Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/84 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 5
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 12
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 19
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 26
Yɛn Ahenni Som—1984
km 2/84 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 5

Dwom 57

10 min: Nkaebɔ a ɛho hia ne asafo mu de. Hyɛ nsɛmma nhoma dwumadi wɔ Memeneda a etia abien wɔ ɔsram mu ho nkuran. Sɛ bere ma kwan a, fa nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛm ka ho

20 min: “Otwa Adwuma no a Wobɛyɛ sɛ́ Akwampaefo Boafo.” Nsemmisa ne mmuae. Bisabisa wɔn a wɔyɛ akwampaefo aboafo ɔsram yi, anaa wɔn a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ bi March ne April mu no binom nsɛm, na gye nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea wobetumi ayɛ ho fi wɔn hɔ. Fa akwammisa nkrataa kyerɛ na to nsa frɛ adawurubɔfo ma wommegye.

15 min: “Nsakrae Horow Bi wɔ Nkratasin Ahorow a wɔde Di Dwuma Mu.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a ɔkyerɛkyerɛ nsakrae horow mu kosi baabi a ɛho hia a ɛho bɛba adawurubɔfo mfaso. Kae anuanom ma wɔmfa School nhomawa no mmra dapɛn a edi hɔ nhyiam.

Dwom 64 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 12

Dwom 73

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.

17 min: “Yɛ Wo Mma Asuafo.” Wo ne atiefo mmɔ asɛm ho nkɔmmɔ, na si hia a ɛho hia sɛ yɛde nyansahyɛ ahorow bedi dwuma ntɛm ara mprempren so dua. Bisabisa awofo binom nsɛm wɔ sɛnea wobedi nyansahyɛ ahorow no ho dwuma wɔ wɔn afi mu. Sɛ awofo a wɔatumi atete mmofra yiye a wodii adwene horow a ɛte sɛ nea wɔada no adi wɔ eyi mu no akyi wɔ hɔ a, bisabisa wɔn nsɛm.

20 mm: Munsusuw School nhomawa, nkratafa 5, 30 ne 31 ho. “Sukuu Nhyehyɛe no a Yebedi Aboa.” Titiriw no, ɛsɛ sɛ eyi yɛ ɔkasa a nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a ɛfa awofo asɛyɛde wɔ wɔn mma ho ka ho. Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn mma kɔto sukuu mu ara kwa na wɔma wiase mpanyimfo no hwɛ wɔn sukuukɔ no so. Asɛyɛde kɛse da awofo so wɔ wɔn mma nhomasua mu, sɛnea nhomawa no mpo ka no. Monkyerɛ akwan a eye a ɔwofo betumi afa so adi aboa sukuu nhyehyɛe no ma aboa ne ba nhomasua. Si hia a ɛho hia sɛ wɔne ɔkyerɛkyerɛfo no behyiam asusuw nsɛm ho so dua. Sɛ Ɔdansefo a ɔyɛ ɛna a wanya ne mma ɔkyerɛkyerɛfo a ɔne wɔn kasa mu osuahu wɔ hɔ a, ma ɔnyɛ sɛnea wobetumi ayɛ nhyiam a ɛho wɔ mfaso yi ho nhyehyɛe na wɔadi ho dwuma ɔyɛkyerɛ. Kae anuanom ma wɔmfa Our Ministry nhoma mmra dapɛn a edi hɔ.

Dwom 9 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 19

Dwom 66

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: Organized to Accomplish Our Ministry, nkratafa 41-54. Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw yiye ma, a nsemmisa ne mmuae a ɛfa nsɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa “Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo” ne “Mfaso a Ankorankoro Nya” ase ho titiriw ka ho, nkratafa 43-46.

15 mm: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Borɔn So Adansedi ne Nkurɔfo a Yɛbɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa So.” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Yɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wodi adanse wɔ borɔn so ne sɛnea wofi ase nya wɔn a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa ho ɔyɛkyerɛ tiaa.

5 min: Hyɛ nsɛmma nhoma adansedi Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram mu ho nkuran. Kyerɛ nea wobetumi aka ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma a aba foforo mu. Kae anuanom ma wɔmfa School nhomawa mmra ɔsom nhyiam dapɛn a edi hɔ.

Dwom 25 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 26

Dwom 94

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: “Yɛn Nkyerɛkyerɛ a Yɛbɛma Anya Nkɔso​—Denam Afoforo Ho Anigye Ankasa a Yɛbɛkyerɛ So.” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Ma nhwɛso horow a eye a ɛfa nea wobetumi ayɛ denam ani a wɔbɛma akũ Bible adesuafo ho, aboa atwe wɔn abɛn Yehowa ahyehyɛde no so ho.

10 min: Munsusuw “Nnapɔnna ne Afahyɛ Horow” a ɛwɔ School nhomawa mu ho. Fa asɛm yi nnianim nsɛm ne nea ɛfa Halloween ne All Saints Day ho no di dwuma: wubetumi ada nsɛm afoforo a efi yɛn nhoma horow mu adi.

10 min: Osuahu ahorow wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma a wɔde ma (anaa Bible adesua a wofi ase anaa wɔyɛ wom) ho. Di kan siesie osuahu ahorow no. Kae anuanom ma wɔmfa School nhomawa mmra bio dapɛn a ɛdi hɔ.

Dwom 82 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena