Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/86 kr. 3-4
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Enti Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 8/86 kr. 3-4

Asemmisa Afã

● Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa yɛn Bible adesuafo ma wɔafata ama asubɔ sɛ Yesu Kristo asuafo?

Yebetumi ayɛ eyi wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so denam (1) ofie Bible adesua a yɛne wɔn bɛyɛ daa. (2) nkuran a yɛbɛhyɛ wɔn ma wɔakɔ dapɛn dapɛn asafo nhyiam ahorow anum no na wɔanya mu kyɛfa ne (3) sɛ yɛbɛboa na yɛatete wɔn ma wɔanya asɛnka mu kyɛfa bere a wɔafata wɔ Kyerɛwnsɛm mu ntɛm ara no so.

Osuani yɛ obi a ogye ɔfoforo nkyerɛkyerɛ tom na ɔma enya nkɔso. Enti ɛnyɛ Bible mu nokware no ho nimdeɛ atitiriw no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɔ wɔn asu no nya, na mmom ɛsɛ sɛ wɔde wɔn asetra kyerɛ sɛ wɔte Yehowa trenee gyinapɛn ahorow ase na wɔredi so dedaw. Bio nso, sɛ Yesu Kristo asuafo no, wogye Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no ne tumi a Yesu Kristo di denam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so no tom. (Mat. 24:45-47; Aso. 1:8) Esiane sɛ wohu ntɛmpɛ a yɛn bere yi gye nti, wɔde wɔn ho abɛbɔ Yehowa nkurɔfo ho na wɔreyɛ adwuma a Yesu fii ase na ɔde hyɛɛ n’akyidifo nsa no.​—Luka 8:1; Mat. 24:14.

Eye sɛ yɛbɛma atra yɛn adwenem sɛ yɛreboa Bible adesuafo ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo na ɛnyɛ yɛn ankasa de. Sɛ ɛba sɛ esiane yɛn ankasa nsɛm tebea, bere a yɛwɔ, nea yetumi yɛ anaa nneɛma afoforo a ntease wom nti, yentumi mmoa Bible suani mma onnya nkɔso a ehia a ɛbɛma wabɛyɛ osuani a, ɛsɛ sɛ yɛne mpanyimfo no susuw ho. Wobetumi de nyansahyɛ a eye ama ma aboa ma osuani no anya nkɔso wɔ honhom fam ma ɛne ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 3:5-9 no ahyia.

Ɛsɛ sɛ motoa ofie Bible adesua no so kosi sɛ mubewie nhoma abien a ɛne Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ne United in Worship of the Only True God no, sɛ mpo osuani no fata na wɔbɔ no asu ansa na moawie nhoma abien no a. Sɛ nhoma yi biako anaa n’abien nyinaa nni kasa a otumi kenkan mu a, wubetumi de Asafo nhoma ahorow a ɛte sɛ eyi a Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ wom a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛteɛ a Yehowa hwehwɛ afi adesamma hɔ no mu adi dwuma.

Mpanyimfo betumi ayɛ pii de aboa wɔ ɔkwan a ɛne nea wɔaka wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 178 hyia no so. Sɛ obi a wahyira ne ho so foforo kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ntɛm ara na wɔne no tĩ nsemmisa a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no mu no mu. Monntwɛn mma ɛnka dapɛn biako anaa abien ma moakɔ nhyiam no ansa. Mmom no, monyɛ no ntɛm na ama moanya bere a ɛdɔɔso a mode besua awie na moasi gyinae sɛ ebia onnii no fata sɛ wɔbɔ no asu anaasɛ dabi ansa na moakɔ nhyiam no. Ebinom nsua nwie na ebinom nso mfi ase ntɛm na eyi de ɔhaw ba na ɛma nneɛma yɛ basaa wɔ nhyiam no ase.

Momma yɛn nyinaa mfa nsiyɛ mmoa yɛn Bible adesuafo ma wonya nkɔso na wɔmfata mma asubɔ sɛ Yesu Kristo asuafo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena