Wo Abusua Asetra A Wobɛma Ayɛ Anigye
1 Ɛno ne nhoma a Sodikuw no apaw sɛ yensua wɔ yɛn Asafo Nhoma Adesua horow no ase fi September 2, 1984 kosi February 24, 1985 no ti. Ɛbɛma yɛanya nea yebegyina so asusuw nsɛm a ɛkanyan adwene kɛse na eye ho.
AHOSIESIE PA HO HIA
2 Eyi bɛyɛ nea ɛto so abien a yɛresua nhoma yi wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Wɔ bere a edi kan no mu no na enni Twi kasa mu. Nanso mprempren, wɔ Engiresi de no akyi no, yɛn nsa aka Twi de nso. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tumi di kan siesie yɛn ho yiye wɔ fie.
3 Bere a woresiesie wo ho no, wubehu kyerɛw nsɛm pii a emu nsɛm nni nkyekyem ahorow no mu. Nhuruw mfa so, na mmɔ mmɔden sɛ mmuae no nkutoo ase na wubetwa. Mmom no, gye bere hwehwɛ kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni hɔ no, hwɛ sɛnea ɛfa nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem ahorow no mu no ho na fa ka wo mmuae ahorow no ho. Eyi bɛma wo mmuae wɔ Nhoma Adesua no ase ayɛ nea etu mpɔn na ebesi Bible no so dua wɔ adesua no nyinaa mu.
KYERƐKYERƐ SƐ ADESUA SOHWƐFO
4 Sɛnea ɛte wɔ yɛn nhoma ahorow no pii mu no, adesua nsemmisa no pii ho mmuae wɔ nkyekyem ahorow no mu. Nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ nea ɛsen mmuae ara kwa a ankorankoro bɛkenkan afi nkyekyem mu ho nkuran. Yɛpɛ sɛ mmuae no yɛ nea ɛda koma mu anisɔ adi, na eyi betumi ayɛ yiye bere a wɔn a wɔma mmuae no susuw adesua no ne Kyerɛwnsɛm no ho na wɔkyerɛ sɛnea ɛka wɔn ankasa asetra sɛ Kristofo no. Ɔkwan bɛn so na adesua so ahwɛfo betumi ayɛ eyi?
5 Ade biako a eye ne sɛ wɔbɛkenkan nkyekyem ne nsemmisa ahorow no sɛnea ɛfata. Eyi bɛma wɔn a wɔwɔ hɔ no anya hokwan asusuw sɛnea wɔbɛma mmuae no ho. Sɛ wobisa asɛm a, ebia ebinom a wɔn adwene kyere ade ntɛm anaa wɔde mfe pii anya nokware no mu osuahu bɛpɛ sɛ wɔma mmuae ntɛm ara. Nanso ɛbɛyɛ nea eye nso sɛ adesua sohwɛfo de nkuranhyɛ a efi ɔdɔ mu bɛma afoforo ma wɔanya mu kyɛfa.
6 Wɔde Kyerɛwnsɛm ahorow a eye a emu nsɛm nni nhoma no mu aka adesua no ho. Ɛnsɛ sɛ adesua sohwɛfo bu n’ani gu so. Sɛnea bere ma kwan no, ɛsɛ sɛ ɔma wɔkenkan na wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ sɛnea ɛfa asɛm a wɔresusuw ho no ho mu. Nsemmisa a wubesua sɛ wubegyina Kyerɛwnsɛm ahorow so asusuw ho betumi ama woanya adwene ne nhumu a efi Onyankopɔn hɔ. Eyinom yɛ nneɛma ahorow a ɛho hia ma yɛn sɛ Kristofo.—Mmeb. 5:1, 2; Fil. 1:9-11.
7 Mprempren de, sɛ́ anka yebesua nhoma no nyinaa awie na afei yɛayɛ ntimũ kɛse biako wɔ ɛno akyi no, wɔayɛ ntimũ ahorow pii ho nhyehyɛe a wɔbɛyɛ biako wɔ ti ahorow anum anaa nea ɛte saa biara akyi. Saa kwan yi so no, adesua no mu nsɛntitiriw no bɛka yɛn adwene mu bere a yɛresua kɔ no. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ munni kan nsiesie mo ho mma saa nhoma adesua yi. Ɛmmra sɛ nhoma yi a yebesua bɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa akyɛde a ɛne abusua nhyehyɛe no ayɛ kɛse.