Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi
1 Dɛn nti na Bible no anya tumi kɛse wɔ nnipa ɔpepem pii asetra mu mfe ɔhaha pii saa? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ ekura akwankyerɛ a efi onipa bɔfo no hɔ. (Dw. 19:7-11; 119:105) Bible akyerɛwfo no ankasa di adanse sɛ Kyerɛwnsɛm no nnam wɔn ankasa mmɔdenbɔ so na ɛbae na mmom ɛnam Onyankopɔn ahoɔden so. (2 Sam. 23:2) Sɛnea honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan no na wɔkyerɛwee.—2 Pet. 1:20, 21.
2 Bere a yesua na yɛde nsɛm a wɔkyerɛwee wɔ honhom kronkron akwankyerɛ ase no di dwuma no, yehu sɛ enya tumi wɔ yɛn asetra so. Yetumi hu eyi wɔ ɔkwan a aka nnipa pii ma wɔayɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn asetra mu ma ɛne Onyankopɔn Asɛm ahyia no mu. Onyankopɔn Asɛm no aka mpempem pii ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa na wɔyɛ n’apɛde.
TUMI WƆ YƐN ASETRA MU
3 So Onyankopɔn Asɛm no wɔ tumi wɔ w’asetra mu? Ɛsɛ sɛ ‘yɛde nnam ka asɛm no’ na yɛma yɛn ho pere yɛn sɛ ɛbɛboa afoforo ma wɔasua ho ade pii. (Aso. 18:5) Paulo kyerɛwee sɛ: “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no, . . . mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma.” (1 Tes. 2:13) Onyankopɔn Asɛm no a wobesua no yiye ho hia na ama obi anya gyidi a ɛte sɛɛ. Ná Onyankopɔn Asɛm no redi dwuma wɔ Paulo asetra mu, bere a ɛkanyan no ma otuu n’asɛmpatrɛw kwan ahorow a na ɛyɛ den no, na ɔkaa Kristo ho asɛmpa no.—Rom. 15:19.
4 Sɛ Onyankopɔn Asɛm no benya tumi wɔ yɛn asetra mu a, ɛsɛ sɛ yehu nea ɛkyerɛkyerɛ na yɛde di dwuma. (Heb. 4:12) Ebinom bu wɔn ani agu akwankyerɛ a ɛde ma no so. (Efe. 4:25-32) Nanso wɔn a wodi Kyerɛwnsɛm no akwankyerɛ akyi no ne wɔn Bɔfo no nya abusuabɔ pa.
AFOFORO A YƐBƐBOA WƆN
5 So woahyia nnipa a wobisa sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ankasa? Ebinom ka sɛ ebetumi ayɛ nea efi “honhom mu” esiane sɛ akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw na wɔkyerɛwee nti, nanso wonnye nni sɛ efi Onyankopɔn hɔ ankasa. Ɛyɛ nnipa a wɔte sɛɛ ne afoforo nso asɛyɛde sɛ wɔbɛhwehwɛ Bible no mu ahwɛ, na wɔasɔ ahwɛ ahu sɛ ɛne nokware no ampa. (Yoh. 17:17) Bɛboro mfe 100 ni, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no aboa nnipa ahorow pii wɔ asase so nyinaa ma wɔayɛ eyi. Yɛn ankasa yɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no betumi aboa nnipa koma pafo ma wɔanya obu kɛse ne anisɔ ama Onyankopɔn Asɛm no ho adanse a ɛte ase. Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yegyae sɛ yɛbɛkamfo Bible adesua mmoa nhoma fɛfɛ yi akyerɛ afoforo? Dabida! Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde anigye kamfo kyerɛ.
6 Ɛnde, nea ɛfata no, yɛbɛkɔ so aka Ɔwɛn-Aban kra no ho asɛm wɔ afie afie wɔ ɔsram June mu. Yenyaa eyi yɛ mu osuahu wɔ ɔsram a etwaam no mu. Wɔ June mu no yɛanya Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo a ne ti ne sɛ “Anidaso Wɔ Hɔ a Wiase Ahoyeraw Fi 1914 Mfa Ho.’” Yɛn nsa nso aka April ne May Ɔwɛn-Aban no a ɛtwe adwene si nsɛm a esisii a ɛfa afe 1914 a ɛyɛ soronko no ho ne nea ɛkyerɛ no so no. Ɛsɛ sɛ eyinom nyinaa ma nsɛmma nhoma a yɛbɛma wɔakra bi wɔ asɛnka mu no yɛ anigye. Kae sɛ, nkuran a wɔrehyɛ wo ma woayɛ afie afie adwuma Kwasida biara a edi kan wɔ ɔsram no mu no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ afie afie adwuma no mu pɛnkoro pɛ wɔ ɔsram no mu. Yɛ no mpɛn pii sɛnea wubetumi ayɛ bere ho nhyehyɛe ama. Ɛma ɛyɛ mmerɛw na ɛyɛ anigye pii.
7 Ɛnyɛ nhoma a wode bɛma no ara kwa na ɛhia. Asemmisa no ne sɛ, So yebetumi aboa nnipa pii ma Onyankopɔn Asɛm no anya wɔne wɔn mmusua so tumi ne nkɛntɛnso pa sɛnea anya wɔ yɛn so no? Eyi hwehwɛ sɛ yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn na yɛama wɔanya ofie Bible adesua ho anigye. Ɛdenam sua a wobesua nokware no na wɔama nnipa komapafo no agye adi sɛ Bible no fi Onyankopɔn home mu no nkutoo so na ɛbɛkanyan wɔn ma wɔadi n’akwankyerɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no akyi. (Mmeb. 2:1, 20, 21) Sɛ yɛyɛ yɛn fam de a, yebehu sɛ tumi a Onyankopɔn Asɛm no wɔ no mu bɛkɔ so atrɛw wɔ yɛn asasesin no mu bere a afoforo yɛ wɔn aso mmerɛw ma gyidi no.—Aso. 6:7.