Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/86 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 5
Yɛn Ahenni Som—1986
km 1/86 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 5

Dwom 64

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Wo ne atiefo mmɔ hia a ɛho hia sɛ wɔbɛkɔ asɛnka wɔ ɔsram no mfiase ho nkɔmmɔ. Akwampaefo hu sɛ eye sɛ wɔbɛkɔ asɛnka kɛse wɔ afe no mfiase na ama wɔanya nnɔnhwerew 1,000 a wɔhwehwɛ no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya kyɛfa wɔ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda a ɛto so abien.

17 min: “Gyidi Adi a Yɛbɛda Denam Nea Yɛwɔ a Yɛbɛma Yɛn Ani Asɔ So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho.

18 min: “Monnantew Sɛnea Ɛfata . . . Abodwokyɛre Mu.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina asɛm a efi August 1, 1985 Watchtower mu so.

Dwom 98 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 12

Dwom 164

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Sika ahe na asafo no atumi ayi de besi saa bere yi de nam “Betel Foforo Ahiade Titiriw” ntoboa adaka no so? Kamfo anuanom. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya kyɛfa wɔ ahiade titiriw yi ho dwumadi mu.

20 min: Ɔkwan Bɛn So Na Yɛbɛfa Ahyɛ Yɛn Ho Yɛn Ho Gyidi Den? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a odi ɔfã yi ho dwuma di kan bisabisa atiefo nsɛm a ɛfa ɔkwan pa a wɔbɛfa so de nsɛntitiriw a edidi so yi adi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛhyɛ yɛn ankasa gyidi ne afoforo de den ho. (1) Bɛn a yɛbɛbɛn Yehowa, Yesu Kristo, ne yɛn ho yɛn ho, kɛse wɔ asafo no mu. (Heb. 11:6) (2) Ma a yɛbɛma Kristofo som adwuma no ayɛ nneɛma a ehia titiriw wɔ asetra mu no mu biako na yɛaka ho asɛm akyerɛ afoforo. (Yak. 2:26) (3) Ma a yɛbɛma wɔn a wɔyɛ den no asoa ‘wɔn a wɔnyɛ den mmerɛwyɛ.’ (Rom. 15:1; Gal. 6:10) (4) Hyɛ nkɔmmɔbɔ a ɛma nkɔso, Bible a wɔbɛkenkan daa, ne mpae a wɔbɛbɔ daa ho nkuran. Afei ɔpanyin kyerɛkyerɛ mu sɛ eyi gye bere ne mmɔdenbɔ kɛse wɔ nneɛma a yɛyɛ da biara da no mu. Ebia ɛrenyɛ mmerɛw mma ebinom nanso ɛho hia. (Yuda 3) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi den bere a yɛkɔ so wɛn no? Ɔbonsam hwehwɛ sɛ ɔsɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ denam atoro nkyerɛkyerɛ, abrabɔ bɔne, animtiaa a wobu tumi a wofi soro de asi hɔ, anwiinwii, ne pɛsɛmenkominya so. Ɔkwan bɛn so na ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi den? “Gyidi mu na ɔtreneeni benya nkwa.”​—Gal. 3:11; Rom. 1:16, 17.

15 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo asafo ahiade te.

Dwom 100 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 19

Dwom 22

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔanya nsɛmma nhoma adwuma mu kyɛfa Memeneda a ɛreba ka ho. Munsusuw nsɛntitiriw a wobetumi aka ho asɛm a efi nsɛmma nhoma a aba nnansa yi mu ho. Afei nso, “Ɔmansin Nhyiam Foforo a Ɛbɛboa ma Yɛahyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ɔkasa a emu yɛ hyew a ɛbɛkanyan wɔn ma wɔahwɛ ɔmansin nhyiam foforo no kwan.

15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nyansahyɛ Ahorow a Wɔde Ma a Yɛde Bedi Dwuma So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Fa osuahu ahorow kyerɛ sɛnea mo asafo no anya mfaso afi nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu a wɔde adi dwuma no mu aba no.

20 min: “Ma Ahenni Nneɛma Nnya Nkɔso​—Denam Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom So.” Oguamtrani de simma abiɛsa ka nkyekyem a edi kan mu nsɛm de fi ɔkasa no ase. Si hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ soronko wɔ mprempren awo ntoatoaso a edi n’ankasa ahiade nkutoo ho dwuma no ho so dua. Dodow a mprempren nhyehyɛe no kɔ so sɛe no, dodow no ara na ɛho hia kɛse sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Egye ho a wɔde bɔ afɔre. Di nkyekyem 2 kosi 6 ho dwuma denam nya a atiefo nya mu kyɛfa so. Sɛ ebinom a wɔwɔ asafo no mu agye ɔfrɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔnkɔyɛ akwampae adwuma wɔ ɔmantifi no so a, kamfo wɔn. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnye ɔfrɛ no so, sɛ wɔn nsɛm tebea horow ma wɔn kwan a, anaasɛ wɔmmoa wɔn a wogye ɔfrɛ no so no. Fa nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔayɛ akwampaefo aboafo wɔ Nkaedi a ɛreba bere mu ka ho. Oguamtrani de simma abiɛsa ɔkasa a emu yɛ hyew a nsɛntitiriw a efi nkyekyem 7 mu ka ho wie.

Dwom 136 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 20

Dwom 178

15 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Ɛrekɔ So Dɛn?” Kae asafo wɔ Betel Foforo no ahiade titiriw no ho na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonyi ntoboa denam “Betel Foforo Ahiade Titiriw” ntoboa adaka no so. Afei nso ka “Baguam Ɔkasa Ahorow a Egyina Creation Nhoma Foforo no So” ho asɛm. Tĩ nsɛmti ahorow no mu na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wommetie ne nyinaa.

20 min: “Nnipa a Wɔpɛ Asomdwoe Ho Hia Ampa!” Egyina July 1, 1985, Watchtower nkratafa 12-15 so. Ɔpanyin yɛ sɛnea ɔne ɔdawurubɔ foforo a wɔatete no sɛnea wiase yi basabasayɛ su te a ɔda so ara wɔ su a ɛne wɔn a osusuw sɛ wɔn ho hia animhwɛ no besusuw hia a ɛho hia sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe ho no ho ɔyɛkyerɛ. Si ɔsoro nyansa a yɛde besi nnipa nyansa ananmu ne hia a ɛho hia sɛ yɛbɛyɛ asɛnkafo a wɔpɛ asomdwoe so dua.

10 min: February Nsɛmma Nhomakra. Ka nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu ho asɛm na kyerɛ asɛm a ɛfata ma nsɛmma nhomakra. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ afie afie adwuma February 2 na wɔmma wɔnkra nsɛmma nhoma.

Dwom 170 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena