Fa Nea Woasua No Di Dwuma
1 Mose a na ɔwɔ gyidi a ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mode nsɛm yi di dwuma.” (Deut. 11:18, NW) Dɛn nti na ɔde afotu yi mae? Na ɛsɛ sɛ Israel tie Yehowa, wɔdɔ no, na wɔsom no. (Deut. 11:8, 13) Na mmara nsɛm no ara kwa a wobehu nnɔɔso. Na ɛho hia sɛ “wɔde nsɛm yi di dwuma.” Na saa a wɔbɛyɛ no bɛma wɔanya nhyira pii.
2 Wɔ yɛn bere yi mu no, Mose Kɛse, Yesu Kristo, rekyerɛ asomfo anokwafo a wɔne honhom mu Israel ne “nnipakuw kɛse” no kwan. Yɛn nso, ɛho hia sɛ yɛde nea yesua no di dwuma. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma . . . ho.” (Mat. 7:24) ‘Yɛte’ nsɛm yi denam Bible no ne Asafo nhoma ahorow a yɛkenkan ne asafo, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow a yɛkɔ no so. So yɛde nea yɛte no di dwuma?
NNANSA YI NKAESƐM AHOROW
3 Wɔ ɔmansin nhyiam ahorow a etwaam no ase no, wosii hia a ɛho hia sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na yɛanantew ahotew mu esiane bere a yɛwom nti no so dua. Wɔkaee yɛn sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nneyɛe renyɛ te sɛ wiase a aporɔw a yɛte mu no de no, ɛsɛ sɛ yɛtan sum nnwuma. So wode afotu a wɔde mae wɔ video so dwumadi, nhoma, nsɛmma nhoma, ne TV so dwumadi ahorow a enye ho a ebetumi asɛe wo honhom fam yiyedi no redi dwuma? Na kɔkɔbɔ a wɔde mae wɔ apontow ahorow a enye ne nsa a wɔde di dwuma ma ɛtra so ho no nso ɛ? Wɔbɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ adifudepɛ ne nneɛma afoforo a aba so nnɛ a ebetumi ama yɛn bra asɛe akyi a yebedi no mu nso ho. Wɔde afotu a ɛfata mae wɔ yɛn abrabɔ wɔ ɔmantam nhyiam ahorow ase, a hia a ɛho hia sɛ mpanyimfo ne mmofra nyinaa bɛyɛ aso atie dwumadi no sen sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ a ɛbɛhaw afoforo ka ho, nso ho. So wobɛkae afotu yi na wode adi dwuma wɔ nhyiam a edi hɔ a yɛbɛyɛ no ase?
4 Wɔ 1985 mu no, Yɛn Ahenni Som no kaa akwan pii a yebetumi afa so ama yɛn som adwuma anya nkɔso no ho asɛm. Wɔkamfoo sɛnea yɛbɛsan akɔ nnipa a wɔkyerɛ anigye nkyɛn, aka asɛm no wɔ asasesin a nnwuma ahorow wom mu, na yɛama wɔakra nsɛmma nhoma wɔ sankɔhwɛyɛ mu ne nea mmofra betumi ayɛ de asiesie asɛm a egyina Kyerɛwnsɛm so a wɔde bedi dwuma kyerɛe. Nokwarem no, September 1985 Yɛn Ahenni Som no kaa asɛm a adawurubɔfo nkumaa betumi de adi dwuma ho asɛm. Ɛde akwankyerɛ a ɛbɛboa adawurubɔfo a wɔn aba mu bu anaasɛ wontumi nna ahotoso adi bere a wɔwɔ afie mu no mae. So wode nea woasua no redi dwuma?
5 Wɔ September mu no, yɛde nhoma foforo a ɛne Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? ne kratawa a ɛne Kingdom News No. 33 bɛma wɔ afie afie mu. Wɔ April ne May a etwaam no mu no, yɛn nyinaa nyaa hokwan tiee ɔkasa awotwe a egyina nhoma yi so. Enti yenim emu nsɛm. Ɛwom, yɛn mu pii de bi ama wɔ asɛnka mu dedaw. Wubehu sɛ esiane nhoma no fɛ nti, ɛma nkurɔfo gye mpɛn pii. Hwɛ sɛ wubenya bi na ama woatumi de ama. Nanso, sɛnea yɛaka dedaw no, sɛ afiewuranom ntumi nkenkan borɔfo a, fa biribi a ɛwɔ kasa a wotumi kenkan mu, te sɛ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Tra Ase Daa nhoma no ma. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu di dwuma yiye. Ɛdenam saa yɛ so no, wubesiesie wo ho yiye ma ‘woakyerɛkyerɛ nea Yesu ahyɛ yɛn no nyinaa.’—Mat. 28:20.