Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/86 kr. 1-3
  • Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛyere Yɛn Ho Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛyere Yɛn Ho Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • DWUMADI TITIRIW WƆ APRIL MU
Yɛn Ahenni Som—1986
km 2/86 kr. 1-3

Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛyere Yɛn Ho Kɛse

1 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asase so nyinaa de ahopere kɛse hwɛ Nkaedi no kwan afe biara. Saa afe afe afahyɛ yi ma yɛn nyinaa kae ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ sɛ ɔde Yesu mae sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ogye afi nkoa a yɛayɛ ama bɔne ne owu no mu no. Sɛ yɛde ade a ɛho hia kɛse yi to nkyɛn a, Nkaedi bere no ma yɛn mu pii nya hokwan a ɛbɛma yɛayere yɛn ho kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu.

2 Wɔ bere a atwam no mu no, na asram a ɛne March, April ne May yɛ bere a eye titiriw ma adawurubɔfo pii sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo. Afe yi, wɔn a wɔyɛ honam fam nnwuma no betumi ahu sɛ March a ekura adapɛn anum no bɛyɛ nea eye titiriw ma wɔn sɛ wɔde nnɔnhwerew 60 anaasɛ nea ɛboro saa bɛyɛ ɔsom adwuma no. So wubetumi ayɛ saa? Sɛ saa a, nhyira horow retwɛn wo.

3 Onua biako a ɔyɛ honam fam adwuma hui sɛ obetumi ayɛ akwampaefo boafo denam fi a obefi ase adi adanse anɔpa wɔ baabi a nnwuma ahorow wɔ wɔ asasesin no mu no so. Saa onua yi nyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii a Bible adesua foforo a ofii ase a na ɔyɛ no anɔpa ansa na wafi adwuma ase ka ho. Onua foforo a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ honam fam adwuma sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo boafo. Esiane sɛ eyi yɛɛ biribi foforo a na akanyan no nti, onyaa akokoduru sɛ obedi adanse bɔnnɔ so wɔ n’adwuma mu. Hwɛ anigye ara a onyae sɛ onyaa nsɛmma nhomakra 9 fii mfɛfo adwumayɛfo hɔ!

DWUMADI TITIRIW WƆ APRIL MU

4 Ada adi sɛ April yɛ ɔsram titiriw ma akwampaefo boafo adwuma. Wɔ April 1984 mu no, yɛn mu 2,688 yɛɛ akwampaefo boafo adwuma. Na ɛno yɛ nkɔanim a ɛboro April 1983 de no so 812. So yebetumi anya dodow a ɛsen biara yi bio? Wɔ April 1985 mu no, yenyaa akwampaefo a wɔboro dodow a ɛsen biara yi so 278, bere a yenyaa akwampaefo aboafo a wɔn dodow yɛ 2,966 no. Eyi kyerɛ sɛ wɔ April a etwaam no mu no, sɛ wɔkyekyem a, asafo biara a ɛwɔ Ghana nyaa akwampaefo aboafo bɛyɛ 6. Bio nso wɔde nnɔnhwerew bɛboro 173,500 yɛɛ asɛnka adwuma. Dɛn na ɛbɛba wɔ April yi mu?

5 Gyidi na ɛma nsɛm a ɛyɛ nwonwa sisi. Hebrifo ti 11 ka nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn asomfo tumi yɛe esiane gyidi nti no ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ “gyidi adwuma” no yɛ nea nhyira wom saa ara! (1 Tes. 1:3) So gyidi bɛka wo nso ma wode wo ho ahyɛ mmɔden titiriw a wɔbɛbɔ April yi mu no mu? Nokwarem no, sɛ w’ahoɔden anaasɛ wo nsɛm tebea yɛ nea ɛrentumi mma wonyɛ akwampaefo boafo a, wubetumi ada wo gyidi adi denam nea wubetumi a wobɛyɛ so, na wo nso wubetumi ahwɛ Yehowa dom ne ne nhyira kwan.​—Heb. 11:6.

6 Adawurubɔfo a wohia nyansahyɛ ahorow wɔ sɛnea wobetumi ayɛ ade wɔ ɔkwan pa so na ama wɔabɛyɛ akwampaefo boafo adwuma no ho betumi aka ho asɛm akyerɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no anaasɛ ɔpanyin foforo. Mpanyimfo betumi adi kan ne saafo a wonim sɛ wɔfata a wobetumi anya ɔsom adwuma mu hokwan foforo yi mu kyɛfa no abɔ nkɔmmɔ. Nsɛm kakra a wofi ayamye mu bɛka de ahyɛ wɔn nkuran anaasɛ nyansahyɛ ahorow a eye a wɔde bɛma no betumi ayɛ nea ɛho hia.​—Mmeb. 25:11.

7 Kae nso sɛ nsa a wɔto frɛ akwampaefo aboafo ne daa akwampaefo sɛ wɔnkɔyɛ adwuma bere tiaa bi wɔ Ɔmantifi no da so ara wɔ hɔ. Ebeduu December 1985 mu no, na nnipa a wɔn dodow yɛ 50 anya saa adwuma yi mu kyɛfa. So afoforo pii betumi de wɔn ho ama? So wubetumi? Dɛn nti na wommɔ Yehowa mpae wɔ ho? Yɛhyɛ nyansa sɛ san kenkan asɛm a ɛne “So Wubetumi Adi Ahiade Titiriw Bi Ho Dwuma?” a ɛwɔ July. 1985 Yɛn Ahenni Som mu no. Ebia wubehu sɛ ɛsɛ sɛ wokyerɛw yɛn sɛ wopɛ sɛ wokɔyɛ adwuma wɔ hɔ.

8 Momma yɛmmɔ mpae nsrɛ Yehowa nhyira wɔ mmɔden a yɛbɛbom abɔ wɔ Nkaedi bere no mu no ho sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa mpempem pii bɛba abenya “ahodwo nna” mu anigye denam abusuabɔ pa a wɔne yɛn Soro Agya no benya no so.​—Aso. 3:20

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena