Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma DECEMBER: New World Translation of the Holy Scriptures ne Happiness—How to Find It abien nyinaa yɛ ¢160. Baabi a ɛfata no, wubetumi de Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa no ama de agye ¢12. JANUARY: Survival Into a New Earth, ¢40. FEBRUARY ne MARCH: Ɔwɛn-Aban kra, ¢160. Sɛ wɔankra a, yɛde nhomawa—Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, The Divine Name That Will Endure Forever anaa Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century—bɛma na yɛde nsɛmma nhoma biako aka ho de agye ntoboa ¢20. Wɔremma ɔkasa atitiriw ahorow a egyina nhoma foforo no so afe yi. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow yɛ nhyehyɛe na wɔde ɔkasa ahorow a wɔwɔ dedaw no di dwuma wɔ afe no mu.
Wɔrekae adawurubɔfo sɛ wɔnhyehyɛ Medical-Alert nkratasin no foforo mma afe a efi ase January 1, 1985.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu December 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi.
● Wɔde Theocratic Ministry School Schedule ma 1985 no amana asafo ahorow no (ná ɛhyɛ November Yɛn Ahenni Som no mu) . Eyi bɛma sukuu so ahwɛfo no ahu ho akwankyerɛ no yiye na wɔadi kan de dwumadi ahorow no ama wo bere a ɛsɛ mu.
● Abɛda adi sɛ asafo ahorow binom de krataa kotoku bruu a wɔahyɛ da ayɛ ama nsɛm a ɛfa asennii ho no yɛ nneɛma afoforo te sɛ asafo akontaabu anaa nkrataa afoforo a wɔde mana Asafo ti. Eyi nye. Ɛho akwankyerɛ krataa a wɔde kɔmaa mpanyimfo-kuw ahorow nyinaa a ɛyɛ CSN:JA June 29, 1984 no hyɛ da ka sɛ: “Nkrataa ahorow a ɛfa asennii ho a wɔde kɔma Asafo ti no nkutoo ho dwuma na ɛsɛ sɛ wɔde krataa nkotoku yi di. Yɛsrɛ mo mommfa nkotoku yi nni dwuma wɔ nkrataa afoforo biara a mode brɛ Asafo ti no mu.” Yɛsrɛ mpanyimfo sɛ wonni afotu yi akyi,
● Wɔagu beae a ɛhwɛ nnwonto so wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase no. Eyi kyerɛ sɛ obiara renhwɛ nnwonto so wɔ nhyiam ase bio. Mmom no, wɔbɛbɔ dwom a wɔbɛka sɛ wɔnto no wɔ hama a wɔakyere nnwom agu so no so ma akɔ akasam nnaka no mu a obiara betumi atow bi te sɛ nea wɔyɛe wɔ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam no bi ase no.
● Ɔmansin nhyiam horow:
December 1, 2: Ɔmansin 11 wɔ Obuasi
December 1, 2: Ɔmansin 3C wɔ Kotobabi
December 8, 9: Wɔrenyɛ nhyiam biara
December 15, 16: Ɔmansin 16 wɔ Tarkwa
December 15, 16: Ɔmansin 2B (Engiresi) wɔ Nungua
December 22, 23: Ɔmansin 17 wɔ Takoradi
December 29, 30: Ɔmansin 19 wɔ Nungua
● Yɛsrɛ mo momfa nhoma horow yi nka mo REVISED WATCHTOWER COST LIST—SEPTEMBER 1, 1984 no ho
Ɔkw. Asafo ne Ɔmanfo
Organized to Accomplish Our Ministry 40 40
Theocratic School Guidebook 40 40
Bible mu nsɛmti ma nkɔmmɔbɔ 1 4
Nsɛmma nhoma a wimhyɛn de ba afe nkrabo, efi ase, December 1, 1984 342.00 422.00
Nhoma Horow a Ebi Aba Bio:
Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! (Twi, Engiresi ne Arabic)
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm (Engiresi)
“Make Sure Of All Things” (Engiresi)
Kingdom Recording Album (Nea hwee nnim, ma cassette 24)
Album a Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa hyem (cassette 18)
Kasa ahorow mu Bible (Akuapem, Asante, Ga) nea ɛwɔ hɔ nnɔɔso.
There Is Much More to Life (Engiresi)
What Has God’s Kingdom Been Doing Since 1914? (Ewe)
Nhoma Horow a Ebi Nni Hɔ:
God’s “Eternal Purpose” (Engiresi)
Holy Spirit—The Force . . . (Engiresi)
Onyankopɔn Kwan Yɛ Ɔdɔ (Engiresi)
“Hwɛ Meyɛ Ade Nyinaa Foforo” (Engiresi)
● Ada adi sɛ asafo binom da so ara de nkrataa kɔma asafo ahorow a ɛbemmɛn de to nsa frɛ wɔn bere a obi awu no, Eyi ho nhia na ɛnyɛ nea eye nso. Sɛ asafo ketewa bi hia mmoa bere a emuni bi awu a, mpanyimfo kuw no betumi akohu asafo a ɛbɛn mu mpanyimfo kuw no ma wɔayɛ nneɛma ho nhyehyɛe. Nanso sɛ́ wɔbɛkyerɛw krataa de ato nsa afrɛ ɔmansin biako anaa abien mufo nyinaa yɛ nea ɛho nhia, efisɛ adawurubɔfo ankasa te owu no ho asɛm, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ no ankasa si wɔn gyinae na wɔyɛ nhyehyɛe kɔ. Yɛsrɛ mo, monhwɛ krataa a ɛhyɛ August, 1979 Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa “Kristofo Su a Yebeyi Adi nkyerɛ Wɔ Ayi Ase” ho no mu.