Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JUNE 9
Dwom 28
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ dapɛn mfinimfini ne dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ.
20 min: “Boa Adesuafo ma Wɔnka ‘Nsɛm Pa a Eye’ Nkyerɛ.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma. Wɔ nkyekyem 4 no, yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea obi betumi aka asafo adesua nhyehyɛe ho asɛm nkakrankakra akyerɛ Bible adesuafo.
18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Ahorow Dedaw So.” Ɔkasa. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ a ɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti redi dwuma.
Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 16
Dwom 72
7 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de.
20 min: “Ademude a Yɛne Afoforo Bɛkyɛ na Yɛama Ahonyade Adɔɔso.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Bere a moasusuw nkyekyem 5 ho akyi no, yɛ ɔyɛkyerɛ abien a wɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti redi dwuma na kyerɛ sɛnea wobetumi adan akɔ nhoma dedaw a yɛde rema no biako so wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Fa bra awiei denam ahosiesie pa ho nkuran a wobɛhyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ho bɛkokwaw wɔ nhoma a yɛde rema no mu so. Ma wɔn a wonya afã yi mu kyɛfa nni kan nsiesie wɔn ho yiye.
18 min: “Ɔkyerɛkyerɛ wɔ Sankɔhwɛyɛ Mu.” Asɛm ho nkɔmmɔ a atiefo bɔ. Yɛ sɛnea obi betumi de nsemmisa adi dwuma yiye de akanyan ofiewura adwene wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 23
Dwom 52
8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Kae asafo ma wɔmfa December 15, 1984 Watchtower mmra Ɔsom Nhyiam a edi hɔ na wɔde asusuw asɛm, “So Wokae?” no ho.
12 min: Da Biara Da Asɛm mu Mfaso a Wubenya. Adawurubɔfo baasa anaa baanan ne ɔpanyin susuw nea enti, ne ɔkwan a wɔafa so anya mfaso wɔ daa asɛm a wɔkenkan na wosusuw ho bere nyinaa no mu. Momfa da biara da asɛm ma ɛda no nka ho.
10 min: “Ɛrekɔ So Dɛn?” Wo ne asafo nsusuw Betel Foforo a Wɔresi no nkɔso ho amanneɛbɔ ho. Kamfo wɔn nyinaa wɔ mmoa a wɔakɔ so de ama no ho. Kae wɔn nyinaa na hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ hokwan a wobenya aboa wɔ sika, nneɛma, aduan ne nneɛma afoforo fam ma wɔde asi ɔdan no de ahyɛ Yehowa din anuonyam no ho.
15 min: Momfa nni asafo mu ahiade ho dwuma, anaa ɔkasa a ɛne “Bible—Nhoma a Ɛsɛ sɛ Wɔkenkan” a efi January 15, 1985, Watchtower mu, nkratafa 30 ne 31.
Dwom 119 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 30
Dwom 134
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: 1985 Afe Nhoma mu osuahu ahorow. Mmusua abien de anigye bɔ osuahu a ɛwɔ nkratafa 194-7 ho nkɔmmɔ (fi Zimbabwe, “Monkyekyere No Mfam Dua ho na Onwu” ne “Yehowa . . . Ka Mo Ho Bere Nyinaa”) ; nkratafa 103-5 (fi Jamaica, “Anifere sɛ Awɔ” ne “Wɔkyerɛ Obu Ma Afã Biara a Wonni”) ; ne nkratafa 238, 248-9 (fi Bahamas, “Nkɔso Ba a Asɔfo Ɔsɔretia Mfa Ho” ne “Odwumayeni Foforo Hu Nokware No”) . Monkyerɛ mfaso a obi nya wɔ osuahu ahorow a ɔkenkan mu ne sɛnea yebetumi de eyinom ahyɛ yɛn abusua gyidi den.
10 min: Asemmisa Afã. Anuanom baanu susuw asɛm ho wɔ asɛnka agua so. Momfa nyansahyɛ ne afotu a ɛbɛyɛ yiye wɔ mo hɔ a ɛfa Ahenni Asa ho ban a wɔbɛbɔ ho ntõa mu.
15 min: Yɛ asɛm, “So Wokae?” a ɛwɔ December 15, 1984, Watchtower mu no mu ntĩmu. Hwɛ nsemmisa a ɛfa asɛnka ho no titiriw. Atiefo nya mu kyɛfa.
Dwom 78 ne mpaebɔ a wɔde wie.