Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/86 kr. 2-3
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 1
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 8
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 16
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 22
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 29
Yɛn Ahenni Som—1986
km 6/86 kr. 2-3

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JUNE 1

Dwom 31

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de.

20 min: “Yɛn Nnamyɛ wɔ Ɔsom Adwuma no mu a Yebekura Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Bisa onipa biako anaa baanu a wɔayɛ nhwɛso pa wɔ nnamyɛ a wokura mu wɔ mfe pii mu nsɛm. Dɛn na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so ayɛ nnam wɔ Ahenni adwuma mu no?

17 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Adwempa Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ sɛnea adwempa a yebenya wɔ nsɛm a emu yɛ den mu betumi ama biribi pa afi mu aba ho ɔyɛkyerɛ. Fa mo hɔ tebea di dwuma. Adwene a enye bɛn na ɛsɛ sɛ yekwati, na dɛn ntia? Si hia a ɛho hia sɛ yɛbɛyɛ asafo no asasesin nyinaa mu adwuma, ɛwom sɛ ebia ne fã bi renyɛ nea ɛsow aba te sɛ nea aka no anaasɛ ebia ɛho behia sɛ yetu kwan tenten anaasɛ biribi a ɛte saa de, no so dua.

Dwom 66 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 8

Dwom 126

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw ho. Yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ anibu 30 kosi 60 mu ho ɔyɛkyerɛ ahorow. Ɛsɛ sɛ biako yɛ tiawa a mmofra betumi de adi dwuma. Hyɛ nsɛmma nhoma kyekyɛ Memeneda a ɛto so abien wɔ ɔsram mu ho nkuran.

20 min: “Honhom Mu Onyin Adi a Wobɛda Denam Nhyiam Mu Kyɛfa a Wubenya So.” Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo ma simma 5 ɔkasa a egyina nkyekyem anan a edi kan so. Ɔto nsa frɛ nhoma adesua so ahwɛfo baanu ma wɔbɛka ne ho wɔ asɛnka agua so ma wɔne no susuw asɛm no fã a aka ho. Momma mo asɛm no nyɛ nea ɛfata asafo no ahiade. Ɛsɛ sɛ nkɔmmɔbɔ no boa atiefo ma wohu hia a ɛho hia sɛ wɔbɛka wɔn gyidi ho asɛm baguam no. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ ‘asɛm no yɛfo, ɛnyɛ atiefo nko.’​—Yak. 1:22.

15 min: Ka afotu ne nyansahyɛ a ɛfata a mo nsa kae wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ a etwa to mu ho asɛm, anaasɛ boa wɔn ma wɔnhwɛ ne nsrahwɛ a edi hɔ no kwan, sɛ ɛyɛ nea ɛrenkyɛ na waba a.​—Ɔhwɛfo guamtrani di ho dwuma.

Dwom 16 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 16

Dwom 115

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Afei nso, “Ɛrekɔ So Dɛn?” (Hwɛ borɔfo de no mu.) Kamfo anuanom wɔ ntoboa a wɔayi wɔ Betel foforo no si ho no ho.

20 min: “Yɛn Nkɔso a Yɛbɛma Ada Adi.” Ɔkasa a ɛyɛ anigye a atiefo nya mu kyɛfa bi. Wɔ nkyekyem 4 akyi no, bisa ɔdawurubɔfo a wanya honhom fam nkɔso pa asɛm tiawa. Si asɛyɛde a ankorankoro wɔ sɛ wobenya nkɔso so dua.

15 min: Asafo ahiade. Anaasɛ, ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ January 1, 1986 Watchtower mu so, a ɛne “Yehowa​—Ɔso Kɛse!” Ma atiefo nya mu kyɛfa. Kae atiefo ma wɔmfa Reasoning nhoma no mmra dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam.

Dwom 191 ne mpaebɔ a wode wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 22

Dwom 65

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw ho. Yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ ɔkwan a ɛfata wɔ mo asasesin mu ho ɔyɛkyerɛ ahorow. Hyɛ nsɛmma nhoma dwumadi wɔ Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram mu mu kyɛfa a wobenya ho nkuran.

25 min: Reasoning From the Scriptures a Wɔde Di Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Paulo de yɛn adwuma no totoo okuafo a ɛnyɛ dua nko na odua na mmom ogugu so nsu nso na afei ɔtwɛn Onyankopɔn na ‘wama anyin’ no ho. Paulo duae denam asɛmpa no a ɔka kyerɛe so; Apolo yɛɛ afuw no ho adwuma denam nkyerɛkyerɛ a ɔkɔɔ so de mae no so. Apolo de Kyerɛwsɛm no dii dwuma kɛse de ‘guguu so nsu,’ na saa ara na yɛyɛ denam Kyerɛwsɛm mu nsɛm foforo a yɛde ma anigyefo no so.​—1 Kor. 3:5-7; Aso. 18:27, 28.

Onua kumaa a ɔte atiefo mu ma ne nsa so, ɛyɛ no anigye sɛ afei de otumi de Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no di dwuma wɔ asɛnka mu, nanso onnya nyɛɛ sankɔhwɛ ɛ; onnye ne ho nni, ne ho nkokwawee wɔ Bible no a wɔde di dwuma mu. Na sɛ ofiewura wɔ nsemmisa a ɔrentumi mma ho mmuae ɛ? Oguamtrani frɛ onua no ba asɛnka agua so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa nim nea yehia na ɔnam ahyehyɛde no so de mmoa ama. Ɔkyerɛ sɛnea Reasoning nhoma no ka nsemmisa ne nneɛma ahorow pii ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ sɛnea obetumi ahu nsɛm ahorow no denam index no a ɔde bedi dwuma ne afei nhoma no mu nsɛm a edi kan a wɔahyehyɛ no so no mu. Oguamtrani yɛ ne ho sɛ ofiewura a ɔkyerɛ sɛ ogye di sɛ, sɛ Yesu Kristo san ba a, aniwa nyinaa behu no ankasa. (Adi. 1:7) Afei oguamtrani boa no ma ohu asɛm a ɛwɔ kratafa 342 ne 343 no. Onua kumaa de nsɛm a ɛwɔ nhoma mu no di dwuma, ɔne ofiewura susuw ho, na n’ani gye sɛ watumi ama no mmuae, afei de wanya ahotoso kɛse.

Oguamtrani toa ɔkasa no so. Nnipa pii gye nhoma no ara kwa a wommisa asɛm anaasɛ wɔnkyerɛ anigye titiriw biara. Wɔ wɔn mu pii fam no, yebetumi ato nhyɛase ama sankɔhwɛ denam nsɛm bi a yebebisa no so. Ɔyɛkyerɛ: Bere a wagye nhoma akyi no, ɔdawurubɔfo san dan kɔ nkɔmmɔbɔ no so na obisa sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn ahu ankasa sɛ tebea horow a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ yi bɛba wɔ yɛn nkwa nna mu? Mɛpɛ sɛ mɛsan aba wɔ nna kakraa bi akyi na mabɛkyerɛ wo mmuae a Yesu de mae wɔ saa asemmisa no ho.” Ofiewura pene so. Oguamtrani bisa ɔdawurubɔfo nea ɔde besiesie ne ho ama sankɔhwɛ no. Ɔdawurubɔfo twe adwene si asɛm a ɛwɔ “Last days” ase wɔ Reasoning nhoma mu ne nsɛm bi a ɔde bedi dwuma de atoa nea wodii kan bɔɔ ho nkɔmmɔ no so. Nyansahyɛ ahorow yi a yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu betumi ama yɛanya Bible adesua.

Fa bra awiei sɛ, ɛho nhia sɛ sankɔhwɛ yɛ nkɔmmɔbɔ tenten; yebetumi de Kyerɛwnsɛm mu nsɛm abien anaa abiɛsa pɛ adi dwuma. Ebia ebegye nsrahwɛ dodow bi ansa na ofiewura honhom mu aduan ho akɔnnɔ ano ayɛ den kɛse ama Bible adesua. (Mat. 5:3) Reasoning nhoma no betumi aboa efisɛ ekura nsɛm ahorow pii a nkurɔfo taa bisa, na ɛde Bible ma ho mmuae. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ bere ho nhyehyɛe mma sankɔhwɛ. Nya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛtwe koma pafo aba nokware no mu.​—Aso. 16:14

10 min: “Ɔdɔ ma Anuanom a Wɔwɔ Wiase Nyinaa No.” Ɔkasa a ɛyɛ anigye a ɛfa ɔmansin nhyiam mu mfaso ahorow ho a wɔde tĩ nea wosuae wɔ ɔmansin nhyiam a etwa to mu nsɛm mu ne afei nhyiam foforo a ebefi ase July mu no asɛmti so dua a wosi. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ ɔmansin nhyiam a edi hɔ.

Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 29

Dwom 84

20 min: Asafo mu nkaebɔ ne 1986 Yearbook. Ɔpanyin ne adawurubɔfo baasa anaa baanan a wɔyɛ nhwɛso pa a wɔresusuw asɛnka mu osuahu ahorow a ɛyɛ anigye ho. Paw asɛm no fi nea edidi so yi mu: Hwɛ yb86, kr. 16 nky. 1; kr. 18, nky. 4, 5; kr. 21, nky. 1, 3; kr. 22, nky. 3; kr. 29, nky. 2; kr. 33, nky. 2; kr. 44, nky. 2. (Wobetumi aka osuahu afoforo ho asɛm.) Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan 1986 Yearbook no nyinaa na wɔanya honhom mu mfaso kɛse.

15 min: “Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɛn Onyankopɔn?” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ February 8, Awake! mu so, nkratafa 15-17. Ɔpanyin a mmofra tumi bɛn no di ho dwuma. Hyɛ mmofra nkuran kɛse sɛ wɔnyere wɔn ho kɛse wɔ abusuabɔ ankasa a wɔne Yehowa benya no mu.

10 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no a Yɛde Bedi Dwuma Yiye. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɛkyerɛ asɛm foforo no a wɔde di dwuma yiye a ɛrekyerɛ sɛnea yebetumi de nhoma a yɛde rema July no atoam. Fa nkɔmmɔbɔ asɛmti foforo a ɛwɔ July, Yɛn Ahenni Som mu no di dwuma.

Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena