Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 5
Dwom 148
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda yi. Ka nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw a wɔn ani begye ho wɔ mo ho ho asɛm tiaa.
20 min: “Nya Nkɔso wɔ Wo Som Adwuma Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni hɔ sɛnea bere ma kwan. Yɛ ɔyɛkyerɛ biako a wɔasiesie no yiye a ɛyɛ tẽẽ a egyina nkyekyem 8 so. Ma asɛm no mfa mo ahiade ho.
15 min: Abusua Ahosiesie ma Asɛnka, Abusua nkɔmmɔbɔ. Abusua ti di anim wɔ nkɔmmɔ a ɔne ne yere ne ne mma bɔ a abofra a onnii mfe dumiɛnsa ne nea ɔreyɛ anya mfe aduonu ka ho mu. Agya twe adwene si asɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma kratafa 11 wɔ “FAMILY/CHILDREN” ase no so. Ɔda no adi sɛ nnianim nsɛm yi ne mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no bɛkɔ paa. Ɔyere no betumi akyerɛ sɛ ɛte saa. Obisa ɔyere no sɛnea wabɔ ne tirim sɛ ɔde nnianim nsɛm yi ne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no bedi dwuma na ɔde New World Translation Bible no ne Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ nhoma no ama wɔ wɔn asasesin mu faako a mmusua ne mmofra pii wɔ no. Ɔyere no ani gye sɛ mmofra no biako bɛka ne ho wɔ afie afie adwuma no mu na wakenkan kyɛrɛw nsɛm a wɔde bedi dwuma no biako. Agya bisa ɔbabarima anaa ɔbabea panyin sɛnea mmofra betumi de eyi adi dwuma yiye wɔ afie afie som adwuma mu. Bere a abofra akyia ofiewura akyi no, obetumi abisa sɛ mmofra wɔ abusua no mu na afei wabisa ofiewura nea osusuw sɛ ɛwɔ hɔ ma ne mma anaa mmofra afoforo a wɔwɔ hɔ nnɛ no daakye. Afei ɔdawurubɔfo kumaa no betumi aka sɛ ɛwom sɛ mmofra pii aba mu abu ɛsiane nea ɛwɔ hɔ ma wɔn daakye no nti de, nanso ɔwɔ anidaso esiane nea n’awofo aboa no ma wahu afi Bible no mu nti. Ɛsɛ sɛ eyi kosi mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no so. Afei wobetumi aboa abofra a onnii mfe dumiɛnsa no ma wasiesie ɔkasa tiawa a ɔde bɛma Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ nhoma no anaa nsɛmma nhoma foforo a aba, anaasɛ wɔakyerɛ no sɛnea wɔma nkratawa anaa wɔto nsa frɛ obi bere a ɔne ɔwofo reyɛ adwuma no. Ɛsɛ sɛ oguamtrani hyɛ awofo nkuran ma wogye bere boa abusua mufo ma wosiesie wɔn ho ma afie afie adwuma a etu mpɔn.
Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 12
Dwom 14
10 min: Asafo mu nkaebɔ, sika akontaabu ne “Ɛrekɔ So Dɛn?” Kamfo asafo no wɔ Ahenni adwuma ho honam fam mmoa no ho. Kyerɛ ntoboa biara a mode ama a wɔakyerɛ wɔ Monthly Statements foforo a efi Asafo ti no so.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Anigyefo Nkyɛn a Yɛbɛsan Akɔ Ntɛm no So.” Wɔde asemmisa-ne-mmuae susuw ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa ɔdawurubɔfo a ɔreyɛ nhyehyɛe wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu ama sankɔhwɛ akyiri yi wɔ dapɛn koro no ara mu ho. Bere a moasusuw nkyekyem 6 ne 7 ho akyi no, yɛ ofiewura a wannye nhoma a wɔde rema a ɔdawurubɔfo kɔ so ne no bɔ Bible mu nkɔmmɔ tiaa ho ɔyɛkyerɛ. Bere a ɔdawurubɔfo ne ne hokafo fi ofie hɔ no. wɔka nea enti a ɛsɛ sɛ wɔsan kɔ hɔ ho asɛm.
15 min: Wubu Potwaa Dɛn? Ɔkasa a egyina “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 1, 1986, Watchtower mu so.
Dwom 138 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 19
Dwom 133
12 min: Asafo mu nkaebɔ, Teokrase Nsɛmmansɛmma, ne mo asafo asɛnka akontaabu. Ɔsom adwuma sohwɛfo anaa onua foforo a ne ho akokwaw kamfo asafo no wɔ asɛnka adwuma mu nkɔso ho na osi emu nneɛma atitiriw so dua. Obetumi de nyansahyɛ a ɛfata ama wɔ nkɔso a wɔbɛkɔ so anya ho, na wasi adwuma a wɔde ahyɛ asafo no nsa sɛ wɔnka “ahenni no ho asɛmpa yi” no so dua. (Mat. 24:14) Twe adwene si July ɔsom akontaabu ma Ghana mu nsɛntitiriw ne afã a mo asafo no nyae wom so.
18 min: “Asɛnka Nhyiam Horow a Etu Mpɔn.” Ɔkasa a sɛ ebetumi a nhoma adesua sohwɛfo a ɔfata ma. Si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛba nhyiam yi ntɛm na wɔanya nea wɔbɛka no mu mfaso kɛse so dua. Fa Asɛnka Nhyiam a wɔasiesie no yiye ho ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi de nsɛmma nhoma foforo a aba ama wɔ mo asasesin mu Memeneda a edi hɔ wie. Bere a moaka emu nsɛntitiriw ho asɛm akyi no, yɛ ho ɔyɛkyerɛ abien a ɛfata a biako yɛ nea wɔde Ɔwɛn-Aban rema na foforo nso yɛ Nyan! no. Ɛsɛ sɛ asɛm no yɛ tẽẽ a ɛyɛ simma biako anaa nea ennu saa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa Memeneda a ɛto so anan.
15 min: “Ahobrɛase Koma a Yɛde Begyina Afoforo Ananmu Abɔ Mpae.” Ɔkasa a egyina asɛm a efi ase wɔ May 15, 1986, Watchtower no kratafa 21 so no so.
Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 26
Dwom 144
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa New World Translation Bible no ne Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ nhoma ɔsatu a yɛreyɛ mprempren no ho amanneɛbɔ ma. Ma adawurubɔfo nka osuahu biako anaa abien a woapaw a ɛfa eyi a wɔde ma ho nkyerɛ. So wɔafi Bible adesua ase? Hyɛ ho nyinaa a wɔde bɛhyɛ asɛnka mu dapɛn awiei yi a ɛyɛ November Kwasida a edi kan ho nkuran.
20 min: “Ma Wo Gyidi Nyɛ Den Denam Kokoam Adesua So.” Nnianim asɛm tiaa a egyina nkyekyem 1 so akyi no, fa nsemmisa ne mmuae di nkyekyem a aka no ho dwuma. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow sɛnea bere ma kwan. Sɛ moresusuw nkyekyem 6 ho a, fa nyansahyɛ a ayɛ nea eye ma anuanom wɔ mo hɔ ma. Wubetumi ama ɔdawurubɔfo bi aka nea aboa no ma wanya kokoam adesua mu nkɔso a ahyɛ ne gyidi den ho asɛm tiawa.
15 min: Asafo ahiade anaasɛ mubetumi de bere no adi ɔfã bi a moanyɛ nnansa yi bere a mokɔɔ ɔmansin nhyiam ho dwuma.
Dwom 202 ne mpaebɔ a wɔde wie.