Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/83 kr. 1-4
  • Nokware No Ho Adanse A Yebedi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware No Ho Adanse A Yebedi
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NOKWARE A YƐDE BƐKƆ AKƆMA AFOFORO
  • LIVE FOREVER NHOMA A YƐDE BƐMA
  • Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Mɛnantew Wo Nokware Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • ‘Monkɔ So Nnantew Nokware No Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Onyankopɔn Nokwaredifo No A Yebesuasua No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 9/83 kr. 1-4

Nokware No Ho Adanse A Yebedi

1 Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn.” (Dw. 31:5) N’Asɛm ne ne mmara yɛ nokware. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn.” (Dw. 25:5) Nsakrae bɛn ara na ɛbɛba wiase yi mu sɛ obiara ka nokware na ɔnantew mu a! Biribiara nni hɔ a enti ɛbɛma obi rennye ne hokafo nni anaa obenya adwene sɛ wonni nokware wɔ adwuma ho nsɛm mu. Asennibea horow rennya adwuma kɛse a ɛne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkyerɛ nea ɔreka nokware no bio.

2 Nea ɛho hia yɛn nyinaa titiriw ne nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no a yebehu, efisɛ ekura daa nkwa ho bɔhyɛ. (1 Yoh. 5:13) Nanso na ɛte sɛnea Roma sodifo Pilato adwene mu ayɛ no basaa araa ma bere a otiee Yesu adanse a ɛfa N’Ahenni ne nokware no ho no obisae sɛ, “Dɛn ne nokware?” (Yoh. 18:36-38) Ɛmfa ho sɛ ɛyɛ nokware sɛ wanhu Yesu ho afobusɛm bi no, na ɛyɛ ne pɛ sɛ obetie nyamesomfo a wɔsɔretia nokware no. Yɛmpɛ sɛ yedi ɔkwan a ɔfaa so no akyi.

NOKWARE A YƐDE BƐKƆ AKƆMA AFOFORO

3 Te sɛ Pilato no, nnɛ nnipa pii nhu nokware ho adanse no bere a wɔde kɔma wɔn no. Afoforo sɔre tia. Nanso Yesu kae sɛ nnipa binom a wɔte sɛ nguanten bɛte ne nne bere a nnipa gyidifo de n’asɛm kɔma wɔn no. Sɛ yɛde honhom mu ahofadi ne nokware yi bɛkɔ akɔma nnipa a wɔte sɛɛ a, ɛho hia sɛ yekura Nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.​—2 Tim. 2:15.

4 Sɛ́ wobɛyɛ eyi no, so wugye bere siesie wo ho ma asɛnka? So wo ne afoforo yɛ adwuma wɔ asɛnka mu de ma wo mmɔdenbɔ ne ahokokwaw nya nkɔso? Dɛn na wubetumi ayɛ ama w’asɛnka no ayɛ anigye kɛse? Ade biako ne sɛ wubedi kan atĩ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu wɔ fie anaa bere a moahyiam ama asɛnka. Ɛnde wubehu nea ɛsɛ sɛ woka bere a wufi adi no. Ɛsɛ sɛ wunya nnianim asɛm a ɛyɛ anigye. So afoforo ani begye asɛm no ho? Boa w’abusua ma wonsiesie wɔn ho saa ara.

LIVE FOREVER NHOMA A YƐDE BƐMA

5 Yɛbɛtoa Live Forever nhoma a yɛde rema no so September mu. So akwan horow wɔ hɔ a yebetumi afa so de ama wɔ abɔnten ne afie afie? Yiw. Ebinom de nhoma no ama wɔ mmorɔn so adwumayɛ mu ma ayɛ yiye denam nnipa a wɔretwam​—a wɔkɔ wɔn nkyɛn na wodi adanse tiaa no so. Wɔaboa ebinom ma wɔaba nokware no mu esiane adanse a onua anaa onuawa bi dii wɔ adwuma mu bere a wɔregye wɔn ahome anaa wɔrekodidi nti. Onua bi yɛɛ adwene sɛ ɔde Live Forever nhoma no bɛma wɔn a ɔma wɔn nsɛmma nhoma daa. Ɔkyerɛwee sɛ, ‘Ɔbarima bi a mekɔ ne nkyɛn gye nsɛmma nhoma no nkutoo na watow ne pon mu. Da koro bi mede Live Forever nhoma maa no. Ogyei, na bere a mekɔɔ hɔ bio no ɔkae sɛ wakenkan nkratafa 35 a edi kan no. Afoforo pii hu nhoma no ara kwa na wɔpɛ bi.’ Dɛn nti na wunsusuw ho sɛ wode Live Forever nhoma no bi bɛma afipamfo, abusuafo anaa afoforo a wonnya mmɛsom Yehowa.

6 Sɛnea wunim no, September yɛ ɔsom afe foforo mfiase, 1984 ɔsom afe no. Yɛbɔɔ mmɔden dɛn wɔ 1983 ɔsom afe a afei ara na aba awiei no mu? Yɛde ahopere retwɛn August akontaabu no nyinaa afi asafo ahorow no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboaboa afe akontaabu no ano. Nneɛma nyinaa kyerɛ sɛ ayɛ afe a wɔadi nokware no ho adanse kɛse wɔ ɔman yi mu. Yɛde aseda ma Yehowa wɔ nea yɛatumi ayɛ a mmere a emu yɛ den a ɛrekɔ so yi mfa ho no ho. Yiw, monkɔ so nni nokware no ho adanse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena