Nkaebɔ Ahorow
● Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo ne onua a ɔhwɛ nhoma so no hyɛ ɔsatu ahorow a yɛbɛyɛ a edidi so yi nsow na wosiesie wɔn ho mprempren denam nhoma a ɛdɔɔso a wɔbɛkra no ntɛm na ama asafo no anya nea wohia no so. December: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm. Yɛde Tra Ase Daa nhoma no bɛma wɔn a wɔka Nkran kasa no. January ne February 1981: Asafo biara bɛbɔ mmɔden de ne nhoma anaa nhomawa dedaw anaa nea ɛdɔɔso ama. March ne April, 1987: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So.
● Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛma mo aso ate sɛ wɔayɛ Cost List foforo. Yɛde anan remana asafo biara. Ɛsɛ sɛ wɔkyekyɛ ma ɔkyerɛwfo no ne anuanom a wɔhwɛ nhoma, nsɛmma nhoma ne sika so no.
● Asafo ahorow no betumi akra 1986 Watchtower ne Awake! bound volumes mprempren. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ eyi yɛ controlled stock nneɛma. Monkra nea muhia nkutoo.
● Good News for All Nations. So wowɔ nhomawa yi bi? Ɛyɛ nhomawa a ekura nkratafa 64 a Ahenni ho asɛm tiaa a ɛwɔ kasa horow 59 mu a Arabic, Chinese, Engiresi, Franse, German, Korean, Russian ne Yoruba ka ho. Wɔayɛ ma atumi aboa wo ma woadi adanse bere a woahyia ɔhɔho wɔ asɛnka mu no.
● Yɛrebɔ asafo ahorow no amanneɛ sɛ wobetumi akyɛ Nhoma Adesua a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama nhyiam dapɛn no mu abien na wɔde fã aka nea wobesua wɔ dapɛn a edi nhyiam dapɛn no anim no ho na wɔde fã a ɛbɛka no aka dapɛn a edi nhyiam dapɛn no akyi de no ho. Sɛ ɛho hia a, wobetumi ayɛ adapɛn abien yi adesua no a wɔnnkenkan nkyekyem no.