Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Honhom a Ɛpɛ a Asiesie Ne Ho Mu
1 So woahu sɛnea nnipa binom anigye wɔ nokware no ho nsa da no? Wɔ mfe dudu pii a wɔde asom nokwarem akyi no, wɔda so ara wɔ ɔpɛ no a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yebenya su pa a ɛte saa bi. (1 Tim. 6:18; fa toto Hebrifo 3:14 ho.) Asɛmpa no a yɛbɛka wɔ tebea biara a ɛfata mu da honhom a asiesie ne ho a ɛwɔ ɔpɛ adi.
2 Yɛde Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ nhoma no bɛma wɔ April ne May mu de agye ¢60. Yɛpɛ sɛ yeyi honhom a ɛpɛ a asiesie ne ho adi denam nhoma no a yɛde bɛma a ɛnyɛ afie afie nko na mmom bere biara a ɛbɛyɛ yiye—wɔ sankɔhwɛyɛ mu, mfɛfo adwumayɛfo ne sukuufo, ne nea ɛkeka ho. Esiane sɛ yɛn mu pii reyɛ akwampaefo boafo adwuma April ne May mu nti, yebetumi akyekyɛ nhoma yi pii.
WƆ BERE BIARA MU
3 Yɛn nyinaa hyia nkurɔfo wɔ akwan horow pii so. Nokwarem no, nea yɛyɛ da biara wɔ asetra mu a efi afipamfo pa a yɛbɛyɛ so kosi santen a yɛto wɔ bɔs gyinabea so no hwehwɛ sɛ yɛne wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo di nkitaho. Mmere horow yi mu pii betumi ama yɛanya hokwan kɛse a yɛde bɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Ebia ɛtɔ bere bi a yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛne nkurɔfo bɛkasa efisɛ yennim nea yɛbɛka anaasɛ sɛnea yebefi nkɔmmɔbɔ ase. Ahosiesie ne nsɛm ho a wodi kan susuw ho hia na ama yɛde hokwan a yenya da biara no aka asɛmpa no.
4 Sɛ nhwɛso no, ebia na ɛsɛ sɛ yekohu oduruyɛfo a yenim sɛ yɛbɛtwɛn wɔ ayaresabea hɔ kakra. Yebetumi afa nsɛmma nhoma foforo a aba na yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛne obi a yebehyia no besusuw emu asɛm bi a n’ani begye ho ho. Wɔ eyi mu no, yebetumi afi ase aka sɛnea sɛ ɔyare nni hɔ a anka ɛbɛyɛ nea eye no ho asɛm na afei yɛde Ahenni anidaso no ho asɛm atõam denam asɛm pɔtee bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! no mu a yɛbɛdan akɔ so no so. Yebetumi aka ne kra mpo ho asɛm a egyina tebea no ne ɛho anigye a wɔkyerɛ so. Sɛ yɛasiesie yɛn ho a yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛma yɛn anidaso a egyina Bible so no ho asɛm a ɛnde yɛremma hokwan a yɛde bɛboa afoforo ma wɔahu nokware no ntwam nkɔ.
6 Yɛn nuanom nkumaa no betumi afi ase adi mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo adanse. Ebinom de bere a wɔmfa nsua ade no adi dwuma yiye. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a ebinom de to wɔn pon so no ama sukuufo afoforo aba wɔn nkyɛn. Akyerɛkyerɛfo nso hu na wɔkyerɛ ho anigye.—Ɔsɛnk. 11:6.
6 Ebia wɔn a wɔyɛ honam fam adwuma no benya hokwan adi mfɛfo adwumayɛfo adanse. Ná onua bi a otumi nya nsɛmma nhomakra pii no fa ɔkwan tiawa bi so a ɛne sɛ obisa ne mfɛfo adwumayɛfo no sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan biribi a ɛyɛ anigye. Sɛ wɔka sɛ yiw a, ɔka ne kra ho asɛm. Onua foforo nso huu ne yɔnko dwumayɛni bi a ɔbɔɔ mpae ansa na ɔredidi. Ɔde hokwan no dii adanse, na ɔbarima no gyee nokware no ntɛm ara. Akyiri yi ɔbarima yi kɔyɛɛ adwuma wɔ Asafo baa dwumadibea bi. Anuanom binom fa nhoma kɔkenkan bere a wɔregye wɔn ahome no. Wɔnam nea wɔrekenkan no ho asɛm a wɔka kyerɛ mfɛfo adwumayɛfo no so de bere no kanyan nokware no ho anigye. Wɔnam saa kwan yi so atumi anya nsɛmma nhomakra. Bio nea ɛho hia ne sɛ wubekura honhom a ɛpɛ a asiesie ne ho mu na woadi adanse. So wode Reasoning From the Scriptures no di dwuma mpɛn pii?
7 So wubetumi asusuw tebea foforo a wubetumi ama wɔakra nsɛmma nhoma, anaasɛ wode nsɛmma nhoma ne nhoma ama wom ho? Dɛn nti na wommɔ mmɔden kɛse wɔ April ne May mu sɛ wobɛkasa akyerɛ afoforo bere a ɛwɔ w’adwene mu sɛ wode nsɛmma nhoma bɛma no?