Adwuma a Ɛwɔ Daa Akatua Ahorow
1 Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.” (2 Tim. 4:5) Ɛmfa ho sɛnea na ebia nneɛma afoforo bi a Timoteo ani gye ho no te no, ɔde ne nkwa yɛɛ Onyankopɔn adwuma. Ɔne Paulo boom somee na ɔnam so kyerɛe sɛ ‘ɔhwehwɛ nea ɛyɛ Kristo de’ ampa. (Fil. 2:19-21) Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo asomfo nyinaa nya honhom a ɛte saa ara.
2 So ɔsom adwuma no som bo ma wo? So wubetumi de akwampae ayɛ w’adwuma? (Mat. 6:33; 2 Kor. 4:1, 7) Wubenya anigye a ɛne hu a wubehu sɛ wunya hokwan ahorow fi da biara a wode bɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo na woaboa wɔn ma wɔahu no na wɔadɔ no no. (Dw. 96:1-4) Hwɛ anigye a enni kabea ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ nkurɔfo gye Bible nkyerɛkyerɛ no tom! Eyinom mu binom yɛ wɔn a na kan wobu bra bɔne, nnipa a wodi nsɛmmɔne, anaasɛ nnipa a wonni anidaso. Esiane sɛ wɔagyae wɔn kan su bɔne ahorow no na woanya obu ama wɔn ho nti, afei de wosom Yehowa. Akwampae yɛ adwuma a ɛsom bo na ebetumi de nnepa a ɛtra hɔ daa aba. Enti hwehwɛ wo nsɛm tebea mu, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa bere pɔtee bi si hɔ sɛ wo botae a wode befi bere nyinaa som adwuma no ase. Yɛ ho adwuma. Bɔ Yehowa mpae na ɔmmoa wo na du ho. (Efe. 6:18) Ɛho akatua no so!
ASETRA KWAN A MFASO WƆ SO
3 Akwampae adwuma a wode adwene a ɛteɛ ne ɔpɛ a wowɔ sɛ wubenya honhom mu nkɔso bɛyɛ no bɛboa wo ma woanya asetra ho adwene a ɛyɛ honhom mu de kɛse. Ebetumi aboa wo ma woakari pɛ, adi wo bere ne sikasɛm ho dwuma nyansam, na woapene asetra mu ahiade a wowɔ no so. (1 Tim. 6:6) Ebia akwampae adwuma no bɛma ɛho ahia sɛ wode nneɛma bi bɔ afɔre. So wobɛpɛ sɛ woyɛ saa esiane ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa nti? Sɛ saa a, ɛnde wubesua sɛ wode wo ho bɛto Yehowa so kɛse sen sɛ wode wo ho bɛto w’ankasa so. Eyi bɛbɔ wo ho ban afi wiase no mu anibere, akɔnnɔ, ne fekubɔ a enye no ho. Akwampae adwuma mu mfaso horow no betumi ayɛ nea ɛwɔ hɔ daa.—Mal. 3:10.
HYƐ AKWAMPAE ADWUMA HO NKURAN
4 Ɛnnɛ, ɛyɛ Kristofo pii anigye sɛ wɔn awofo yii akwampae honhom adi. Sɛnea ɔsɛmpatrɛwfo biako ka no: “Wɔ me mmofraase nyinaa na me na yɛ nnam kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. Migye di sɛ ɛnyɛ nea ɔkae no titiriw na enyaa me so tumi kɛse ma minyaa ɔpɛ sɛ mede me nkwa bɛsom wɔ bere nyinaa som adwuma no mu ama Yehowa, na mmom nea ɔyɛe, ne nhwɛso pa no.” Onuawa bi a ɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu se: “Honam fam ade dodowpɛ akyi a me na nni, ne n’adwene a emu da hɔ wɔ nokware no ho no na ɛboaa me a amma mammfa me ho anhyɛ honam fam adwuma mu no.” Ɔsomfo kumaa bi kae wɔ n’awofo ho sɛ: “Wɔde akwampae adwuma mu anigye ne hokwan ahorow, ne sɛnea Yehowa hyira akwampaefo no si m’anim daa. Eyi ne nea ɛsɛ sɛ awofo nyinaa yɛ efisɛ aboa me ankasa. Wobetumi ahyɛ mmofra no nkuran ma wɔde wɔn kra nyinaa asom Yehowa.” Yehowa kae awofo a wɔnyɛ pɛsɛmenkominya a wɔwɔ ɔdɔ a ɛte sɛɛ no na otua wɔn ka.
5 Yɛte awiei bere a “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” mu. (Mat. 24:14) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu.” (Mat. 9:37, 38) Hia a adwumayɛfo ho hia nnɛ no yɛ kɛse sen Yesu bere so no mpo. Enti, akwampaefo no wɔ afã kɛse wɔ afoforo a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn yi mu, sɛ: “Mo ne me nkamfo [Yehowa] kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so.” (Dw. 34:8) Nokwarem, biribiara nni hɔ a ɛne akomatɔyam ne ahotɔ a efi obi nkwa a ɔde som wɔ yɛn Bɔfo Kɛse no bere nyinaa som adwuma mu ba no sɛ.—Mmeb. 10:22.