Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/85 kr. 1-2
  • Yehowa A Yɛbɛsom No Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa A Yɛbɛsom No Daa
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Daniel Som Onyankopɔn Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuufo Kuw A Ɛto So Aduosia Ason A Wɔawie Adesua
    Nyan!—1980
  • Wogyee No Fii Gyata Anom!
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel wɔ Agyata Amoa no Mu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 8/85 kr. 1-2

Yehowa A Yɛbɛsom No Daa

1 Hwɛ yɛn ani ara a egye sɛ Yehowa nhinhim da wɔ ne dɔ ayamye mu! Ɔno de “nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.” (Yak. 1:17) Wasiesie ne ho bere nyinaa sɛ ɔde nea eye bɛma wɔn a wɔdɔ no. Nanso so yɛde yɛn ho ma no daa? Ɛyɛ nokware sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Yehowa nhwɛso no.​—Efe. 5:1, 2.

2 Daniel yɛ wɔn a wɔsom Yehowa daa ho nhwɛso fɛfɛ pii a ɛwɔ Bible mu no biako. Ɔkɔɔ Yehowa nkyɛn bere nyinaa kɔhwehwɛɛ akwankyerɛ na odii N’apɛde so pɛpɛɛpɛ. Bere a na onim sɛ wɔahyɛ mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ obiara mpae ka ɔhene no nko ho mpo no, ɔkɔɔ so ara bɔɔ Yehowa mpae a na wohu no te sɛ nea “ɔyɛ kan no ara.” N’asotwe: Wɔde no bɛma agyata awe! Nanso Onyankopɔn somaa ne bɔfo ma ‘obemuamuaa agyata no ano.’ Dario a ɔyɛ ɔhene no adwene a onyae no teɛ, sɛ, “Wo Nyankopɔn a wosom no daa yi no, ɔno na onnye wo.” (Dan. 6:6-10, 16, 22) Enti Daniel gyinaa pintinn wɔ nea Yehowa hwehwɛ a ɔbɛyɛ no mu, na Yehowa gyee no.

3 Sɛ yɛde yɛn ho ma sɛ yebedi Yehowa mmara so saa daa a, yɛn nso yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ yebenya ne nhyira na obegye yɛn atom. So ɛnyɛ anigye sɛ yebehu Onyankopɔn adwuma ho nnamyɛ a ne nkurɔfo da no adi nnɛ no? Nnamyɛ wɔ Ahenni adwuma no mu ama nkɔanim foforo aba wɔ nnɔnhwerew, sankɔhwɛ, ne Bible adesua mu. Hwɛ sɛnea ɛkã koma nso sɛ yehu adawurubɔfo pii a wɔde wɔn ho rehyɛ akwampaefo aboafo ne daa akwampae adwuma no mu no! Yɛn ani gye bere a yehu sɛ wosusuw wɔn a wɔte sɛ nguanten no honhom mu yiyedi ho no. Wɔn a wɔde wɔn ho ahyem kɛse no renya Yehowa dom ne ne nhyira.

4 Te sɛ Daniel no, yɛn nso yɛwɔ atamfo a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe yɛn gyidi na wɔatwe yɛn afi Yehowa a yɛsom no daa no ho. Ɔbonsam, wiase no honhom, ne yɛn ankasa honam mu mmerɛwyɛ ahorow de nhyɛso ahorow a ɛbɛma yɛahinhim wɔ yɛn som no mu ba. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina pintinn? Wɔn a wɔatra nokware no mu mfe pii no ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa a wɔbɛn no no boa wɔn kɛse ma wɔko tia nhyɛso ahorow yi. Na ɔkwan bɛn so na wɔyɛ saa? Te sɛ Daniel no, wɔbɔ mpae daa de hwehwɛ Yehowa ahobammɔ ne n’akwankyerɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ wɔwɔ ne honhom no, wɔkɔ nhyiam ahorow daa, faako a wɔbɔ Yehowa Asɛm no ho nkɔmmɔ no. Eyi nyinaa a kokoam adesua a wɔyɛ daa ka ho boa wɔn ma wogyina wɔ sɔhwɛ ahorow mu na wɔtwetwe afoforo kɔ “ɔdɔ ne nnwuma pa mu.”​—Heb. 10:24.

5 Anuanom mmarima ne mmea anokwafo a wɔde wɔn ho ama fa ɔkwan koro no ara a wɔnam so nya Yehowa honhom a ɛma wɔkɔ so gyina no so siesie wɔn ho sɛ wɔbɛka nea wosua no akyerɛ afoforo. Wɔn a wɔyɛ den yi taa ka sɛ wɔn anidaso ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no yɛ ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so de wɔn ani si akatua a ɛda wɔn anim no so. Na sɛnea Daniel nyaa denhyɛ denam mmerante afoforo a wodi Onyankopɔn mmara so a ɔne wɔn bɔe so no, saa ara na afoforo a yɛne wɔn bɛbɔ wɔ Ahenni adwuma no mu betumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so ayɛ den wɔ gyidi mu na yɛanya Yehowa dom.​—Dan. 1:6, 17.

6 Momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ Yehowa a wɔsom no daa no mu wɔ August mu. Yɛn mu pii betu kwan akɔ yɛn “Mudi Mu Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no. Eyi bɛma yɛanya hokwan pii adi adanse bɔnnɔ so, ne afei denam yɛn abrabɔ pa wɔ mmeae a yɛbɛkɔ akɔsoɛ ne nhyiam no ase so adi adanse. Afei nhyehyɛe a wɔahyɛ da ayɛ a ɛbɛma yɛanya asɛnka adwuma mu kyɛfa Fida awia no nso wɔ hɔ. Mmɔden a yɛbɛbɔ nnam so de hokwan ahorow yi aka asɛmpa no akyerɛ afoforo yi yɛ nea Yehowa nhyira bɛba so.

7 August de ɔsom afe foforo nso a na adagyew nnim koraa a atwam ntɛm so ba awiei. Yɛde ahopere retwɛn mo August akontaabu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboaboa afe akontaabu no ano wɔ bere a ɛsɛ mu ama 1986 Afe Nhoma, no. Enti, kae na bu akontaa ntɛm ara wɔ August awiei. Na ‘Yɛn Nyankopɔn a yɛresom no daa’ no nhyira yɛn nhyiam ne asɛnka adwuma no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena