Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/84 kr. 1-2
  • Ma Yehowa Ayeyi Nyɛ Kɛse Wɔ March Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Yehowa Ayeyi Nyɛ Kɛse Wɔ March Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BIBLE ADESUA ASE A WUBEFI
  • HENANOM NA ƐSƐ SƐ YƐNE WƆN SUA ADE?
  • So Woka Bible Adesua ho Asɛm Kyerɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Yɛ Bible Adesua Ahorow wɔ Tra Ase Daa Nhoma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Ofie Bible Adesua Ho Nhyehyɛe A Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Sɛnea Wofi Ofie Bible Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 3/84 kr. 1-2

Ma Yehowa Ayeyi Nyɛ Kɛse Wɔ March Mu

1 Ɛfata sɛ yeyi Yehowa ayɛ! Ɛfata sɛ yɛhyɛ no anuonyam efisɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa a yɛn nso yɛka ho. (Adi. 4:11) Yɛn nkwa wɔ ne nsam. Yɛda no ase wɔ eyi ho na yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ wɔ ɔkwan biara a yebetumi so.

2 Ɔkwan bɛn so na wubetumi ama Yehowa ayeyi ayɛ kɛse wɔ March mu? Ɔkwan fɛfɛ biako ne sɛ wubenya kyɛfa kɛse wɔ Wubetumi Atra Ase Daa, nhoma no kyekyɛ mu. Ebia eyi behia sɛ woyɛ wo nhyehyɛe yiye, na woyɛ nsakrae ahorow bi wɔ wo da biara da nhyehyɛe no mu. Afei nso, kae na to nsa frɛ afoforo ma wɔne wo nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Titiriw no, bɔ mmɔden boa adawurubɔfo a ebia ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ afie afie asɛnka adwuma daa no.

3 Ada adi sɛ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no tu mpɔn titiriw wɔ ka a ɛka afoforo ma wobeyi Yehowa ayɛ no mu. Ɛnyɛ nokware atitiriw no nko na ɛde ma wɔ ɔkwan a emu da hɔ so na mmom ɛma wonya anisɔ ma Onyankopɔn su pa ahorow no nso. Monkɔ so mfa Bible adesua mmoa titiriw yi mma wɔ March mu.

BIBLE ADESUA ASE A WUBEFI

4 Ɔkwan foforo nso a yebetumi afa so ahyɛ Yehowa anuonyam ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden asan akɔ anigyefo a yenyaa wɔn wɔ asɛnka mu no nkyɛn. Nhoma a yɛde bɛma yɛ ne mfiase ara kwa. Botae no ne sɛ yebenya asuafo a wobetumi ne yɛn ayi Yehowa ayɛ. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 2:42, 46, 47 ho.) Bɔ mmɔden sɛ wubefi adesua ase. Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no ma adesuayɛ yɛ mmerɛw, na ɛma adawurubɔfo afoforo mpo tumi nya adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa. Ɔdawurubɔfo biako a na ɔnnyɛ Bible adesua biara ansa na nhoma no reba bɔɔ amanneɛ akyiri yi sɛ: “Mewɔ adesua horow abiɛsa na merebefi nea ɛto so anan ase. . . . Merentumi nna mo ase sɛnea ɛsɛ wɔ Bible adesua a moama ne yɛ ayɛ mmerɛw no ho.” So woabɔ mmɔden ankasa sɛ wubefi adesua ase wɔ nhoma yi mu? So woabɔ ho mpae? Sɛ wote nka sɛ wuhia mmoa a, so woabisa mmoa afi wo Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo anaa ɔdawurubɔfo foforo a ne ho akokwaw nkyɛn? Afoforo bɛpɛ sɛ wɔboa wo, na wɔ saa kwan yi so no, wo nso woama Yehowa ayeyi ayɛ kɛse.

5 Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no aboa ma Bible adesua dodow a yɛyɛ no anya nkɔso. Wɔ 1982 ɔsom afe no mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na yɛyɛ Bible adesua 24,960 ɔsram biara. Nanso, wɔ 1983 ɔsom afe no mu, bere a yefii ase de Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no dii dwuma wɔ asɛnka mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a yenyaa 26,887, dodow nkɔanim a ɛreyɛ adu ɔha biara mu 8, adesua foforo a ɛboro 1,900 ɔsram biara! Nnipa a wobetumi agye wɔn nkwa na yɛne wɔn reyɛ adesua horow yi. Nea ebefi mu aba awiei koraa no bɛyɛ nkɔso foforo wɔ nnipa a wɔde ayeyi ma Yehowa a ɛfata no no mu.

HENANOM NA ƐSƐ SƐ YƐNE WƆN SUA ADE?

6 Henanom na yebetumi ne wɔn afi adesua ase? Wɔ nea yɛne anigyefo a yenyaa wɔn wɔ afie afie adwuma no mu afi ase akyi no, yebetumi ne abusuafo nso afi ase. Hwɛ nea ɛbae bere a Andrea de anigye bɔɔ asɛmpa no ho amanneɛ kyerɛɛ ne nua Simon Petro no. (Yoh. 1:40-42) Anaa, so wo ne w’afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo anaa mfɛfo sukuufo akasa, aka Bible adesua ho asɛm akyerɛ wɔn? Esiane sɛ munim mo ho mo ho yiye nti, nea wubegyina so ayɛ saa no wɔ hɔ dedaw. Susuw hokwan ahorow yi ho wɔ mpaebɔ mu na yɛ nea ɛne w’adesrɛ no hyia.​—Mat. 7:7

7 Ebia wowɔ adesua ahorow pii a woyɛ dedaw. Sɛ wunya nnipa afoforo a wɔpɛ sɛ wosua a, dɛn na wubetumi ayɛ? Wubetumi afi adesua ase na woadan ama obi a ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ. Anaasɛ ebia wubetumi aboa obi ma wafi adesua ase. So wubetumi de obi aka wo ho bere a worefi adesua bi ase na wode nkakrankakra adan adesua no ama onii no? Wubetumi anya kyɛfa wɔ Yehowa ayeyi a wɔma ɛyɛ kɛse no mu wɔ akwan horow yi nyinaa so.

8 Ampa, Yehowa fata ayeyi. Susuw hokwan a wubenya de ayi no ayɛ ho da biara na fa di dwuma. (Dw. 145:2) Eyi bɛma yɛanya akomatɔyam kɛse mprempren. Na daakye nso ɛ? Ɛmmra sɛ yɛne nnipa a yɛboa wɔn no bɛfata, na yɛanya Yehowa a woyi no ayɛ daa no mu kyɛfa.​—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena