Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/84 kr. 1-2
  • Yɛ Wo Mma Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Wo Mma Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Awofo—So Mo Mma Renyin Honhom Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 2/84 kr. 1-2

Yɛ Wo Mma Asuafo

1 Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20) Adwuma biara nni hɔ a ɛho hia kɛse saa. Egye nkurɔfo a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abehu Yehowa na wɔadɔ no na wɔafi wɔn koma mu asom no. Awofo wɔ asɛyɛde foforo sɛ wɔbɛyɛ wɔn mma asuafo nso.​—Efe. 6:4.

2 Mmofra a wɔbɛyɛ wɔn asuafo gye nneɛma pii. Nea ehia titiriw wɔ eyi mu biako ne sɛ mobɛyɛ abusua Bible adesua daa dapɛn biara. Sɛ yɛne onigyefo resua ade a yesusuw ne nipasu ne ade biara a ebia ebesiw ne honhom mu onyin kwan ho. Yebisa no nsɛm na yetie nea ɔka no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu honhom fam nkuranhyɛ ko a ohia. Awofo a ɛho hia wɔn no de wɔn adwene besi mmofra no nsusuwii ne su horow so kɛse mpo.

3 Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani da hɔ na wohu biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔde nkakrankakra rekɔ wiase no mu. Sɛ ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo mpanyimfo ma yɛn ani da hɔ wɔ asiane yi ho a, mpɛn ahe ara na ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn mma renya nkɔso honhom fam. Sɛ mmofra mma mmuae wɔ nhyiam horow ase anaasɛ wɔkenkan mmuae tiaa fi nkyekyem mu bere nyinaa a, wohia awofo mmoa. Bere a moreyɛ abusua adesua no, ma wɔmpaw nkyekyem a wɔbɛma ho mmuae na boa wɔn ma wɔnyɛ saa wɔ wɔn ankasa kasa mu. Fa nsemmisa a ɛkyerɛ kwan di dwuma boa wɔn ma wonsusuw Kyerɛwsɛm mu nneɛma ho. Fa Yehowa papayɛ ne ne dɔ, ne bu a wobebu akontaa akyerɛ no wɔ nneɛma nyinaa mu no ho adwene hyɛ wɔn mu.​—Mmeb. 1:7.

4 Abofra no hyia nsɛm foforo da biara wɔ sukuu, bere a wɔresua ade ne wɔ ɔne mfɛfo sukuufo fekubɔ mu. Ɛnyɛ ne nyinaa na ɛho tew. Esiane sɛ wonni osuahu nti, ebia mmofra begye gyinapɛn ahorow a enye atom, na ebia wiase honhom no de nkakrankakra adidi nhyɛase a ɔwofo no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛto no ase. Da biara adwuma a ɛne sɛ wobehu nea wɔadua wɔ wɔn mma adwene mu, na wɔatutu nea enye no afi hɔ na wɔde nokware a ɛho tew a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no asi ananmu, da awofo so. Eyi gye nsusuwho pa pii ne ani a wɔma ekũ wɔn ho bere nyinaa wɔ awofo no fam, sɛ wɔbɛyɛ wɔn mma asuafo a.​—2 Kor. 10:4; Efe. 6:10-18; 1 Pet. 5:8.

5 Mprempren a wo mma no asan kɔ sukuu yi, so wode honhom mu akode a wohia na wɔde “adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no” asiesie wɔn? (Efe. 6:16) So wɔte nsɛm atitiriw a ebia wobehyia, te sɛ afã biara a Kristofo nni, frankaakyia, nnapɔnna ne adannandi, no ase yiye a wobetumi akyerɛkyerɛ mu wɔ nyansa mu akyerɛ afoforo? Bere a wɔrenyin no, so woresiesie wɔn ma wɔasisi gyinae a eye wɔ fekubɔ bɔne, nhyehyɛe a wɔyɛ fi adi, nnubɔne ne ahohwibɔ ho? Ɛrenyɛ mmerɛw, nanso ɛdenam mmɔden ankasa a wobɛbɔ so no, wubetumi aboa wɔn ma wɔanyin honhom mu wɔ mfe a wɔde kɔ sukuu no mu.​—Fil. 4:13.

6 Fa teokrase botae horow sisi wo mma no anim wɔ mfe a edi kan no mu​—daa akwampae adwuma, Betel som anaa asɛmpatrɛw adwuma. Hyɛ wo mma no nkuran ma wɔnyɛ akwampaefo aboafo wɔ akwamma bere mu. Hwɛ Hana ani ara a egyei sɛ onyaa Yehowa nhyira pii esiane sɛ ɔde n’abakan mae wɔ Yehowa som mu nti. (1 Sam. 2:18-21) Ɛnnɛ teokrase awofo pii ani agye sɛ wɔn mma no mu biako anaa baanu resom nokwaredi mu wɔ bere nyinaa som adwuma no fã bi. Wonim sɛ eyi yɛ ahobammɔ ma wɔn mma no, na ɛtew Yehowa din ho nso. Yehowa hyira wɔn a wofi koma nyinaa mu som no no kɛse. (Mmeb. 10:22) Hwɛ nyansa ara a awofo nyinaa a wɔhyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔde Yesu afotu a ɛne sɛ wɔmfa Ahenni nneɛma nni kan no bedi dwuma no wɔ.​—Mat. 6:33.

7 Akwan a ɛsen biara a wɔnam so tete abofra no biako ne nhwɛso. Nsɛm a nneyɛe a ɛne no hyia biara nka ho nnya tumi kɛse wɔ abofra so. Awofo ne nhwɛsofo titiriw a abofra suasua wɔn. Sɛ wohyɛ no nkuran sɛ ɔmfa Ahenni nneɛma nni kan a, ɛsɛ sɛ woda eyi adi wɔ wo nneyɛe mu na akã no yiye. Sɛ wɔrehyɛ abofra no nkuran sɛ ɔnyɛ ɔkwampaefo a, ɛnde na ɛsɛ sɛ n’awofo yɛ asɛnka adwuma no anibere so, yɛ nea wobetumi, na wɔyɛ akwampaefo boafo adwuma efi bere kɔ bere mu, sɛ ebetumi a. Wɔrentumi nnya abrabɔ ne ɔkasa gyinapɛn ahorow abien, a biako yɛ Ahenni Asa so de na biako yɛ fie de.

8 Ɛsɛ sɛ mofa abusua adesua aniberesɛm a moremma ɛnyɛ nea wɔyɛ no bi-ne-bi, a bere a biribi ammɛbom nkutoo na mobom sua ade. Awofo a wɔyɛ adwumaden de yɛ nhwɛso pa na enti ɛma wɔyɛ wɔn mma asuafo no betumi anya anigye bere a wohu sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ahyehyɛde no mu kɔ so yɛ den no.

9 Sɛ́ wɔbɛtete abusua wɔ nokware no mu yɛ asɛnnennen ankasa ma awofo wɔ nna a edi akyiri yi mu. Ampa “mmere a emu yɛ den” ni. (2 Tim. 3:1-5) Yehu sɛ wiase no rebɔ mmɔden sɛ ebemia yɛn mma no ma wɔayɛ sɛ ɛno. Yenim sɛ Yehowa betwa wɔn a wɔde wɔn ho bɔ wiase no afi hɔ. (Rom. 1:28-32) Ɛnde hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ yɛn mma asuafo te sɛ nea yɛyɛ adwumaden de boa yɛn yɔnkonom ma woso “nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba” no mu no!​—1 Tim. 4:8b.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena