa nkratafa 17-19 ho dwuma. Fa nnianim asɛm a ɛwɔ “Nnapɔnnadi ne Afahyɛ Ahorow” ase wɔ kratafa 17 no di dwuma. Fa asɛm a ɛfa “Afe Foforo Da” ho wɔ kratafa 20 no nso ka ho. Si so dua sɛ yɛnsɔre ntia akyɛde a wɔde ma anaa di a yebedi yɛn ho yɛn ho ni. Kyerɛ sɛ, nea nnapɔnna ne afahyɛ horow yi fi abosonsom mu ne nea enti a Kristofo mfa wɔn ho nhyem no.

Dwom 96 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 22

Dwom 108

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.

20 min: “Munnya Ɔdɔ Pii Mma Mo Ho Mo Ho.” Ɔkasa. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, ma ɔwofo nyɛ emu nsɛntitiriw ho ɔyɛkyerɛ denam ne babarima anaa ne babea a ɔne no susuw hia a ɛho hia sɛ wosusuw afoforo ho no so.

15 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu Mu Nneɛma Afoforo.” Sukuu sohwɛfo ma ɔkasa a egyina asɛm no so a Our Ministry nhoma, nkratafa 72-74 ne Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe ma 1984 mu nsɛm a ɛfata ka ho. Si mfaso horow a yɛn nyinaa benya wom so dua, sɛ́ afei na yɛde yɛn ho ahyem anaasɛ yɛde yɛn ho ahyem mfe pii. Hyɛ da twe adwene si asɛm a ɛwɔ “Counsel and Remarks” ase wɔ sukuu Akwankyerɛ Ahorow mu no so.

Dwom 91 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 29

Dwom 58

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Twe adwene si nkaebɔ a ɛwɔ teokrase kalenda so ma May 6 no so. Afei nso di asafo mu nneɛma biara a ɛho hia ho dwuma.

15 min: Yɛn Mma a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔate Agyede no Ase. Fa July 1, 1983, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 8 ne 9 mu asɛm a ɛfa “Dɛn Na Yesu Wu No Kyerɛ Ma Yɛn?” ho no di dwuma. Ɔpanyin ne mmofra kuw bi bɔ asɛm ho nkɔmmɔ wɔ asɛnka agua so. Ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ hwɛ.

15 min: “1984 Afe Nhoma. Da Nkɔso wɔ Wiase Nyinaa Adi.” Nnianim tiaa a ɛyɛ anigye a egyina nkyekyem a edi kan so a ɛkyerɛ nkɔso ahorow a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye. Wo ne atiefo nsusuw nea aka no ho denam asemmisa ne mmuae so. Munsusuw nea mo asafo no atumi ayɛ besi saa bere yi wɔ ɔsom afe yi mu ho. Kamfo anuanom wɔ nnam a wɔde yɛ Ahenni adwuma no ho na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkenkan Afe Nhoma no sɛ ankorankoro anaa abusua akuw horow.

Dwom 110 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena