Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/84 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Na Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Na Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 2
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 9
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 16
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 28
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 30
Yɛn Ahenni Som—1984
km 9/84 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Na Yɛayɛ Asuafo

(MONHYƐ NO NSOW: Nnwom a wɔatwa ho no fi 1966 nnwom nhoma no mu.)

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 2

Dwom 200 (108)

8 min: Akwaaba ma ne asafo mu nkaebɔ. Ka asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no ho asɛm, si nsɛmma nhoma kyekyɛ so dua dapɛn awiei yi. Hyɛ atiefo nkuran ma wonnye asasesin ne nea wɔde bɛyɛ asɛnka adwuma no.

22 min: “Yɛ Nnipa Nyinaa Yiye.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Bere a mudi nkyekyem 7-10 ho dwuma no, bisa nyansahyɛ afoforo fi atiefo hɔ a ɛfa nea wobetumi ayɛ de aboa anigyefo afoforo, adawurubɔfo afoforo ne wɔn a wɔagyae asɛnka ne adesua kɔ ho.

15 min: Organized to Accomplish Our Ministry. Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma. Ma atiefo nnya mu kyɛfa. Fi ase wɔ asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 87 so kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 92 so. Ma obi mfi atiefo mu nka osuahu a onyae wɔ borɔn so adansedi anaa Bible adesua yɛ mu nkyerɛ. Kae atiefo ma wɔmfa Our Ministry nhoma mmra bio dapɛn a edi hɔ. Bio nso momfa 1984 Afe Nhoma mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.

Dwom 106 (55) ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 9

Dwom 133 (68)

8 min: Nkaebɔ ne asafo mu nkaebɔ.

17 min: “Teokrase Nsɛmmansɛmma.” Si Ahenni adwuma a emu kɔ so trɛw wiase nyinaa so dua. HYƐ NO NSOW: Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛboa anuanom ma wɔahu aman ahorow no wɔ asase mfonini a ɛwɔ 1984 Afe Nhoma no anim ne akyi no mu. Fa Ghana May ɔsom akontaabu a ɛwɔ August Yɛn Ahenni Som ne June de a ɛwɔ eyi mu no tõa mu. Afei nso munsusuw mo asafo mu Ahenni dwumadi akontaabu ho na kamfo anuanom wɔ wɔn adwuma pa a wɔayɛ ho.

20 min: Organized to Accomplish Our Ministry. Ɔkasa ne asɛm no ho nkɔmmɔbɔ fi kratafa 92, nkyekyem 2 kosi kratafa 100 nkyekyem 1. Hyɛ anuanom nkuran ma wɔmfa Our Ministry nhoma no mmra bio dapɛn a edi hɔ.

Dwom 220 (19) ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 16

Dwom 59 (31)

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.

12 min: Organized to Accomplish Our Ministry. Ɔkasa a sɛ ebetumi a ɔkyerɛwfo ma, fi kratafa 100, nkyekyem 2, kosi ti no awiei wɔ kratafa 110.

15 min: “Bere a Yɛde ‘Nya Anigye na Yɛyɛ Yiye.’” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Hyɛ adwene a ɛkari pɛ wɔ ahomegye mu ho nkuran. Mommɔ sɛnea wobetumi anya akwampaefo boafo mu anigye denam nhyehyɛe pɔtee a wɔbɛyɛ mprempren ho nkɔmmɔ.

10 min: Nea yɛde rema a wɔde dii dwuma wɔ adansedi mu ho osuahu ahorow. Fa Wubetumi Atra Ase Daa ne Bible Mu Nsɛm nhoma a wɔde ma anaa wɔde fi anaa wɔde yɛ Bible adesua ka ho. Ka nsɛm a eye a afoforo betumi de adi dwuma ho asɛm. Si nsɛm a eye a wobetumi aka ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma foforo a aba mu so dua na hyɛ atiefo nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa dapɛn yi awie. Kae anuanom ma wɔmfa Our Ministry nhoma mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.

Dwom 129 (66) ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 28

Dwom 165 (81)

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae anuanom ma wɔmfa School kratawa mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.

20 min: Organized to Accomplish Our Ministry (nkratafa 12782) Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma a ɛfa asɛm ho fi kratafa 127 kosi asɛmti ketewa so wɔ kratafa 130. Afei munsusuw afã a ɛne “Honam Fam Ahotew Hyɛ Yehowa Anuonyam” ne “Ahomegye” ho denam nsemmisa ne mmuae so. Ma onua a ne ho akokwaw nkenkan nkyekyem no nyinaa wɔ afã abien yi mu. Ka mu asɛm no bom tiaa fa wie.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Nnipa a Ɛsono Wɔn Kasa.” Asemmisa ne mmuae a wɔde bɔ ho nkɔmmɔ. Monkenkan nkyekyem ahorow no. Monkenkan kyerɛw nsɛm sɛnea bere ma kwan. Hyɛ ɔdawurubɔfo biara a onim anaa onnim akenkan nkuran ma onnya n’ankasa Good News For All Nations kratawa.

Dwom 212 (110) ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 30

Dwom 127 (64)

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no, na hyɛ afie-afie adansedi Kwasida a edi kan ho nkuran. Hyɛ nsɛm a ɛfata a wɔbɛka wɔ Happiness anaa Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye nhoma mu ho nyansa na hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonnye nea yɛde rema no bi anadwo yi, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mmra ntɛm ara.

15 min: “Yɛn Nkyerɛkyerɛ a Yɛbɛma Anya Nkɔso​—Osuani Koma Mu a Yebedu.” Asemmisa ne mmuae a wɔde di ho dwuma. Ma ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw yiye nyɛ akwan a wɔfa so du asuafo komam ho ɔyɛkyerɛ denam nsemmisa ne mmuae a ɛwɔ United in Worship nhoma kratafa 32, nkyekyem 8 a ɔde di dwuma so. Fa nsemmisa a edi kan ne nea ɛtwa to wɔ asɛm (1) ne asemmisa a edi kan wɔ asɛm (2) mu no di dwuma. Kyerɛ sɛnea wɔasiesie nsemmisa yi ma adu asuafo komam na ama wɔanya ho anisɔ.

20 min: “Dwumadi Afoforo a Wɔde Aka Sukuu Adesua Ho.” Ɔpanyin a ne ho akokwaw yiye di asɛm a ɛwɔ School kratawa nkratafa 22-5 ho dwuma. Wo ne anuanom nsusuw nea enti a ahyɛde a ese ‘yɛntwe yɛn ho mfi wiase no ho’ no yɛ nea ɛfa saa dwumadi yi pii ho wɔ nyansa mu. Boa mmofra ma wonhu mfaso a ɛwɔ akwankyerɛ a wɔde ama denam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so akyi a wɔde nokwaredi di so no. Bɔ mmɔden na ma mmofra nka nea ɛkɔ so a ɛfa saa dwumadi yi ho ho asɛm nkyerɛ, na si bo a twe a wɔbɛtwe wɔn ho som no so dua. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔrehwɛ so da adwene a emu dɔ na ɛkari pɛ adi wɔ asɛm yi ho dwumadi mu.

Dwom 65 (36) ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena