Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JULY 6
Dwom 142
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Kae wɔn nyinaa wɔ asɛnka nhyehyɛe ne Memeneda a etia abien nsɛmma nhoma dwumadi ho. Ma wɔn nyinaa mfa December 15, 1985 Watchtower mmra dapɛn a edi hɔ.
20 min: “Monyɛ Honhom Mu Hyew.” Nsemmisa ne mmuae. Wɔ nkyekyem 3 no, yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛkyerɛ sɛnea wɔbɛsan akɔsra obi a ɔbaa Nkaedi ase a wasua ade wɔ bere a atwam no mu, a atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛsan akanyan n’anigye.
15 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti. Munsusuw ho na yɛ ɔyɛkyerɛ a wɔde nhoma a yɛde rema mprempren di dwuma wom. Ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan “Kingdom Come” nhoma no mu nsɛm a ɛwɔ ti 3, nkyekyem 3 ne 4 no de kyerɛ sɛnea sɛ wɔde toto ho a, asomdwoe ne ahotɔ a Onyankopɔn de bɛba no ye sen nea nnipa hwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ no. Wɔde sankɔhwɛ ho nhyehyɛe wie ɔyɛkyerɛ no.
Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JULY 13
Dwom 122
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.
15 min: “Ahotoso Ho Hia Kristofo.” Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa a egyina asɛm a ɛwɔ December 15, 1985 Watchtower mu no so. Ma ɛmfa mo asafo no ho.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Borɔn So Adansedi a Etu Mpɔn So.” Nsemmisa ne mmuae. Bere a moasusuw asɛm no ho awie no, yɛ nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ nkyekyem 3 kosi 5 ho ɔyɛkyerɛ. Bisa atiefo na wɔmfa nyansahyɛ afoforo a etu mpɔn wɔ mo asasesin no mu mma.
Dwom 107 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JULY 20
Dwom 101
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ tiaa. Sɛ bere ma kwan a, bisa atiefo ma wɔmfa nsɛmma nhoma mu nsɛntitiriw ho nyansahyɛ afoforo mma. Hyɛ dapɛn yi nsɛmma nhoma dwumadi ho nkuran.
20 min: “Twa Bra Ɔmantifi Bɛboa.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ asafo no mufo bi anya adwuma yi mu kyɛfa wɔ bere a atwam no mu a, bisabisa wɔn nsɛm. Bisa nea asafo no betumi ayɛ de ahyɛ wɔn a wobetumi anya adwuma yi mu kyɛfa no nkuran na wɔaboa wɔn ho nyansahyɛ fi atiefo hɔ.
15 min: Bisabisa daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo kakraa bi nsɛm wɔ nea ɛma wonyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo, sɛnea wɔyɛɛ ho nhyehyɛe ne akwanside anaasɛ ɔhaw ahorow a wodii so ho. Munni kan nsiesie mo ho na ama asɛm no ayɛ nea eye a ɛhyɛ afoforo a wɔrenya nkɔso abɛyɛ akwampaefo no nkuran.
Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JULY 27
Dwom 9
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso, “Fa Nkratawa Dedaw Di Dwuma Yiye,” Ma asafo no nhu nkratawa ahorow a mowɔ. Ebia adawurubɔfo wɔ nkratawa wɔ fie a ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ wɔn asɛnka bag mu na wɔde di dwuma wɔ asɛnka mu. Nea ɛda so ara yɛ nea eye no na momfa nni dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya Kwasida a edi kan wɔ August mu afie afie adwuma mu kyɛfa.
20 min: Dɛn Na Ɛsom Bo Ma Wo? Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa a esi honhom mu nneɛma a yɛde bedi kan na yɛakɔ so anya tumi a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛma yɛanya nea yehia no mu ahotoso so dua. Ɛho hia sɛ yenya eyi ho mmuae pa efisɛ yɛde yɛn koma si ade a ɛsom bo titiriw ma yɛn wɔ asetra mu no so. (Mat. 6:21) Yɛn koma a ɛno na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ ade no ho ban a yɛbɛbɔ na yɛakyerɛ no kwan ma anya ɔpɛ ama nneɛma a eye no fa yɛn daa nkwa ho. (Mmeb. 4:23) Honam fam nneɛma ho adwene a ɛnteɛ a yebenya, sɛ yɛyɛ adefo anaa ahiafo, no etumi ama yɛasusuw honam fam nneɛma ho kwan ahorow a yenni no ho ma atra so. (Mmeb. 10:15; 18:11; Luka 12:15) Ahonyade a ɛsom bo kɛse ne abusuabɔ pa a yɛne Yehowa benya. (Dw. 63:3, 4;73: 27, 28) Honam fam nneɛma ho remma mfaso atemmu da no. (Mmeb. 11:4) Ɛho hia sɛ yɛkari pɛ mprempren, bere a yedi honhom fam botae akyi no. (Mmeb. 30:8, 9) Ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ honhom mu botae ahorow te sɛ akwampaefo boafo ne daa akwampae adwuma ho nkuran anaasɛ wɔma ayeyi afɔre a wɔbɔ ma Yehowa no nya nkɔso na ɛyɛ nea eye. Ɛho nhia sɛ awofo suro sɛ wɔrema wɔn mma daakye ho aba asɛm bere a wɔde honhom fam botae ahorow sisi wɔn anim no.(Dwom 37:25) Sɛ ɛsɛ sɛ yesi gyinae ahorow a ɛho hia wɔ asetra mu a, so yɛda no adi sɛ ɔdɔ a yɛwɔ no fa Yehowa ne Ahenni nneɛma ho anaasɛ ɛfa nneɛma afoforo ho? (Ebia wubetumi ama ebinom a wɔwɔ asafo no mu a wɔayɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu no de nkyerɛkyerɛmu ama.) Momma ɔdɔ a yɛwɔ no nyɛ nea ɛfa nneɛma a ɛtra hɔ daa ho.—Dw. 91:14-16; 2 Kor. 4:18.
15 min: Boa Mmofra ma Wonnya Adansedi Mu Kyɛfa. Nsemmisa ne ɔyɛkyerɛ. Ɛyɛ awofo asɛyɛde titiriw sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma afi wɔn mmofraase. (2 Tim. 3:15) Yɛn nyinaa betumi ama yɛn ani ada hɔ wɔ mmofra a yɛbɛboa wɔn no ho bere a yɛne wɔn yɛ asɛnka adwuma no. Mmofra ani gye ho sɛ wobenya adansedi mu kyɛfa bere a yɛwɔ afie mu no sen sɛ wobegyina hɔ ara kwa. Bisa ɔwofo biako anaa baanu a wɔwɔ mmofra sɛnea wɔma wɔn mma nya adansedi mu kyɛfa wɔ afie mu. Sɛ wɔanyin a, so wɔwɔ asɛnka bag a Bible ne nhoma wom? Wode mmofra kyerɛ na woma wonya kyerɛwsɛm a wɔkenkan anaasɛ nhoma a wɔde ma mu kyɛfa dɛn? Yɛ sɛnea abofra betumi de kratawa a wɔde kyɛ ama ofiewura bere a wannye nhoma a ɔdawurubɔfo a wanyin de mae no ho ɔyɛkyerɛ tiaa. Bio nso, yɛ sɛnea ɔwofo anaasɛ ɔdawurubɔfo a wanyin betumi afi nkɔmmɔbɔ ase na afei wama abofra akenkan kyerɛwsɛm ho ɔyɛkyerɛ tiaa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ mmofra a wɔbɛboa wɔn ma wɔanya afie afie adansedi mu kyɛfa no ho.—Hwɛ Mat. 21:16.
Dwom 210 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 3
Dwom 108
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Wɔn nyinaa nya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa dapɛn yi awiei.
17 min: “Asafo Nhoma Adesua.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma, sɛ ebetumi a, ɔpanyin a ɔyɛ adesua sohwɛfo di ho dwuma. Ma nsɛntitiriw a ɛho hia ma mo asafo no nna adi.
23 min: “1986 Ɔmantam Nhyiam Ho Nhyehyɛe Ahorow.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ekura nkratafa abien a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no nyinaa ho. Ɛsɛ sɛ nhyiam ho nsɛm sohwɛfo di ho dwuma. Kanyan Tamale nsrahwɛ no ho anigye.
Dwom 209 ne mpaebɔ a wɔde wie.