Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/85 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn MA Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn MA Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 4
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 11
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 18
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 26
Yɛn Ahenni Som—1985
km 8/85 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn MA Yɛayɛ Asuafo

MONHYƐ NO NSOW: Yɛayɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ August ne September mu wɔ Yɛn Ahenni Som no mu. Asafo biara betumi ayɛ nsakrae ahorow a ehia ama dapɛn a wɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam no. Asafo biara bɛyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔatĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ September mu.

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 4

Dwom 48

10 min: Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ ne asafo mu de. Munsusuw asɛm foforo a wɔato din “Yesu Asetra ne ne Som Adwuma,” a efii ase wɔ April 1, 1985 Watchtower mu no ho. Yebetumi de eyi adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu no wɔ adesua a yɛne yɛn mma yɛ mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma adwuma mu kyɛfa dapɛn yi.

17 min: “Yehowa a Yɛbɛsom no Daa.” Ɔkasa. Bere a woreka nkyekyem 8 ho asɛm no, kyerɛ dodow a wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ asafo mu. Baahe na wɔyɛɛ bi nnansa yi ara? Kamfo wɔn. Yɛ nhoma a yɛde bɛma August mu ho ɔyɛkyerɛ.

18 min: Momfa nni mo asafo ahiade ho dwuma anaasɛ momma ɔkasa a ɛfa “Anigye a Yebenya wɔ Wiase a Ɔhaw Ahyɛ mu Ma Mu” ho.​—Hwɛ Watchtower, June 15, 1986 nkratafa 26-28,

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 11

Dwom 204

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Fa asafo asɛnka akontaabu ma July ne Ghana asɛnka akontaabu ma May ka ho. Kamfo anuanom wɔ nea wɔbɔɔ ho mmɔden kɛse ho.

18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Mmɔdenbɔ wɔ Ɔkyerɛkyerɛ mu So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Ma ɛnyɛ nea ɛfa mo ahiade ho.

17 min: Ɔkasa a ɛfa asɛm: “So Onyankopɔn Retwentwɛn N’atemmu Ase?” no ho. Egyina asɛm a ɛwɔ May 1, 1985, Watchtower mu no so, kratafa 3-7. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wommu Yehowa abodwokyɛre no sɛ nkwagye na wɔmfa wɔn ho nhyɛ anoboaboa adwuma no mu kɛse mmom sen sɛ wobenwiinwii.

Dwom 62 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 18

Dwom 56

10 min: Asafo mu nkaebɔ, “Teokrase Nsɛmmansɛmma,” “Ɛrekɔ So Dɛn?” So asafo no de sika remana nokwaredi mu wɔ Betel foforo a wɔresi no ho sɛnea wɔbɔɔ wɔn tirim no? Kyerɛ ho anisɔ. Si hia a ɛho hia sɛ yebenya nsɛmma nhoma adwuma mu kyɛfa dapɛn yi so dua.

17 min: “So Ahenni Nneɛma na Edi Kan wɔ W’asetra Mu?” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Bisabisa akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo a wɔpawee sɛ wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma sen sɛ wɔbɛyɛ nneɛma afoforo no nsɛm. Anaa, ka asafo mu osuahu a ɛfa obi a ɔde Ahenni nneɛma adi kan ho asɛm kyerɛ.

18 min: “Ko a Wɔko Tia Nsa a Wɔnom wɔ Ɔkwan a Ɛnteɛ So.” (Watchtower, April 15, 1985, nkratafa 18-20) Ɔpanyin a ɔka Ɔsom Boayikuw ho de asɛm no di dwuma de tu onua a ɔnyɛ obi a ɔnom nsa ma ɛtra so de, nanso ba a ebetumi aba sɛ ɔwɔ “kokoam mfomso” a ɛfa nsa a wɔnom wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so ho no haw no fo. Ma ɛnhyɛ nkuran. Si ye a enye koraa sɛ obi bɛkɔ adesua anaa asɛnka a nsa bɔn wɔ n’anom no so dua.

Dwom 103 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 26

Dwom 165

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ akontaabu a wɔde bɛba ntɛm ho nkuran wɔ Ɔwɛn-Aban adesua ase Memeneda, August 31, anaa Kwasida, September 1.

18 min: “Tete Afoforofo ma Wɔmfata sɛ Adawurubɔfo.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma, sɛ ebetumi a wɔmfa mma ɔkyerɛwfo. Si asɛyɛde a ɛwɔ hɔ bere a obi abɛyɛ nea wɔagye no atom no so dua.

20 min: “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Abarimaa ne Abeawa Betumi ‘Ayɛ Nnamfo Ara Kwa?’ (Awake!, June 8, 1985, nkratafa 13-15 ne June 22, 1985, nkratafa 20-22) Agya ne ɛna ne wɔn babarima ne wɔn babea a wonnya nnii mfe aduonu bɔ asɛm ho nkɔmmɔ pefee a ɛhyɛ nkuran. Munkwati mmara katee a mobɛhyɛ, nanso mommoa mmofra ma wonhu ntease a ɛwɔ asɛm a wɔada no adi wɔ Awake! mu no mu.

Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena