Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/86 kr. 3-4
  • Nhoma Titiriw a Yɛde Bɛma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma Titiriw a Yɛde Bɛma
  • Yɛn Ahenni Som—1986
Yɛn Ahenni Som—1986
km 12/86 kr. 3-4

Nhoma Titiriw a Yɛde Bɛma

1 Wɔ January ne February mu no, adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa betumi de nhoma nketewa a edidi so yi mu biara ama de agye ¢50: Choosing, Commentary on James, Evolution (dedaw no) , Holy Spirit, Life Does Have a Purpose, Asomdwoe ne Ahotɔ (dedaw no) , So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ? World Government, Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye, Onyankopɔn “Daa Atirimpɔw”, Nokware nhoma no ne Is the Bible Really the Word of God?

2 Yɛwɔ nhoma ahorow yi bi wɔ baa dwumadibea ha, gye sɛ Choosing ne Life Does Have a Purpose nhoma no nkutoo. Nokware nhoma no wɔ Engiresi, Ga, Twi ne Ewe kasa mu. Yɛwɔ Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ (dedaw no) bi wɔ Engiresi, Twi ne Ewe kasa mu. So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ ne Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye no wɔ Engiresi ne Twi kasa mu nkutoo. Onyankopɔn “Daa Atirimpɔw” no wɔ Twi ne Ewe mu. Nea aka no nyinaa wɔ Engiresi kasa mu nkutoo.

3 Wɔ asram abien ɔsatu yi mu no, nhoma ahorow yi bo ma akwampaefo bɛyɛ ¢30. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nea akwampaefo gye ho kyerɛwtohɔ ne nea adawurubɔfo nso gye no na wɔabisa ma wɔatew afi wɔn nhoma ka so denam S-20 kratasin no abien a wɔde bedi dwuma no so. Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw biako so sɛ “NEA WƆDE MAA ADAWURUBƆFO ¢50” ne foforo no nso so sɛ “NEA WƆDE MAA AKWAMPAEFO ¢30.”

4 Saa nhoma atitiriw a yɛde bɛma yi ne nea wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nkutoo. Ɛsɛ sɛ wɔde nhoma foforo a aka nyinaa no ma de gye bo a yɛde gye no wɔ January ne February mu. Yɛde nhoma a yɛde bɛma agye bo fã no bɛma wɔ January ne February mu nkutoo. Wɔ February 28 akyi no, yɛde nhoma yi mu biara a yɛda so ara wɔ no begye ¢100.

5 ƐHO HIA: Ɛsɛ sɛ wobisa ma wɔtew nhoma yi mu biara a adawurubɔfo ne akwampaefo gyei wɔ asram abien ɔsatu yi mu no fi mo nhoma ka so ansa na March 31 adu. Sɛ moanyɛ saa ansa na March 31 adu a, wɔrentew mfi mo nhoma ka so. Wɔde nhoma ho ka biara a ebia eyi bɛma moabɔ ho asodi bɛto mpanyimfo a wɔammisa ma wɔantew amfi mo ka’ so ansa na March 31 dui no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena