Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/86 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1986
Yɛn Ahenni Som—1986
km 8/86 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma August: Wubetumi de brochure a edidi so yi mu biako ama de agye ¢20. Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase So Daa! ne The Divine Name That Will Endure Forever ne Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. Eyi bɛhyɛ obiara nkuran a mmofra ne adawurubɔfo afoforo ka ho ma wɔde biribi ama wɔ asɛnka mu. Bɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn a wode bi bɛma wɔn befi ofie Bible adesua ase.

● Asafo biara nsa bɛka Literature Inventory kratasin abiɛsa na ɛsɛ sɛ wɔkan nhoma a wɔwɔ no nyinaa. Yɛsrɛ mo, monhyehyɛ eyi sɛnea akwankyerɛ a ɛwɔ so no te na momfa mmana Asafo ti no ansa na September 6 adu. Momfa nea ɛto so abiɛsa no nni dwuma bere a moyɛ ho adwuma no.

● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow fi ase kyerɛw wɔn a wohia 1987 kalenda no bi din mprempren. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ dodow a wohia no wɔ Literature Order kratasin (S-14) no so na wɔde brɛ Asafo ti no September 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Kalenda yɛ controlled Stock nneɛma. Monnkra ngu mo asafo no mu na mmom monkra nea muhia nkutoo. Yɛde kalenda no ho ka bɛka mo nhoma ka ho enti sɛ mode sika remana de atua ho ka a, momfa nka nhoma sika a ɛwɔ (S-20) kratasin no so no no. Yebetwɛn akosi sɛ yɛn nsa bɛka kalenda no wɔ ɔman yi mu ansa na yɛde nea moakra no amana mo, enti sɛ ɛkyɛ a monnsan nnkra. Sɛ mubehia FOFORO aka ho a mubetumi ayɛ saa, nanso monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw kratasin no so sɛ “FOFORO A WƆASAN AKRA.”

● Ɛsɛ sɛ Ɔsom Boayikuw no hyehyɛ Congregation Analysis Report kratasin (S-10) na wɔde mana Asafo ti no ansa na September 6 adu. Wɔ afe a etwaam no mu no, asafo ahorow pii amfa eyi ammana ntɛm ma enti yɛantumi amfa anka ɔman no akontaabu no ho. Yɛsrɛ mo, momfa mmana ntɛm afe yi. Monhwɛ sɛ moahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ na munni akwankyerɛ a ɛwɔ kratasin no so no akyi yiye. Momfa biako mmana Asafo ti no. Momfa biako nto mo asafo no mu.

● Eyi ne ɔsram a etwa to wɔ ɔsom afe no mu. Hwɛ sɛ wubenya asɛnka adwuma mu kyɛfa na wode w’akontaabu aba ntɛm Kwasida. August 31. Ɛsɛ sɛ asafo akyerɛwfo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔde asafo akontaabu no bɛmana ansa na Memeneda, September 6, adu.

● ƆMANSIN NHYIAM AHOROW:

August 2, 3: Ɔmansin 1 wɔ Nungua

August 2, 3: Ɔmansin 20 wɔ Dwinase

August 9, 10: Ɔmansin 19 wɔ Nungua

August 9, 10: Ɔmansin 11 wɔ Obuasi

August 16, 17: Ɔmansin 16 wɔ Tarkwa

August 23, 24: Ɔmansin 3A wɔ Somanya

August 23, 24: Ɔmansin 17B wɔ Aiyinasi

August 30, 31: Ɔmansin 17A wɔ Takoradi

August 30, 31: Ɔmansin 3C wɔ Nungua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena