Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/86 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 2
  • DAPƐN A Efi ASE NOVEMBER 9
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 16
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 23
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 30
Yɛn Ahenni Som—1986
km 11/86 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 2

Dwom 43

13 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Afei nso, Nea Yɛde Rema November. Adawurubɔfo baanu a wɔn ho akokwaw bɔ nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw hɔ nkɔmmɔ a nsɛmma nhomakra wɔ wɔn adwenem. Wɔkyerɛ nea enti a ani begye nsɛm pɔtee bi ho wɔ asasesin mu. Wɔn mu biako yɛ n’abien nyinaa kra ho ɔyɛkyerɛ. Oguamtrani hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya n’abien nyinaa a wɔbɛma wɔakra ɔsram yi ho adwempa. Kae wɔn nyinaa ma wonkogye nsɛmma nhoma na wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa Memeneda a etia abien yi.

15min: “Yi Téma Adi wɔ Wo Som Adwuma Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ.

17 min: Reasoning From the Scriptures. Ɔpanyin ne aberante a ohu sɛ n’ani reyɛ agye wiase no ho ntam nkɔmmɔbɔ. Ɔpanyin de asɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma, nkratafa 339-93 a ɛne “Wiase no Honhom” di dwuma. Ɔpanyin kyerɛkyerɛ wiase honhom mu na ɔkyerɛ nea enti a yɛn ho fi a ebegu yɛ yɛn asenhia no. (1 Yoh. 5:19; Adi. 12:9) Ɔpanyin twe onua no ba nkɔmmɔbɔ no mu na ɔne no susuw nsɛm yi ho: Sɛ wiase no honhom nya yɛn nsusuwii ne akɔnnɔ so tumi a, ɛsɛe yɛn honhom mu yiyedi. Wiase no honhom gyina ahantan ne atua a wɔtew tia Yehowa so. Nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ na yɛatwe yɛn ho afi wiase honhom ho. Ɛho hia sɛ yekwati Hawa ahopɛ kwan no na yɛko tia su a ɛbɛma yɛasɔre atia tumidi. Akwan a wiase honhom fa so da adi wɔ nkurɔfo abrabɔ mu nnɛ. Honam fam ade dodowpɛ ho asiane; abusuabɔ a ɛne wiase honhom wɔ. Sɛnea ɔkasa ne nneyɛe a ɛmfata de honhom a enye ba. Nsonsonoe a Bible kyerɛ sɛ ɛda honhom muni ne ɔhonam muni ntam. Ɔmmfa nnipa nyɛ anyame. Ɔpanyin de osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛ sɛ yɛamfa yɛn ho anhyɛ wiase no dwumadi ahorow mu a, yɛnhwere biribiara wie. Wɔ Afrika ɔman bi mu no na ɛsɛ sɛ abeawa bi a wadi mfe akron ne n’awofo fi asase a wɔabara adwuma no wɔ hɔ so kɔ ɔman foforo so, faako a odii mfe 14 wɔ aguanfo atrae no. Ne mmofrabere nyinaa yɛ asomdwoe asetra a ɛfa Bible adesua ne nhyiam horow ho. Ɛnnɛ ɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Ɛnyɛ nea onyaa wiase no ne n’anigyede mu kyɛfa de, nanso wanhwere biribiara! Aberante kyerɛ nkɔmmɔbɔ ho anisɔ.

Dwom 80 ne mpaebɔ a wɔde nie.

DAPƐN A Efi ASE NOVEMBER 9

Dwom 69

7 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.

18 min: “So Wobɛba Abɛka Akwampaefo no Ho Nnansa yi Ara?” Wo ne atiefo mmɔ asɛm ho nkɔmmɔ. Ma wɔn a wɔyɛ akwampaefo anaasɛ wɔayɛ bi pɛn nka osuahu ahorow nkyerɛ a ɛfa sɛnea akwampae adwuma ama wɔn asetra ayɛ anigye na ama wɔatumi aboa afoforo ho. Hyɛ wɔn a wobetumi nkuran sɛ wɔmmɛka akwampaefo ho.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Asan Akɔhwɛ Wɔn a Wɔakra Nsɛmma Nhoma a Ɛreyɛ Asa.” Nsemmisa ne mmuae. Fa Asafo ti krataa a wɔkyerɛw no September 1, 1986 a wɔde kɔmaa “Asafo Akyerɛwfo ne kuropɔn so Ahwɛfo” mu nsɛm ka ho. Afei nso yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa ɔdawurubɔfo a ɔrekɔ nsɛmma nhomakrafo nkyɛn ho a egyina nkyekyem 6 so. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo hwɛ sɛ ɔde nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ foforo a aba mu bi bedi dwuma. Si hia a adwempa ne anidaso a yebenya ho hia so dua. Ɛsɛ sɛ oguamtrani ka kyerɛ wɔn nyinaa ma wɔkɔhwɛ amanneɛbɔ pon no so na wohu akwankyerɛ foforo a ɛfa sɛnea wodi nsɛmma nhomakra ho dwuma ho no. Ɛsɛ sɛ asafo ɔkyerɛwfo ne onua a ɔhwɛ nsɛmma nhomakra so hyɛ eyi nsow titiriw. Ɛbɛyɛ nea eye sɛ oguamtrani bɛtwe adwene asi S-11 kratasin, “How to Handle Subscription Properly” no so na ɔhwɛ sɛ wɔde abɔ hɔ ansa na Ɔsom Nhyiam yi afi ase.

Dwom 167 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 16

Dwom 100

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa a wobenya Memeneda a ɛto so anan ho nkuranhyɛ ka ho.

10 min: “Yɛn Nyankopɔn Fi no a Yɛrennyaw.” Nsemmisa ne mmuae. Kyerɛ nea wobetumi ayɛ wɔ mo hɔ pɔtee de ama Ahenni Asa no ne ɛho asiesie akɔ so.

20 min: Reasoning Nhoma a Yɛde Bɛhyɛ Yɛn Ho Yɛn Ho Nkuran. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow a egyina nkratafa 117-21 so. Ná Barnaba yɛ obi a ɔwɔ afoforo ho anigye ne ɔyamyefo. Ofi ne pɛ mu de ne ho mae de ma ne nuanom. Antiokia a ɔkɔe no bɛyɛɛ nkuranhyɛ maa asuafo afoforo no. Ne nkuranhyɛsɛm no kanyan asuafo afoforo no ‘ma wɔde abodam bataa Awurade ho.’ (Aso. 11:23) Biribi tumi fi nkuranhyɛ a wɔde ma yiye mu ba. Nea onya no nya akokoduru, anidaso, ne ahotoso a ɔde behyia nsɛnnennen.

Yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. Dɛn na yebetumi aka na yɛayɛ de aboa yɛn ho yɛn ho ma yɛadi nsɛnnennen ho dwuma na yɛakɔ so de “abodam” asom Yehowa? ƆYƐKYERƐ: (1) Ɔdawurubɔfo kɔsra ɔdawurubɔfo a wanyin. Ɔdawurubɔfo a wanyin ntumi nkɔ adesua daa esiane ɔyare nti na ama ne honhom abotow. Ɔdawurubɔfo ka n’ani a ɛsɔ mfe pii a ɔdawurubɔfo a wanyin de asom nokwaredi mu ho asɛm na ebia ɔka osuahu a ɛyɛ anigye a onyae bere a ɔne ɔdawurubɔfo a wanyin kɔɔ asɛnka bere bi ho asɛm. Nkɔmmɔbɔ no dan kosi 2 Korintofo 4:13, 16 ne Reasoning nhoma mu nsɛm a ɛfa ho so. (2) Anuanom baanu a wɔrebɔ nkɔmmɔ bere a wɔapɔn nhyiam. Nkɔmmɔbɔ no dan kɔ ɛda no mu dwumadi ahorow ne honam fam adwuma so. Biako ka sɛnea n’adwuma ho aba asɛm esiane adwumayɛkuw no a ebia ebegu nti ho asɛm. Wɔte beae a sika ho asɛm yɛ den wɔ na ɛyɛ den mpo dedaw ma onua yi sɛ ɔbɛhwɛ ne ho. Onua biako no te nka ma no; ɛyɛ den ma ɔno nso. Nea Kyerɛwnsɛm no ka no na ɛma onya asomdwoe. Reasoning nhoma, wɔ “Sikasɛm mu ahokyere ase, kratafa 120. Nkɔmmɔbɔ no gyina Mateo 6.33 ne Romafo 8:35, 38. so.

Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 23

Dwom 68

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

25 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo ahiade te anaasɛ “Nya Adwempa.” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a egyina asɛm a ɛwɔ June 1, 1986, Watchtower kratafa 28 so.

28 min: “1986 ‘Ɔsoro Asomdwoe’ Ɔmantam Nhyiam”​—Ɔfa I, Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 1-14 ho. Si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛtra ase komm atie dwumadi no so dua. Nhyiam ho nsɛm sohwɛfo di ho dwuma.

Dwom 147 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 30

Dwom 177

25 min: Asafo mu nkaebɔ.

25 min: “1980 ‘Ɔsoro Asomdwoe’ Ɔmantam Nhyiam“​—Ɔfã 2. Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa no nkyekyem 13-31 ho. Ɛsɛ sɛ obiara susuw “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” no ho yiye. Si hia a su ne ahosiesie pa ho hia bere a yɛkɔ nhyiam so dua. Ɔhwɛfo guamtrani di ho dwuma.

13 min: Nea Yɛde Bɛma December. Yɛde Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm no bɛma wɔ Engiresi, Twi ne Ewe mu. Yede Tra Ase Daa nhoma no bɛma wɔ Ga mu. Yɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a yebetumi de adi dwuma yi ho ɔyɛkyerɛ. Asɛmti: Ase a Wobɛtra Daa wɔ Asase So​—So Ebetumi Ayɛ Yiye? Fa Tito 1:2 di dwuma kyerɛ sɛ ɛwɔ daa nkwa ho bɔhyɛ a edi mũ. Afei wubetumi akenkan Mmebusɛm 2:20 di de akyerɛ sɛ atreneefo benya daa nkwa mu anigye wɔ asase so. Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no Ɔfã 8 ka “Bɔne Nyinaa Awiei,” “Paradise Foforo wɔ Asase So.” ne “Sɛnea Yɛbɛyɛ ntra Ase Daa” ho asɛm. Eyinom yɛ nea yebetumi de atõa nkɔmmɔbɔ asɛmti foforo no mu fɛfɛɛfɛ. Fa nhoma no ma mpanyimfo na ma wonhu sɛ ɛyɛ nhoma a ɛho wɔ mfaso ma mpanyimfo a enye sɛ ɛyɛ mmofra nhoma ara kwa. Ankyinnye biara nni ho sɛ asɛmti foforo yi bɛma yɛatumi adannan yɛn nsɛm mu, ne titiriw no wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa Kwasida a edi kan December mu. Tĩ kuw adansedi nhyehyɛe mu.

Dwom 52 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena