Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/84 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 7
Yɛn Ahenni Som—1984
km 10/84 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

(MONHYƐ NO NSOW: Nnwom a wɔatwa ho no fi 1966 nnwom nhoma no mu.)

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 7

Dwom 76 (41)

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de.

20 min: “Yɛn Guanhwɛfo a Ɔwɔ Ɔdɔ No a Yebesuasua No.” Nsemmisa ne mmuae. Monkenkan nkratafa ne kyerɛw nsɛm a ɛfata sɛnea bere ma kwan. Si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛboa Bible adesuafo ma wɔaba nhyiam ahorow na afei wɔasiesie wɔn ho nkakrankakra ama asɛnka no so dua.

15 min: “Anidaso Wɔ Hɔ a Wiase Ahoyeraw Mfa Ho.” Agya ne ne ba a onnii mfe aduonu susuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne ɔkasa a ɛwɔ asɛm a ne ti ne “Yɛn Guanhwɛfo a Ɔwɔ Ɔdɔ No a Yebesuasua No” nkyekyem 5 ho. Abofra ma ɔkasa no kyerɛ n’agya. Ɛno akyi agya de Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ma na bere a ɔde Happiness nhoma rema no ɔkenkan nkyekyem 25 a ɛwɔ kratafa 150 no. (Sɛ Asɛmpa nhoma no na wode rema a, wubetumi akenkan nkyekyem a edi kan wɔ ti a edi kan no mu no.) Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa da biara a eye wɔ mo asasesin mu dapɛn yi. Momfa Our Ministry nhoma mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ.

Dwom 114 (61) ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 14

Dwom 221 (31)

15 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Munsusuw Asemmisa Afã ho.

15 min: “So Woyɛ Ɔdansefo Kumaa ma Yehowa?” Nsemmisa ne mmuae. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm sɛnea bere ma kwan. Bisabisa mmofra a wɔrebɔ mmɔden yiye wɔ nneɛma ahorow a yɛaka ho asɛm no mu nsɛm. Bisa nhyehyɛe a wɔayɛ ama adesua ne asɛnka, ne afei wɔn ho a wosiesie ma nhyiam ahorow ne asɛnka. Wɔaboa pii ma wɔanya nimdeɛ ne ntease kɛse denam nhoma dedaw te sɛ “Wo Pɛ Nyɛ Asase So” ne “Mystery” ne Babylon nhoma no bi a wɔkenkan so. Bisa atiefo ma wɔnka mfaso a ɛwɔ nhoma dedaw ahorow a ɛte sɛɛ akenkan so ho asɛm. Hyɛ mmofra nkuran ma wonnya mfaso wɔ akenkan a ɛte sɛɛ mu. Sɛ adawurubɔfo nkumaa binom benya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse sɛ akwampaefo aboafo a, hyɛ afoforo nkuran ma wɔne wɔn nyɛ adwuma. Ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata nso sɛ wubetie nea awofo binom wɔ ka wɔ nea wɔreyɛ de aboa wɔn mma wɔ nsɛm yi bi mu.

15 min: Akwan Horow a Yɛbɛfa So Atrɛw Yɛn Som Mu. Our Ministry nhoma ti 9 ho a wosusuw. Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa bi) , ebetumi a ɔpanyin a n’ani gye hyɛ a wɔhyɛ afoforo nkuran ma wonya nkɔso ho di ho dwuma. Ka kyerɛ atiefo na wɔmfa Our Ministry nhoma mmra bio dapɛn a edi hɔ.

Dwom 157 (73) ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 21

Dwom 156 (82)

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Momfa Our Ministry nhoma mmra bio dapɛn a edi hɔ.

15 min: Organized to Accomplish Our Ministry. Asemmisa ne mmuae a wɔde di nkratafa 138-41 ho dwuma. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow sɛnea bere ma kwan. Fa ɔkasa tiaa a egyina nkyekyem abiɛsa a ɛwɔ kratafa 141 no so wie na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ wɔn ade ma ɛne Yehowa apɛde nhyia mfa nhyɛ no anuonyam.

20 min: “So Wo Yam Hyehye Wo ma Nkurɔfo?” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 6 ho a, kyerɛ nhyehyɛe a asafo no ayɛ a wɔde bɛyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa, anaa faako a ɛfata no, wɔn asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu adwuma tiaa.

5 min: Dapɛn awiei asɛnka adwuma. Hyɛ obiara nkuran ma onnya nsɛmma nhoma adansedi mu kyɛfa Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram mu anaa da biara wɔ dapɛn no mu a eye ma asasesin no. Twe adwene si Ɔwɛn-Aban ne Nyan! foforo a aba mu nsɛm a mmarima, mmea, mpanyin ne mmofra ani begye ho so. Yɛ nsɛmma nhoma foforo a aba a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 133 (68) ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 28

Dwom 15 (92)

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso, “So Wode Nkratawa Redi Dwuma Yiye?”

18 min: Sɛnea Wɔboa Ɔsom Adwuma No. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Our Ministry nhoma ti 10 so. Ma ɛmfa asɛyɛde a ɔdawurubɔfo biara wɔ sɛ ɔbɛboa wɔ sika fam ma wɔasi baa dwumadibea dan foforo wɔ Nungua no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma womfi ayamye mu mmoa ma wonwie adwuma no wɔ bere a ɛsɛ mu.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Borɔn So Adansedi a Ɛsow Aba So.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Bisa atiefo nea wɔahu sɛ ɛyɛ mmere ne mmeae pa a eye ma borɔn so adansedi wɔ asasesin mu. Yɛ sɛnea wobetumi de nsɛmma nhoma foforo a aba adi dwuma wɔ borɔn so adansedi mu ne nsemmisa a ɛyɛ tẽe a wobetumi de adi dwuma de akanyan ho anigye ho ɔyɛkyerɛ tiaa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka mu Kwasida a edi kan.

Dwom 192 (58) ne mpaebɔ a wɔe de wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena