Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
1 Yehowa ne obi a ɔyɛ afoforo ho a wodwen nokwarem ho nhwɛso sen biara. Sɛ́ Amansan Sodifo no, odwen n’abɔde a wɔyɛ nnipa ahiade ahorow ho. (1 Pet. 5:7) Yesu hyɛɛ n’asuafo nkuran sɛ wɔnna N’agya a ɔma owia pue na osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so su horow no adi. (Mat. 5:45) Wubetumi asuasua Yehowa denam afoforo ho a wubedwen nokwarem so—asiesie wo ho sɛ wobɛka Ahenni asɛm no akyerɛ obiara a wubehyia no. Ɛdenam nhomawa a yɛde bedi dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ July mu a wubehu mu nsɛm so no, wubetumi de honhom fam mmoa ama afoforo. Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi bɛma woanya adwene bi afa sɛnea wubesiesie wo ho akɔ wɔn hɔ nea edi kan na afei woasan akɔsra wɔn a wɔkyerɛ anigye wɔ ne bere mu ho.
2 Sɛ wode “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?” nhomawa no rema a, wubetumi aka sɛ:
◼ “So woasusuw nea enti a sɛ Onyankopɔn dwen nnipa ho ampa a, ɔma kwan ma wohu amane no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Ɛnyɛ asɛmmisa yi ho mmuae a abotɔyam wom nko na nhomawa yi de ma, na mmom ɛkyerɛ nso sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi ɔhaw a onipa de aba n’ankasa ne n’asase so fie yi so no afi hɔ.” Kenkan kratafa 27 no nkyekyem 23. Fa mfonini a ɛwɔ ase no kyerɛ, na kenkan Dwom 145:16 fi nkyekyem 22 no mu. Fa nhomawa no ma no. Sɛ ɔkyerɛ ho anigye a, bisa asɛm bi a wubetumi abua wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu, te sɛ: “Wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn bedi n’atirimpɔw ho dwuma de nhyira abrɛ adesamma na wadan asase paradise no?”
3 Sɛ woresan akɔ wɔn a wode “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?” nhomawa no maa wɔn no hɔ a, wubetumi afi nkɔmmɔbɔ foforo ase wɔ saa kwan yi so:
◼ “Ɛda a mebaa ha no, yesusuwii ho sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa, na ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ obeyi ɔhaw a onipa de aba n’ankasa ne n’asase so fie yi so no afi hɔ.” Dan kɔ nhomawa no mu mfonini a ɛwɔ nkratafa 2-3 no so, na ka sɛ: “Yɛrewie yɛn nkɔmmɔbɔ no, yebisaa sɛ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bedi n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde nhyira bɛbrɛ adesamma na wadan asase yi paradise no ho dwuma? Dɛn na wususuw?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ kratafa 17, na kenkan nkyekyem 2 no ne Daniel 2:44. Ɛno akyi no, kenkan kratafa 18 no nkyekyem 12. Bisa ofiewura no sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔne wo susuw nhomawa no fã a ɛto so 9 no ho anaa. Sɛ ɔpɛ a, wo ne no nsua.
4 Sɛ wode “Bere a Obi a Wodɔ No Awu” nhomawa no rema a, ɔkwan bi a wubetumi afa so de ama ni. Fa anim no kyerɛ no na ka sɛ:
◼ “Ɛnnɛ yɛne afoforo rebɔ nhomawa yi a ɛde awerɛkyekye abrɛ nnipa ɔpepem pii a wɔn adɔfo awuwu no mu nkɔmmɔ. Woasusuw anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible ka Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no ho asɛm pefee.” Kenkan Yohane 5:28, 29. Bue nhomawa no mu na ka nsɛntitiriw a wɔada no adi wɔ kratafa 28 nkyekyem a etwa to ne kratafa 31 nkyekyem a edi kan no ho asɛm. Fa emu mfonini ahorow no kyerɛ no. Fa nhomawa no ma no. Wubetumi abisa eyi de abɔ kwan ama sankɔhwɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya awerɛhyem sɛ bere bi akyi no, wobeyi owu afi hɔ koraa?”
5 Baabi a wode “Bere a Obi a Wodɔ No Awu” nhomawa no mae no, ebia wobɛpɛ sɛ wode asɛm a wɔka kyerɛ yi di dwuma wɔ sankɔhwɛ mu:
◼ “Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, yɛkaa owusɔre anidaso a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm. Nhomawa a mede gyaa wo no kyerɛkyerɛ nea enti a bere bi akyi no yebetumi anya awerɛhyem sɛ wobeyi owu afi hɔ koraa, no mu. So Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ama woanya awerɛkyekye ne awerɛhyem?” Twɛn ma ommua. Afei dan kɔ nhomawa no mu kratafa 31, na kenkan nkyekyem abien ne abiɛsa no, ne Adiyisɛm 21:1-4. Si akwanhwɛ a yɛwɔ sɛ yebenya asetra a yɛrenwu da no so dua. Ɛdenam anigye a ɔkyerɛ ne sɛnea tebea no te saa bere no so no, wubetumi ne no ahyehyɛ Bible adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu, anaa wubetumi abisa asɛm foforo a ebebue kwan ama nsrahwɛ a edi hɔ.
6 Sɛ wode “Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?” nhomawa no rema a, wubetumi aka nea edi so yi:
◼ “Nnipa pii asusuw nea asetra atirimpɔw kyerɛ ho. Wɔabisa wɔn ho sɛ: ‘Dɛn nti na mewɔ ha? Ɛhe na merekɔ? Dɛn na ɛwɔ hɔ ma me daakye?’ Wususuw sɛ ɛhe na yebetumi anya mmuae no? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea Bible no ka. [Kenkan Dwom 36:9.] So ɛnyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ onipa Bɔfo no fata sen biara sɛ ɔkyerɛkyerɛ nea enti a yɛwɔ ha mu? [Twɛn ma ommua.] Saa nhomawa yi kyerɛ atirimpɔw kɛse a Onyankopɔn de asie ama yɛn no.” Dan kɔ nkratafa 20-1, kenkan mfonini ho asɛm no, na ka mfonini no ho asɛm; afei fa nhomawa no ma no. Bisa sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya awerɛhyem sɛ ɛda so ara yɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ nnipa bɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so?” Hyɛ bere a wobɛsan aba.
7 Sɛ wode “Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?” nhomawa no ma, na sɛ wosan kɔ a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Wɔ me nsrahwɛ a edi kan mu no, m’ani gyei yiye sɛ me ne wo susuw Bible adwene a ɛne sɛ onipa asetra wɔ atirimpɔw bi ankasa no ho.” Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 31 no kyerɛ no, na bisa sɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya awerɛhyem sɛ ɛda so ara yɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so?” Kenkan kratafa 20 nkyekyem 3 no. Susuw nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛmti ketewa, “Ɛda So Ara Yɛ Onyankopɔn Atirimpɔw,” a ɛwɔ kratafa 21 ase no mu ho. Dan kɔ nhomawa no akyi, na ka ofie Bible adesua a wontua hwee ho nhyehyɛe no ho asɛm. Fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ no, na kyerɛ no sɛnea yɛde di dwuma de boa wɔ Bible sua mu.
8 Ɛsɛ sɛ nokware anigye a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa komapafo ma ‘wɔaba nokware nimdeɛ mu’ no da adi wɔ yɛn som adwuma no mu. (1 Tim. 2:4) Enti, fa bere bi si hɔ wɔ wo bere nhyehyɛe mu fa kɔsra obiara a wode nhomawa ma no no. Dwen a wubedwen wɔn ho nokwarem no betumi ama woaboa wɔn a wosi apini di akyide a wɔyɛ wɔ atoro som mu ho nkɔmmɔ no ma wɔabɛfata ama nkwagye. (Hes. 9:4, 6) Wubenya anigye ne abotɔyam a efi hu a wubehu sɛ woresuasua Yehowa denam afoforo ho a wudwen so mu ba no nso.—Fa toto Filipifo 2:20 ho.