Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/83 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 2
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 9
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 18
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 23
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 30
Yɛn Ahenni Som—1983
km 10/83 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 2

Dwom 80

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Asemmisa Afã. Kyerɛ asɛnka nhyehyɛe ma Memeneda a etia abien na ka nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛntitiriw ho asɛm tiaa.

20 min: “1984 Ɔsom Afe no Kwan a Yɛbɛhwɛ.” Nnianim tiaa a egyina nkyekyem abien a edi kan so akyi no, monyɛ nea aka no nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ na momfa nsɛm a ɛfata a efi Our Ministry nhoma no nkratafa 116-118 ntõam. Wɔ n’awiei mu no bisabisa adawurubɔfo a wɔabɔ asu foforo ne obi a wanya nokware no mu osuahu mfe bi nsɛm. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wobu botae horow a ankorankoro de si wɔn anim ne sɛnea wɔanya mfaso afi honhom mu botae horow a emu da hɔ na eye a wɔwɔ no mu.

15 min: Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a egyina “Ɛhe na Metumi Adan Akɔ Bere a Mewɔ Nsɛnnennen?” a efi July 8, 1983 Engiresi Nyan! mu so. Kae anuanom nso na wɔmfa September 8, 1982, Nyan! mmra dapɛn a edi hɔ.

Dwom 74 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 9

Dwom 18

12 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Munsusuw “1984 Kalenda” nso ho.

15 min: “Afɔre Horow a Yɛbɔ ma Yehowa.” Wubetumi adi nkyekyem abiɛsa a edi kan ho dwuma sɛ nnianim ɔkasa, na afei wo ne atiefo abɔ nea aka no ho nkɔmmɔ.

18 min: Siesie Wo Ho sɛ Wobɛma Mmuae Bere Nyinaa. Atiefo nkɔmmɔbɔ wɔ asemmisa a ɛtɔ bere bi a ɛsɔre wɔ asɛnka mu ho: So Yehowa Adansefo gye anwonwa kwan so akyɛde a ɛne kasa horow a wɔka, anaa honhom akyɛde afoforo di? Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie yɛn ho abua?

Ɔpanyin di nkɔmmɔbɔ anim. egyina Aid, kratafa 655 (Honhom Akyɛde Horow) ne kratafa 636 (“Kasa Horow”) so, afei nso September 8, 1982, Nyan! nkratafa 7 kosi 11. si nea edidi so yi so dua: Honhom akyɛde horow boae ma wɔde Kristofo asafo a edi kan no sii hɔ sɛ nea Onyankopɔn pene so. (Heb. 2:2-4) Kasa horow akyɛde maa Kristofo a na wɔwɔ hɔ Pentekoste 33 Y.B. tumi kasa kyerɛɛ Yudafo a wɔka amannɔne kasa. (Aso. ti 2) Ɔsomafo a Yesu apaw no tẽe nkutoo na na otumi de honhom akyɛde ma obi foforo. (Aso. 8:18: 19:6) Enti, bere a asomafo no wuwui no anwonwa kwan so akyɛde horow a wɔde ma no gyaee. Paulo kaa gyae a akyɛde horow a ɛte sɛɛ a kasa horow akyɛde ka ho begyae ho asɛm too hɔ. (1 Kor. 13:8) Kasa horow a wɔka nnɛ yɛ nea afoforo ntaa nte ase. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na ɛreyɛ wɔn mu adwuma. Wonhu agyiraehyɛde a ɛne ɔdɔ (Yoh. 13:35; 1 Kor. 13:13) ne wiase no ho a wɔtwe ho fi (Yoh. 15:19) wɔ kasa horow ne gyidi ayaresafo no mu na mmom wɔ Yehowa Adansefo mu. Adansefo kyerɛ ɔdɔ ma Yehowa nso (Mat. 22:37, 38) na wɔkɔ so wɔ asuafoyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no mu. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Wɔnam saa yɛ so kyerɛ sɛ wɔyɛ nokware Kristofo.

Dwom 62 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 18

Dwom 55

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de a ɛfata. Munsusuw asafo asɛnka adwuma akontaabu ma September ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran nso na wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda a ɛto so anan wɔ October mu.

18 min: “Asɛm a a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Anifere Kwan So.” Fa nsemmisa ne mmuae di ho dwuma. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm horow a wɔapaw sɛnea bere ma kwan. Ma atiefo nkyerɛ sɛnea wobedi tebea horow a ebia ɛbɛsɔre wɔ asɛnka mu ho dwuma wɔ anifere kwan so.

17 min: “Mɛyɛ Dɛn Anya obu Ama Me Ho?” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a ɛwɔ April 8, 1983 Engiresi Nyan! mu so. Hyɛ mmofra nkuran ma wɔne Yehowa nnya abusuabɔ pa. Ma adawurubɔfo nkumaa nka nea wobetumi ayɛ de ama abusuabɔ yi mu ayɛ den nkyerɛ sɛnea bere ma kwan.

Dwom 112 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 23

Dwom 17

7 min. Asafo mu nkaebɔ.

18 min: “Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Ɔkwampaefo?” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di ho dwuma. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm no bi sɛnea bere ma kwan. Tie nea daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo wɔ ka. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi totoo wɔn nneɛma yiye yɛɛ akwampaefo? Nhyira horow bɛn na wɔanya wɔ akwampae adwuma no mu? Ebinom pɛ sɛ wofi daa akwampae adwuma no ase wɔ ɔsom afe no mfiase, enti mprempren ne bere pa a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Gye akwammisa krataa fi ɔhwɛfo guamtrani anaa ɔkyerɛwfo hɔ.

20 min: “Mfaso a Yenya Fi Teokrase Ahobrɛase Mu.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde susuw Our Ministry nhoma no ti 2 ho, nkratafa 12 kosi 16.

Dwom 58 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 30

Dwom 10

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Nsɛmma nhomakra ho ahosiesie. Wo ne atiefo nsusuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ho tiaa, Kyerɛw sɛnea wobetumi de atõa nsɛntitiriw a ɛwɔ nsɛmma nhoma a aba foforo mu. Si dan a wɔbɛdan akɔ nsɛmma nhomakra so so dua. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien, biako fa obi a ɔkraa nsɛmma nhoma ho, na biako fa ofiewura a ogyee nsɛmma nhoma abien bere a wantumi ankra bi ho. Hyɛ adawurubɔfo nkuran na wɔmfa wɔn ho nhyɛ afie afie adwuma mu November 6 na wɔmfa adwempa nka nsɛmma nhomakra ho asɛm a kɔ a ne bo akɔ soro no mfa ho.

15 min: “Monkyerɛw Nto Hɔ!” Mpanyimfo baanu ntam nkɔmmɔbɔ a egyina August 8, 1983 Nyan! mu asɛm so. Munsi hia a ɛho hia sɛ yɛn nyinaa bedi akwankyerɛ yi akyi so dua.

15 min: Mommoa Wɔn a Wɔwɔ Abusuafo a Wɔatu Wɔn Afi Asafo no Mu. Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma a egyina “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ January 1, 1983, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu so, nkratafa 30 ne 31. Si hia a ɛho hia sɛ wobefi ɔdɔ mu ahyɛ nnipa a wɔatu wɔn abusuafo a wɔwɔ nokware no mu nkuran so dua. Wɔwɔ ahiade titiriw.

Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena