Yɛn Bo A Yebesi Ne Yɛn Ho A Yɛde Bɛto Yehowa So Ho Hia Wɔ Ɔsom Kronn Mu Mu
Yehowa Adansefo a na wɔwɔ hɔ kan no ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ nnipa a wɔasi wɔn bo bere nyinaa. Wotumi hu yɛn bo a yɛasi ne yɛn ho a yɛde to Yehowa so yi wɔ ɔsom kronn a yɛde ma no no nyinaa mu. Bere a na wɔwɔ Babilon Hene ahemfie no, odiyifo Daniel “bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fĩ.” Ná onim Onyankopɔn mmara a ɛfa mmoa a wɔn ho ntew ne kronkron a mogya yɛ ho no, na na wasi ne bo sɛ obedi so. Yehowa hyiraa ne bo a osii ne ne ho a ɔde too no so no so, na wɔ nna du a wɔde sɔɔ eyi hwɛe a ɔne Hebrifo baasa a wɔka ne ho no dii mfumduan na wɔnom nsu ara kwa no awiei no, “wohuu wɔn anim sɛ ɛyɛ fɛ na wɔn honam aba wɔn ho sen mmerantewaa a wodii ahennuan no nyinaa.”—Dan. 1:8, 15.
Ɛnyɛ aduan ne anonne mu nko na yehu Yehowa tete nkurɔfo si a wosii wɔn bo a ɛhyɛ gyidi den yi, na mmom wɔ nneɛma afoforo mu nso. Bere a wɔyɛɛ Agagni Haman Persia mmapɔmma panyin no, Ɔhene Ahasweros hyɛe sɛ n’asomfo nyinaa nkotow nsɔre Haman. Nanso Mordekai a na ɔyɛ Yehowa somfo no de, “wankotow na wansɔre no.” Efisɛ wɔ eyi mu no ohui sɛ ɔsom ho asɛm wom. (Ester 3:2; Ex. 20:4, 5) Hwɛ sɛnea na eyi yɛ akokoduru ne si a wasi ne bo, bere a ohui sɛ “ɔhene nkoa . . . nyinaa kotow sɔree Haman” no.—Ester 3:2.
“Haman hui sɛ Mordekai nkotow nsɔre no” na wɔ abufuw kɛse mu no, ɔhyɛe sɛ wɔntɔre Yudafo a wɔyɛ Mordekai nkurɔfo no nyinaa ase wɔ ahemman no mu. (Ester 3:5-12) Ná Onyankopɔn nkurɔfo nkwa ho aba asɛm, na na ɛsɛ sɛ Ɔhemmaa Ester a ɔyɛ ababaa no yɛ ade ma wonya Ɔhene no ma ɔhyɛ mmara foforo a ɛbɛma Yudafo no anya hokwan abɔ wɔn ho ban. Esiane sɛ na tebea no gye ntɛmpɛ nti, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ɔhene no anim bere a ɔntoo nsa mfrɛɛ no, adeyɛ a ebetumi ama wanya owu asotwe. Esiane ne ho a ɔde too Yehowa so ne si a osii ne bo nti, Ester ne ne nkurɔfo anwuwu. Yehowa maa Yudafo no dii wɔn atamfo so nkonim. (Ester 4:15; 9:15-17) Sɛ Mordekai ne Ester ansi wɔn bo kɛse, amfa wɔn ho anto Yehowa so a, so anka nkonimdi kɛse yi betumi aba?
NNƐYI NHWƐSO HOROW
Ɛnsono Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ wɔn mfɛfo a wɔtraa ase tete no ho. Ɛnnɛ Yehowa de ahyɛde no ama yɛn sɛ yɛnka asɛmpa no. Te sɛ afeha a edi kan Kristofo no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ eyi akosi Yehowa bere a ɛsɛ a adwuma no bɛba awiei. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, Ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa ɔtaa a emu yɛ den so asiw adwuma no ano. Wadi nkogu wɔ ɔkwammɔne a ɔnam so no mu, na Yehowa Adansefo da so ara yɛ den na wɔyɛ biako wɔ Ahenni som adwuma no mu na eyi te saa, sɛ́ ɛyɛ nea wɔresom wɔ mmeae ahorow a wɔabara wɔn anaa wɔ mmeae ahorow a wɔwɔ ahofadi kakra.
Fa ɔsom kronn no mu biara a wopɛ sɛ nhwɛso; na wubehu Yehowa nkurɔfo a ne din da wɔn so no si a wɔasi wɔn bo ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ to a wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn so no nyɛ nea wɔadi mfomso wom no ho adanse a akyinnye biara nni ho. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛba teokrase nnwuma horow so a, wohu sɛ Yehowa Adansefo yɛ nneɛma ahorow akokoduru so a ɛma wiase no ho dwiriw wɔn. Eyi ho nhwɛso biako sii wɔ 1922 mu, bere a Asafo ti no sii gyinae sɛ ɛremma aguadifo a wɔwɔ tintim mfiri ntintim yɛn nhoma ahorow no bio na mmom yɛn ankasa betintim no. Wɔtɔɔ mfiri horow a ɛho hia na wɔhyehyɛe. Wiasefo adwumayɛkuw bi a ɛde besi saa bere no na etintim Asafo no nhoma ahorow pii no titrani ba bɛhwɛe. Dɛn na ɔkae? “Hwɛ mo ankasa moanya mo nhoma tintimbea a ɛyɛ nea edi mu sen biara no mu biako, nanso obiara nni ha a onim biribi fa nea mode bɛyɛ ho. Wɔ asram asia ntam no, ade mũ no nyinaa bɛdan nnadegow; na mubehu sɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wotintim mo nhoma horow no ma mo ne wɔn a na woyɛ saa bere nyinaa a wɔde ayɛ wɔn adwuma no.” Sɛnea Jehovah’s Witnesses in the Divine Purpose nhoma no ka wɔ kratafa 114, nkyekyem 3 no, na ɛte sɛ nea ntease wɔ n’asɛm no mu kakra, nanso wankae Yehowa wɔ asɛm no mu. Saa nkyekyem yi de amanneɛbɔ a ɛfa tintimbea no fã a edura nhoma ho no ho ma: “Bere a wofii nhoma nnuraho adwuma no ase no [Yehowa] de onua bi a ɔde ne nkwa nna nyinaa ayɛ nhoma nnuraho adwuma bae. Ne ho baa mfaso kɛse wɔ bere a na ne ho hia kɛse no mu.” Sɛnea ɛda adi pefee no, ɛnyɛ sɛ yɛatumi atintim nhoma ahorow nko, na mmom yɛatumi anya nhoma tintimbea a ɛyɛ nea edi mu sen biara no bi wɔ yɛn wiase nyinaa asafo no ti a etintim wiase nhoma a wɔtɔ sen biara no bi.
AKWAN A YƐFA SO NO MA WIASE NO HO DWIRIW WƆN ‘
Asɛm bi a efi 1927 Afe Nhoma (kratafa 48) mu no de Yehowa nhyira a ɛba n’asomfo a wɔasi wɔn bo na wɔhwɛ no kwan so no ho adanse a ɛyɛ anigye ma: “Wɔyɛɛ nhoma tintim afiri kɛse bi wɔ Germany maa Asafo ti no na wɔde kɔɔ Brooklyn. Ná ɛho hia sɛ wɔde obi a onim ho adwuma fi Germany ba na ɔbɛhyehyɛ afiri no. Saa onipa yi ne nnipa afoforo pii a wɔreboa no no de asram abien na ɛhyehyɛɛ afiri no wiei ma wofii ase de yɛɛ adwuma. Ɛno akyi bɛyɛ mfirihyia abien no, wɔtɔɔ nhoma tintim afiri foforo a ne kɛse te saa ara wɔ Germany na wɔde baa America. Onua biako a ɔyɛ adwuma wɔ tintimbea hɔ na ɔhyehyɛe bere a wanya afoforo ma wɔaboa no no; na ɔyɛɛ eyi wɔ adapɛn abiɛsa mu”!
Yehowa Adansefo hu gye a bere no gye ntɛmpɛ ne dwuma a nhoma ahorow di wɔ asɛmpa no ho dawurubɔ mu no. Esiane sɛ yetintim nhoma no wɔ kasa horow bɛyɛ 160 mu nti, wɔ mfe kakraa a atwam no mu no, na Asafo ti no ani gye ho sɛ ebenya afiri bi a wɔfrɛ no borɔfo mu computer no bi a ebetumi adi kasa horow pii yi ne nea ɛsen saa mpo ho dwuma, nanso na eyi nni wiase a wɔretɔn. Nanso na ɛno ara ne computer a yehia. Ɛwom sɛ na afiri a ɛte saa biara nni wiase yi mu saa bere no de, nanso so na adwumayɛ akuw a wɔyɛ computer no bɛyɛ eyi ama yɛatɔ anaa? Ná wɔn ani nnye ho, efisɛ na afiri a ɛte sɛɛ a wɔbɛyɛ no begye nhwehwɛmu ne sika pii, nanso ɛda adi sɛ bere a wɔayɛ awie no, nkurɔfo pii rentɔ efisɛ tintimbea ahorow pii ntintim nhoma wɔ kasa ahorow pii a ɛte saa mu.
Asafo ti no ntintim nhoma ahorow no mfa mpɛ mfaso nanso na asi ne bo sɛ ɛbɛtɔ afiri a ɛte sɛɛ. Sɛnea 1983 Afe Nhoma no kratafa 23 bɔ amanneɛ no, “Ɛdenam Yehowa honhom ne ne nhyira so no,” wɔpaw Yehowa Adansefo a wɔwɔ afiri a ɛte sɛɛ ho nimdeɛ a wofi wiase afã horow sɛ nnipa a wodi kan a wɔreyɛ afiri a ɛte sɛɛ ho nhwehwɛmu. Mprempren Yehowa Adansefo atumi ayɛ afiri a ɛte saa a “ebetumi adi kasa horow 250 ho dwuma” Akyinnye biara nni ho sɛ ade a yɛatumi ayɛ yi bɛma yɛatumi atrɛw Ahenni no ho asɛmpa a yɛka no mu de adi amanaman no nyinaa adanse ansa na awiei no aba.—Mat. 24:14.
ƆDANSI ADWUMA AHOROW
Wɔresi Betel afie afoforo wɔ wiase afã horow pii. Ɔhaw ahorow a ɛfa saa baa dwumadibea adan a ɛte sɛɛ si ho no dɔɔso na ɛyɛ ahorow ahorow, nanso Yehowa nkurɔfo nyɛ wɔn a wonsii wɔn bo, na wɔnnyɛ wɔn a wɔmmfa wɔn ho nto no so. Dɛn na afi mu aba? Nea wɔ wiase no fam no ɛte sɛ nea “ɛrentumi nyɛ yiye” no tumi yɛ yiye.
Spain huu nya a Yesaia 60:22 renya ne mmamu wɔ hɔ no bere a adawurubɔfo 15,000 a na wɔwɔ hɔ wɔ 1972 mu no dodow bɛyɛɛ 36,000, a ɛyɛ nea ɛboro mmɔho abien wɔ mfirihyia anan pɛ akyi no. Ná ɛyɛ nea ɛda adi pefee sɛ ɔdan a ɛso ho hia. Sɛnea March 1, 1984 Watchtower no kratafa 10 kyerɛ no: “Nà ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ anuanom a wɔwɔ Spain a wonni sika kɛse no betumi ayi ntoboa a ɛdɔɔso a wɔde bɛyɛ adwuma yi.”
Wɔkyerɛkyerɛɛ hia a na Betel foforo ho hia ntɛm ara no mu kyerɛɛ wɔn na wɔde ho ɔhaw ahorow no too wɔn anim. Ná anuanom no asi wɔn bo sɛ wobesi dan no, na wɔsan yɛɛ nea esii bɛboro mfirihyia 3,400 a atwam ni wɔ Mose bere so no bio wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu bere a wɔ wɔn 1980 ɔmantam nhyiam horow no awiei no, anuanom mmarima ne mmea tow santen ankasa na wɔde agude, sika ne dwetɛ nneɛma ahorow mae sɛ ntoboa no. (Ex. 35:5-9) Akyiri yi wɔtɔn eyinom de gyee sika de tuaa ɔdan no ho ka ahorow. Mfirihyia abiɛsa akyi no, wowiee wɔn Betel foforo no si de hyɛɛ Yehowa anuonyam.
Bere a wofii wɔn Betel foforo no si ase wɔ Germany no, dantaban sohwɛfo bi a ɔkɔsraa wɔn kae akyiri yi sɛ: “Anuanom a wɔwɔ hɔ no reyɛ adwuma te sɛ nea ɔkyena biara nni hɔ.” Eyi ne honhom a ɛma wowie teokrase adwuma ahorow wɔ bere tiaa mu no. Na sɛnea wɔayɛ ho nhwɛso wɔ yɛn nuanom a wɔwɔ Spain asɛm no mu no, Yehowa hyira mmɔden a ne nkoa a wɔwɔ asase so si wɔn bo bɔ no so.
GHANA BETEL FOFORO NO
Wɔ January 15, 1983 mu no, Asafo ti no nsa kaa ɔdansi tumi krataa fii aban asoɛe a ɛhwɛ nkɔsodwuma so wɔ Tema no hɔ na wɔ January 24 mu no, wofii ase susuw asase no. Te sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ Spain ne wiase no afã afoforo no, so wuhu hia a wo ntoboa ho hia wɔ adwuma no mu no?
Kwasida, March 27, 1983 mu no, wɔyɛɛ nhyiam ketewaa bi wɔ beae a wɔrebesi Betel foforo no maa asafo ahorow a ɛwɔ Accra ne Tema no, na wɔ ɔkasa horow no akyi no, ntɛm ara wɔkyekyɛɛ wɔn a wɔbae no mu akuw ahorow te sɛ adwumayɛfo, dua adwumfo, adantofo ne nea ɛkeka ho na wofii adwuma ase anibere so. Wɔ April ne May mu no, wɔyɛɛ nhyiam horow a ɛte saa ara bi wɔ Koforidua, Kumasi, Takoradi ne Hohoe de kyerɛkyerɛɛ nea enti a adwuma titiriw yi ho hia, sɛnea adwuma no rekɔ so wɔ ha ne sɛnea ankorankoro ne asafo ahorow betumi aboa ma adwuma no akɔ so no mu.
Ansa na wɔrefi adwuma no ase no wosusuw nneɛma pii ho, sɛ ebia, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa si ɔdan no anaasɛ ɛsɛ sɛ yɛde ma ɔdansifo bi a ɔyɛ wiaseni na ɔto ɔdan no afasu ahorow no ma yɛn na afei yɛma yɛn nuanom no ba na wɔbɛyɛ ho nnwuma horow a aka, te sɛ dɔte ne aduru a wɔde bɛka ho no. Bere a wɔasusuw nneɛma pii ho akyi no, wosii gyinae sɛ ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so kɛse sɛ yɛde adwuma no nyinaa bɛhyɛ yɛn nuanom nsa. Bere a yɛasi awie no, ɛbɛyɛ ɔdan a yebetumi aka sɛ ɛyɛ yɛn ankasa de wɔ biribiara mu.
Ɛbɛyɛ ɔdan bɛn? Yɛde ntayaa, nea wɔfrɛ no borɔfo mu burnt bricks na ɛbɛto ɔdan no nyinaa, a ɛwɔ afã ahorow te sɛ Ahenni Asa, faako a wɔhoro nneɛma, mukaase ne faako a wodidi. Nhoma tintimbea no kɛse bɛyɛ te sɛ nea yɛwɔ mprempren no abien ne fã. Office ahorow no kɛse bɛyɛ te sɛ nea ɛwɔ hɔ mprempren no anum ne fã. Beae a wofi de nhoma ahorow mana asafo ahorow no kɛse bɛyɛ te sɛ nea ɛwɔ hɔ mprempren no abien ne fã. Sodikuw no apene so nnansa yi ara sɛ yɛmfa abansoro biako nka faako a wɔbɛtra no ho ma ɛnyɛ nea ɛto so anan, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔ ne nyinaa mu, no yebenya dabere ama nnipa aduɔson abien. (Nnipa aduasa abien na wɔte Betel mprempren.)
ADWUMA NO A WOBƐBOA
Kɔ ara na nneɛma bo kɔ soro na dodow a yɛkyɛ wɔ adwuma yi ho no, dodow no ara na ɛho ka no bɛkɔ soro wɔ bere a yebewie no mu. Yɛn mu biara mpɛ no saa na nokwarem no, gye a bere no gye ntɛmpɛ no nhwehwɛ sɛ yɛbɛtwentwɛn yɛn nan ase wɔ adwuma yi ho. Wowɔ adwene a ɛte saa ara, so ɛnte saa?
Sɛnea nneɛma bo te mprempren no, sɛ yebu akontaa a, yetumi hu sɛ anyɛ yiye koraa no yebehia sidi ɔpepem dumien wɔ asram dumien a ɛda yɛn anim no mu. Ɔkwan bɛn so na wɔde ntoboa ahorow reba wɔ adwuma no ho? Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yenya ntoboa ¢41,000.00 ɔsram biara. Wɔ eyi mu no yebenya ¢492,000.00 wɔ afe biako ntam, a ennu sidi ɔpepem fã.
Ɛnyɛ yɛn ne wɔn a wodi kan a ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi a ɛte sɛɛ bere a sika ho hia ntɛm ara ma wɔde ayɛ teokrase adwuma bi no, nanso yehu sɛ yenni pii. Wɔ yɛn mprempren tebea yi mu ne wɔ onipa fam no, ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yebenya sidi ɔpepem dumien a yehia a egyina sɛnea nneɛma bo te mprempren so no. Nanso ɛda adi sɛ yebehia pii asen saa ansa na yɛawie adwuma no.
Wɔ wiase no afã afoforo no, ɛtɔ bere bi a saa na tebea no te wɔ teokrase nnwuma binom ho. Nanso, sɛnea yɛahu no, Yehowa ahyira ne nkurɔfo a wosi wɔn bo denneennen no bere nyinaa, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ nea wonni pii. Bere a yesusuw kɔ a nneɛma bo rekɔ soro wɔ ɔman yi mu no ho no, yɛasi gyinae sɛ wɔ Yehowa ahoɔden mu no, ɛsɛ sɛ yesi Betel foforo no wie wɔ mfe abien mu fi saa bere yi na yɛatumi adi teokrase nneɛma ho dwuma wɔ hɔ. Nanso mfaso bɛn na ɛwɔ gyinaesi yi so, sɛ moammoa adwuma yi yɛ ahoɔden so a? Mfaso bɛn na ɛwɔ ɔdan so bere a enni nhyɛase a egyina so no? Saa ara na yɛrentumi nwie yɛn Betel foforo no wɔ bere a yɛahyɛ no mu bere a mommmoa adwuma no kɛse no.
Sɛ adwuma bi ho hia a ɛbɛma teokrase nneɛma anya nkɔso a, asɛm te sɛ “ɛrentumi nyɛ yiye” a wɔka biara nni hɔ. Yehowa asiesie ne ho sɛ ɔbɛboa, nanso ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo si wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ adwuma no awie. Ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ adwumaden na wɔde nneɛma ahorow bɔ afɔre.
Nehemia sii eyi so dua kyerɛɛ ne mfɛfo a wɔyɛ ne man mufo wɔ Yerusalem afasu a na abubu no ho. Ná ɛho hia sɛ wosiesie afasu no wɔ bere tiaa mu. Nehemia twee wɔn adwene sii tebea a ɛyɛ awerɛhow no so na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Momma yɛnsɔre na yensi.” Ná Yehowa ani gye adwuma no ho, nanso na ɛsɛ sɛ ne nkoa sɔre na wosi. Ɔman no tiei. “Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.”—Neh. 2:18.
Ná nnipa no asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ adwuma, nanso na ɛno nkutoo nnɔɔso. Wɔn ho a wɔde bɛto Yehowa so ho hia. (Dw. 127:1) Nanso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔasi wɔn bo. Wɔn bo a wobesi denneennen sɛ wɔbɛyɛ. Nehemia daa eyi adi pefee kyerɛɛ wɔn atamfo a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhaw wɔn wɔ adwuma yi mu no. “Mituaa wɔn ano misee wɔn sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma asi yɛn yiye, na yɛn de, yɛyɛ ne nkoa, yɛbɛsɔre asi.”—Neh. 2:20.
Wɔ Nehemia nna no mu no atamfo no haw no ano bɛyɛɛ den kɛse. So wobegyae adwuma no yɛ? Nehemia bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔreto ɔfasu no ne wɔn a wɔsoso nnosoa ne wɔn a wɔsoasoa wɔn no, de nsa biako reyɛ adwuma, na wɔde biako kura dade mu.” (Neh. 4:17) Nnipa a na wɔasi wɔn bo bɛn ara ni!
Saa ara na yɛn a yɛwɔ ɔman yi mu fii Betel foforo no si ase. Ɛno bɛyɛ mfirihyia abien ni. Mubetumi ahu nea afi mu aba no wɔ mfonini a ɛwɔ krataa yi so no mu. Anuanom abɔ mmɔden na adwuma no akɔ so ntɛmntɛm, na yɛde aseda ma mo ne Yehowa wɔ eyi ho. Nanso yɛadu baabi a sika a ɛba mprempren no sua. Yɛn Yehowa nkurɔfo a yɛwɔ ɔman yi mu de, yɛrensan yɛn akyi. Yehowa nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ tete no ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ wɔn a wɔasi wɔn bo bere nyinaa, na yɛn a yɛwɔ ɔman yi mu nso ka ho. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so atrɛw teokrase nneɛma mu na yɛamma adwuma no ho ka anyɛ kɛse akyiri yi no, yɛasi yɛn bo sɛ yebewie Betel foforo no si wɔ mfe abien mu fi saa bere yi.
ƆKWAN BƐN SO NA WUBETUMI ABOA?
Wɔ akwan horow pii so. Asafo ahorow binom wɔ adaka titiriw a wɔakyerɛw ho “Betel Foforo Adwuma” na wubetumi de wo ntoboa ato adaka yi mu na wɔde amana Asafo ti no. Pii de ntoboa a ɛte sɛɛ aka wɔn sikasɛm nhyehyɛe ho. Sɛ wopɛ a, wubetumi de wo ntoboa no amana Asafo ti no tẽe. Sɛ wopɛ sɛ wode fa sikakorabea anaa post office a, edin a ɛsɛ sɛ wode di dwuma na ama yɛn nsa aka ntoboa no ne Watch Tower Bible and Tract Society. Ɛbɛyɛ nea yɛn ani sɔ sɛ wode krataa bɛka ho de akyerɛ sɛ ɛyɛ ɔdansi adwuma no ho ntoboa.
Asafo ti no ayɛ nhyehyɛe bi nnansa yi a ɛfa boseabɔ ho a ɛne sɛ obi betumi abɔ Asafo ti no bosea ¢500.00 anaa nea ɛboro saa, na wubetumi ahu mpanyimfo no, sɛ wopɛ sɛ woyɛ saa a. Asafo ti no ɛsan de wo sika no ama wo wɔ bere biara a wopɛ mu wɔ asram asia akyi fi bere a yɛn nsa kaa bosea no. Ntoboa ho nhyehyɛe foforo nso wɔ hɔ. Sɛ wowɔ sika kɛse bi wɔ hɔ a ɛho renhia wo nnansa yi ara a, wubetumi de ama Asafo ti no na sɛ wuhia sika no akyiri yi a, sɛ́ ɛyɛ ne nyinaa anaa fã bi no, Asafo ti no bɛsan de ama wo ntɛm ara. Wubetumi ahu mo asafo mu ɔkyerɛwfo no na ɔde ho nkyerɛkyerɛmu foforo ama wo.
Asafo ahorow a ɛwɔ Accra ne Tema mpɔtam no ba adwumayɛbea hɔ bere a wɔato nsa afrɛ wɔn no na wɔde wɔn ahoɔden ne ɛho nimdeɛ a wɔwɔ bɛboa adwuma no, na yɛn ani sɔ eyi kɛse. Afoforo de nnuan ne atomde abɛboa. Sɛ wubetumi aboa wɔ saa kwan yi so a, ɛno nso ye, efisɛ ɛboa ma ka ahorow no so tew kɛse.
Mmofra ne mpanyin: Hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ a mode bɛboa wɔ sika fam ne akwan ahorow so no dɔɔso pii. Ɛnka sɛ ‘me ntoboa no sua dodo.’ (Luka 21:1-4) Wuhu hia a ɛho hia no. Nea wo koma ka wo sɛ fa ma biara no, yɛ saa wɔ ɔkra nyinaa mu. (1 Be. 29:9; Mmeb. 3:9, 10) Wo ntoboa a efi ɔkra nyinaa mu a wɔde ka nea efi wo nuanom hɔ no ho no kyerɛ pii na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ.
ANIGYE A ƐWƆ ADWUMA A WƆYƐ WIE MU
Ɛde fa Salomo asɔrefi no ho no, Ɔhene Dawid yii ne yam boae kɛse. Bio nso, ɔde ‘n’agyapade titiriw’ mae. (1 Be. 29:2, 3) Ɔman no nso kaa ne ho na woyii wɔn yam de ntoboa mae wɔ teokrase adwuma a ɛne ofie a wɔresi ama Yehowa no mu. Bere a wosii ofi no wiei no, na bue a wobebue ano no yɛ anigye da kɛse ma Israel nyinaa. Bere a wowiee eyi nyinaa no, ɔman no ‘kokɔɔ wɔn afi mu. Na wɔn ani gyei na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a [Yehowa] ayɛ Dawid ne Salomo ne ne man Israel no nti.’—2 Be. 7:10.
Bere a Israelfo fii nnomumfa mu bae na wɔtoo Yehowa asɔrefi no nhyɛase no wiei wɔ akwanside ahorow pii’ akyi no, na ɛyɛ nwonwa dodo sɛ wobegye adi. “Na asɔfo ne Lewifo ne agyanom atitiriw no mu pii a wɔanyin a wohuu kan fi no, wɔhyɛɛ eyi ase wɔ wɔn anim no, wɔde nne kɛse susui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so, osebɔ ne anigye mu, na ɔman no nhu anigye sebɔ gyegyeegye ne ɔman no su gyegyeegye no ntam nsonoe, efisɛ ɔman no bɔɔ ose kɛse ma wɔtee gyegyeegye no akyirikyiri.” (Esra 3:12, 13) Yiw, adwuma a wɔyɛ wie mu wɔ anigye. Na sɛ ɛyɛ nea na ɛsɛ sɛ wodi nsɛnnennen titiriw bi so na ama wɔatumi ayɛ saa a, anigye ara kwa ma nnipa su.
Esiane anigye a na ɛda n’anim nti, Kristo “tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane.” (Heb. 12:2) Ná ɛnyɛ mmerɛw, nanso osusuw daakye ho na anuonyam a na ɛda n’anim no hyɛɛ no den. So wubetumi ahu sɛnea Betel foforo no a wobewie no ntɛm a nnɛyi mfiri ahorow wom no bɛka Ahenni adwuma no kɛse wɔ ɔman yi mu no?
Ɛdaa adi wɔ 1984 ɔsom afe no nkutoo mu sɛ yenyaa dodow nkɔanim a ɛsen biara ahorow ason na adawurubɔfo a wɔn dodow boro 25,000 mprempren rebɔ daa asɛmpa no ho dawuru wɔ ɔman yi mu. Nnipa a wɔn dodow boro 100,000 baa Kristo wu Nkaedi no ase wɔ April mu. Yebetumi afi koma nyinaa mu ne odwontofo no ayɛ adwene sɛ “[Yehowa] na ɔmaa eyi yɛe, ɛyɛ nwonwa, yɛn ani so,” ɛyɛ nwonwa dodo. (Dw. 118:28) Momma eyi nhyɛ Yehowa somfo biara a ɔwɔ ɔman yi mu nkuran na ɔnyɛ pii wɔ Ahenni som adwuma no mu na ɔmmoa denneennen wɔ adwuma kɛse a ɛne baa dwumadibea dan foforo a yɛresi de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam no mu.
Ampa anigye wɔ adwuma a wɔyɛ wie ne nya a wonya mu kyɛfa ma wowie yɛ mu. Saa da no bɛyɛ anigye kɛse ampa, bere a yebewie Betel foforo no si na yɛahyira so ama ne wura, Yehowa no, efisɛ saa na Betel ase kyerɛ—Onyankopɔn fi. Yɛde ahopere hwɛ da a wobebue ano no kwan a ɛrenkyɛ. Wɔ ne nyinaa awiei no, yebehu sɛ Betel foforo no na esi hɔ wɔ Nungua a ɛnyɛ sɛ ɛyɛ ɔdan a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam nko na mmom sɛ nea edi si a Yehowa Adansefo si wɔn bo ne yɛn Nyankopɔn no nhyira wɔ yɛn mmɔdenbɔ wɔ biakoyɛ mu no so ho adanse.
[Kratafa 4 mfoni]
“Nneɛma nketewa da” (Sak. 4:10) bere a wotutu fam na ama wɔato ɔdan no nhyɛase
[Kratafa 5 mfoni]
Adwumayɛfo a wɔwɔ anigye reto Nhoma Tintimbea adum a ɛwɔ soro no biako
[Kratafa 6 mfoni]
Betel foforo no Nhoma Tintimbea no gu so reyɛ ɔdan. Boa a wobɛboa ma wɔawie adwuma no ntɛm yɛ nea ani sɔ kɛse