Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MARCH 30
Dwom 50
8 min: Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ ne asafo mu de.
17 min: “Asɛmpa no Adi a Wɔda.” Asɛm ho nkɔmmɔbɔ a atiefo nya mu kyɛfa. Ɛdefa nkyekyem 8 ho no, ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ nnianim asɛm biako anaa abien a ɛfata wɔ mo asasesin mu ho ɔyɛkyerɛ tiaa. Oguamtrani bɛka nnianim nsɛm afoforo a ɛwɔ Reasoning nhoma mu ho asɛm, nanso nea wobetumi de adi dwuma wɔ hɔ nkutoo ho ɔyɛkyerɛ na ɔbɛyɛ.
20 min: “Yɛ Fakãã wɔ Wo Som Adwuma Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ Nokware Asomdwoe nhoma a wɔde ma a wɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no awiei no redi dwuma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ April 6 afie afie adwuma ho nkuran.
Dwom 35 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 6
Dwom 106
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Hyɛ Memeneda a etia abien, April 12, nsɛmma nhoma dwumadi ho nkuran. Munsusuw foforo a aba mu nsɛntitiriw ho tiawa.
15 min: “Munnya Ɔhome mma Mo Kra.” ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa. Fa mmɔden kɛse a anuanom bɔe wɔ akwan bi so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ nhyiam ahorow no nyinaa bi na wɔakɔ asɛnka daa no ho nkamfo ka ho.
20 min: Mommoa Wɔn a Wɔbaa Nkaedi Ase No. Ɔsom adwuma sohwɛfo ne asafo susuw anigyefo a wɔbaa Nkaedi a etwaam no ase ho. So wɔnam ofie Bible adesua so reboa wɔn nyinaa? So wɔaboa wɔn ma fi saa bere no wɔba asafo nhyiam ahorow? (Wubetumi adi kan ayɛ nhyehyɛe abisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔboaa anigyefo ma wɔbaa Nkaedi ase nsɛm wɔ mmoa afoforo a wɔde rema ne nkɔso a wɔrenya wɔ nokware no afã a wogyina mu ho.) Nnipa a wɔagyae asɛnka kɔ nso baa Nkaedi no ase wɔ asafo pii mu. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔbaa Nkaedi no ase no kyerɛ sɛ ɛnyɛ nea wɔn werɛ afi yɛn Awurade Yesu Kristo ogye afɔre no koraa. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo no betumi aboa eyinom? Dɛn na asafo no betumi ayɛ de asan akanyan wɔn anigye wɔ asɛnka adwuma no ho? Si hia a ɛho hia sɛ yɛbɛbom ahyɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ nkuran na yɛahyɛ afoforofo den no so dua. (Heb. 6:1-3) Kyerɛ sɛnea wɔnam Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no so betumi aboa.
Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 13
Dwom 37
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso “Ɛrekɔ So Dɛn?” ne Ghana ɔsom akontaabu a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu.
18 min: “So Wokae?” Ntĩmu a Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo yɛ a egyina December 15, 1985, Watchtower, kratafa 30 so.
17 min: Momfa nni mo ahiade a ɛfata ho dwuma.
Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 20
Dwom 89
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa Memeneda a ɛto so anan nsɛmmanhoma dwumadi ho nkuranhyɛ ka ho. Yɛ anibu 30- kosi 60- mu ɔyɛkyerɛ abien a wɔasiesie no yiye a ɛfa nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ ɔkwan a ɛfata wɔ mo asasesin mu so ho. Ɛsɛ sɛ biako yɛ tiawa a abofra mpo betumi de adi dwuma.
20 min: “Wɔn a Wɔanyinyin ne Ayarefo Ho a Yebesusuw. Nsemmisa ne mmuae. Munsusuw akwan a mo asafo no betumi afa so de eyi adi dwuma ho.
15 min: “Ho a Wɔtwe Fi Onyankopɔn Ho—Dɛn Nti na Enye?” Egyina nsɛm abien a edi kan wɔ November 1, 1985 Watchtower mu no so. Ma emu nsɛm no mfa mo asafo no ho.
Dwom 99 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 21
Dwom 121
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nea yɛde bɛma May ho. Ka osuahu biako anaa abien kyerɛ a ɛfa adwuma a asafo no ayɛ wɔ Nokware Asomdwoe nhoma a wɔde ma mu ho. Yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi adan Nkɔmmɔbɔ Asɛmti mu ma afata nea yɛde rema May mu yi. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka mu Kwasida a edi kan na wɔmfa Nokware Asomdwoe nhoma mma.
18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Honhom a Ɛpɛ a Asiesie ne ho Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia pii fa di nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 4 kosi 6 ho dwuma fa kyerɛ sɛnea wobetumi afi bɔnnɔ so nkɔmmɔbɔ ase wɔ tebea horow mu. Wubetumi de osuahu bi a egyina Reasoning From the Scriptures a wɔde di dwuma so aka ho.
15 min: “Nsa a Onyankopɔn To Frɛ Wo sɛ Wo ne No Mmɛnantew no So a Wubegye.” Ɔkasa a egyina September 1, 1985 Watchtower kratafa 4 so.
Dwom 193 ne mpaebɔ a wɔde wie.