Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/84 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 6
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 18
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 20
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 27
Yɛn Ahenni Som—1984
km 5/84 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE MAY 6

Dwom 77

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Twe adwene si nkaebɔ a ɛwɔ teokrase kalenda so ma May 12 no so.

22 min: “Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwa Mu.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di nea ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho dwuma fi mfiase kosi asɛmti ketewa, “Nea Wubetumi Ayɛ” so. Kenkan nkyekyem atitiriw sɛnea bere ma kwan. Ma wɔmfa nsɛntiaa nkyerɛ nea enti a yebetumi ama yɛn ani agye wɔ Ɔwɛn-Aban kra ho asɛm a yɛka no mu.

18 min: “Tete W’adwene Tumi Horow No.” Ɔkasa. Fa simma 5 ɔyɛkyerɛ ka ho wɔ nkyekyem 7. Abeawa a onnii mfirihyia 20 bisa n’agya sɛ ebia obetumi akɔ n’agya nua ba ayeforohyia wɔ asɔredan bi mu no ase. Obisa sɛ ebia Asafo ti bɛpene so. Ɔhyɛ nyansa sɛ n’agya mmisa wɔ telefon so anaa ɔnkyerɛw wɔn. Agya boa no ma ohu sɛ Yehowa ani a yɛbɛsɔ na yɛpɛ. Asafo ti de akwankyerɛ horow ama dedaw. Oyi 1971-1975 Index Asɛmti “Ayeforohyia, wiasefo de ase kɔ” no twe adwene si December 15, 1974 Engiresi Ɔwɛn-Aban nkratafa 766-7 so. Ɔka kyerɛ no sɛ ɔnkenkan asɛm no na sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ ara a ɔnka nkyerɛ no. Ɔkasafo de ba awiei denam kyerɛ a ɔkyerɛ bo a Ɔwɛn-Aban no som so. Momma yɛmmoa yɛn mfɛfo ma wonhu bo a ɛsom sɛ wɔbɛkra bi wɔ May ne June mu no. Simma biako adeyɛ a wɔde wie a abeawa no ka sɛ Asafo no nka sɛ worentumi nkɔ, nanso bere a wahu asiane horow a ɛwom no nyinaa akyi no wasi gyinae sɛ ɔrenkɔ.

Dwom 78 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 18

Dwom 68

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de a ɛfata. Fa sika akontaabu ho amanneɛbɔ ka ho.

23 min: “Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwa Mu.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di nea ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa nsɛmma nhoma ho no ho dwuma fi asɛmti ketewa, “Nea Wubetumi Ayɛ” so kosi asɛm no awiei. Kenkan nkyekyem atitiriw sɛnea bere ma kwan.

12 min: “Fa Nhoma Foforo no Boa Afoforo.” Nsemmisa ne mmuae.

Dwom 85 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 20

Dwom 49

18 min: Asafo mu nkaebɔ. Twe adwene si nkaebɔ a ɛwɔ teokrase kalenda so ma May 26 no so. Fa bere a aka no di asafo mu nneɛma biara a ɛho hia ho dwuma.

20 min: Ɔkwan Bɛn So na Yɛreboa Ɔdan no Si? Mmusua abien susuw Asafo ti krataa AB: BL January 19, 1984 a ɛfa baa dwumadibea dan foforo ho no ho. Ɔdan no si anya nkɔso kɛse fi bere a wɔkyerɛw krataa no. Wogu so regu adum a ɛbɛyɛ te sɛ mpuran a wɔbɛto abansoro adan no asi so no. Sodikuw no ama kwan sɛ wɔnto abansoro biako a adan 12 na ɛwom nka ho. Afei de yebenya adan 86 a Betel adwumayɛfo 72 bɛtra mu. Nea na ɛho yɛ den kɛse ne nsu, nanso anuanom tuu abura kɛse fɛfɛ bi wɔ ha na enti nsu pii fi mu ba. Yehia afiri a eye a ɛbɛbɔ nsu no aba soro. Anuanom reyɛ adwumaden; nkɔso da adi.

Munsusuw ɛho sikasɛm no ho. Krataa no kae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wode akyɛde bi ma wɔ adwuma yi ho a, wubetumi de nea wowɔ biara amana Watch Tower Society, anaasɛ wubetumi de wo ntoboa no ama denam w’asafo no so. Sika biara nni hɔ a ɛyɛ ketewa.” Dɛn na yɛreyɛ wɔ eyi ho? Yehowa ama yɛn ɔpɛ honhom ne ayamye koma. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛho hia sɛ Asafo no bɛsrɛ sika. Ɛyɛ hokwan a yɛn nyinaa anya sɛ yebefi ɔpɛ ne ayamye mu aboa ma wɔasi ɔdan no. Pii adwenem yɛ wɔn naa sɛ ebia yebetumi asi awie esiane nneɛma bo a ɛrekɔ soro no nti. Hwɛ sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔwɔ koma a ɛpɛ no mmɔdenbɔ so ma ɛyɛ nwonwa.​—2 Kor. 9:7; 8:10-12; Mal. 3:10.

Krataa no kaa boseabɔ nhyehyɛe nso ho asɛm. Anuanom mmarima ne mmea kakraa bi abɔ mmɔden wɔ eyi ho. So wubetumi abɔ Asafo no bosea ¢500 anaa nea ɛboro saa wɔ ɔdansi adwuma no ho? Onua biako kae sɛ: “Sɛ Asafo ti no pɛ sɛ yɛbɔ no bosea a ɛyɛ ¢500 a, ɛnde na mmoa a ohia no yɛ kɛse ampa!” Yiw. mmoa a yehia no yɛ kɛse! So wobɛboa? Hu mo ɔhwɛfo guamtrani no na gye boseabɔ kratasin no bi.

MA oguamtrani: Wubetumi de amannebɔ ahorow a ɛfa Italy ne Spain ɔdansi adwuma ho mu nsɛntitiriw a ɛho hia aka ho wɔ December 15, 1983 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 10-13 ne March 1, 1984 Engiresi Ɔwɛn-Aban nkratafa 9-12. Yɛsrɛ wo, hwɛ sɛ woremma ɛnyɛ te sɛ sika srɛ anaa wobɛka asafo anim, sɛ mmoa no nyɛ nea ɛreba kɛse a. Ma wɔn nyinaa nnya anigye ne nkate wɔ ɔdansi adwuma no ho na kyerɛ teokrase hokwan a yɛn nyinaa, mmofra anaa mpanyin, adefo anaa ahiafo, wɔ sɛ yebefi ayamye mu aboa ma wɔawie adwuma no.​—Ex. 33:4-9; 36:4-7.

12 min: “Yɛn Nkyerɛkyerɛ a Yɛbɛma Anya Nkɔso​—Denam Nsɛntitiriw a Yɛbɛma Ada Adi So.” Ɔkasa. Yɛ ho nhwɛso wɔ mprempren nhoma adesua mu nsɛm anaa Kwasida Ɔwɛn-Aban adesua mu.

Dwom 111 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 27

Dwom 25

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Asan Akɔ Nsɛmma Nhomakrafo Nkyɛn.” Nsemmisa ne mmuae. Wɔ nkyekyem 4 ne 5 no, kyerɛ nsɛm pɔtee a ɛwɔ nsɛmma nhoma a aba nnansa yi mu, anaa yɛ ho ɔyɛkyerɛ tiaa.

12 min: “Anigye a Yebenya wɔ Kokoam Adesua Mu.” Ɔkasa.

8 min: Ɔkasa. Anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa bɛyɛ adwuma a wɔakyerɛ wɔ teokrase kalenda so ma June 3 no. Hyɛ asafo nkuran na wɔnka wɔn nuanom a wɔwɔ aman afoforo so no ho na wɔnam saa yɛ so aboa de ‘ɔsom kronn ama awia ne anadwo.’ (Adi. 7:15) Tĩ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti mu tiawa na kae asafo sɛ yɛretoa Ɔwɛn-Aban kra no so wɔ June mu.

Dwom 9 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena