Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/85 kr. 4
  • Din Kronkron No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Din Kronkron No
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nhomawa Foforo a Yɛde Bɛma!
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 2/85 kr. 4

Din Kronkron No

1 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛdɔ Din Kronkron no na yɛde obu ma. Esiane eyi nti yɛn ani gye hokwan biara a yenya sɛ yɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma no ayɛ kɛse no ho. Yebenya hokwan a ɛte saa ɔsram a ɛreba no mu bere a yefi ase sua The Divine Name That Will Endure apɛɛpɛɛ nhomawa no wɔ yɛn Asafo Nhoma Adesua akuw no mu no.

2 Ɛwom sɛ nhomawa no wɔ Engiresi kasa mu de, nanso adesua nsemmisa no wɔ Ewe, Ga, Twi ne Engiresi kasa mu. Ɛdenam ɛho nhyehyɛe a wɔde ama no so no, yɛhyɛ nyansa sɛ adesua so ahwɛfo mpaw wɔn a wɔbɛkenkan no mprempren ara. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpaw wɔn no yɛ akenkanfo pa nko na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wobetumi akyerɛ asɛm no ase yiye nso.

3 Sɛ́ wɔbɛhwɛ nhoma no mu akyerɛ ase wɔ adesua no ase mmom no, yɛhyɛ nyansa sɛ wɔn a wode bɛhyɛ wɔn nsa no nkyerɛ ase ngu krataa so na wɔnhwɛ mu yiye na wɔmma adesua sohwɛfo no anaa ɔpanyin foforo nhwɛ mu sɛ eye ansa na wɔakɔkenkan wɔ adesua no ase. Bere a adesua no rekɔ so no, ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no hwɛ nsɛm a ɛnka nea ɛwɔ kratafa no mu ho no. Ɛho nhwɛso ahorow wɔ nkratafa 7, 11, 21, ne 25. Ɛsɛ sɛ mokenkan eyi na mususuw ho nso, nanso ɛsɛ sɛ adesua no kɔ so wɔ dɔnhwerew biako a wɔde ama no mu.

4 Yegye di sɛ obiara besiesie ne ho yiye ama Din Kronkron no ho adesua a ɛho hia yi. Bere a yɛyɛ saa no, yebetumi ahwɛ Yehowa nhyira kwan.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena