Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/87 kr. 1-7
  • Nya March Ne April Dwumadi Mu Kyɛfa Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya March Ne April Dwumadi Mu Kyɛfa Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • ƆKASA TITIRIW NO
  • NKAEDI NO
  • AKWAMPAE ADWUMA
  • NHOMA A YƐDE REMA
Yɛn Ahenni Som—1987
km 3/87 kr. 1-7

Nya March Ne April Dwumadi Mu Kyɛfa Kɛse

1 Ɔsomafo Paulo tuu Korinto asafo no fo sɛ wontintim na ‘wonyɛ pii wɔ Awurade adwuma mu’ bere nyinaa. (1 Kor. 15:58, NW) Saa afotu no fa Kristo a wɔwɔ afeha a ɛto so 20 yi mu nso ho. Esiane Paulo asɛm yi nti, momma yensusuw sɛnea yebetumi anya teokrase dwumadi pii a wɔayɛ ho nhyehyɛe wɔ March ne April mu no mu kyɛfa ho.

ƆKASA TITIRIW NO

2 Wɔ March 29 dapɛn no mu no, Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa behyiam atie baguam ɔkasa titiriw a ne ti ne “Abusuabɔ Bɛn na Wo ne Onyankopɔn Wɔ?” no. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ asɛm a ɛbɛma nnipa pii agyina asusuw ho. Wɔ ɔman yi mu no, nnipa pii gye ɔbɔadeɛ bi di ma enti wogye tom sɛ wɔwɔ asɛyɛde bi wɔ Onyankopɔn anim. Ɛwom sɛ nnipa pii ani regye honam fam nneɛma ho kɛse wɔ asetra mu de, nanso ɔsom ho nkate no wɔ hɔ ara. Yesu kae wɔ Mateo 5:3 sɛ: “Nhyira ne honhom mu ahiafo.” Wɔasiesie ɔkasa no na akyerɛ wɔn, ne yɛn nyinaa nso, sɛnea yɛne Onyankopɔn benya abusuabɔ pa na yɛakura mu ne mfaso a efi abusuabɔ a ɛte sɛɛ mu ba nnɛ mpo. Nsɛm a wɔbɛda no adi no bɛyɛ nea ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu ankasa. Enti hyɛ da bɔ mmɔden sɛ wobɛto nsa afrɛ anigyefo nyinaa ma wɔabetie honhom mu asɛm a ɛyɛ ne bere mu de yi bi.

NKAEDI NO

3 Bere a owia akɔtɔ Kwasida, April 12 no Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ wiase nyinaa ne wɔn mfɛfo anokwafo a wɔyɛ nguan foforo no bɛhyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo wu no ho fã de akae nea ne wu no kyerɛ wɔ wɔn a wosom Ɔbɔadeɛ Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, no asetra mu no. Nnipa dodow a wɔbaa Nkaedi no ase wɔ wiase nyinaa wɔ 1986 mu no yɛ 8,160,597, na yɛhwɛ kwan afe yi sɛ koma pafo pii a wɔsen saa bɛba abɛka yɛn ho wɔ bere titiriw yi mu. Fa nsaano nkrataa a wɔde ama wo no di dwuma na bɔ mmɔden kɛse sɛ wobɛkɔ so aboa afoforofo pii a wɔbɛba no. Ebia wo ne ebinom betumi afi adesua ase. Wubetumi ahyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔne Yehowa nkurɔfo mmɔ daa.

AKWAMPAE ADWUMA

4 Ada adi wɔ afe biara mu sɛ March ne April yɛ asram a eye sen biara a wɔde yɛ akwampaefo boafo adwuma. Nnipa 2,017 na wɔde wɔn ho hyeem March, 1986. Wɔn dodow kɔɔ soro koduu 2,607 wɔ April mu. Ɛhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yehui sɛ wɔ May mu mpo no, 1,928 buu akontaa sɛ akwampaefo aboafo

5 So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo March, April anaa May yi, anaasɛ wɔ asram abiɛsa no nyinaa mpo mu? Ebia nsakrae kakraa bi a wobɛyɛ wɔ wo nhyehyɛe mu bɛma wo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu anya adwuma yi mu anigye. Dapɛn biara ɛsɛ sɛ wɔma asafo no aso te nnipa dodow a wɔapene so sɛ wɔnsom sɛ akwampaefo aboafo. Ebia eyi bɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔayɛ bi. Akyinnye biara nni ho sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo pii a wɔn abusua mufo bi ka ho betumi anya adwuma no fã yi mu kyɛfa de ayɛ nhwɛso fɛfɛ ama afoforo.

NHOMA A YƐDE REMA

6 Yɛde Tra Ase Daa, nhoma no bɛma wɔ afie afie wɔ March mu. Esiane sɛ nhoma yi wɔ ɔman yi mu kasa atitiriw no mu nti, ɛsɛ sɛ yetumi de bi ma nnipa pii wɔ yɛn asasesin mu. Botae no ne sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. Enti sɛ ofiewura no ka sɛ ɔrentumi nnye Tra Ase Daa nhoma no a, yɛhyɛ nyansa sɛ fa “Look!” nhomawa no ma no na bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. Yɛbɛtoa eyi yɛ so Wɔ April mu nso na yegye di sɛ ɛbɛma yɛafi ofie Bible adesua foforo pii ase. Yɛbɛka adwuma yi mu osuahu a yenyae akyerɛ akyiri yi wɔ Ɔsom Nhyiam mu, enti sɛ wowɔ nea ɛyɛ anigye bi a, yɛsrɛ wo, ma ɔhwɛfo guamtrani no nhu.

7 Sɛnea wutumi hu ntɛm ara no, March ne April ma yenya “pii yɛ wɔ Awurade adwuma mu.” Bere a yɛn 1987 afe asɛm a ese, “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa]” no wɔ yɛn adwene mu no, ɛma yɛn nyinaa nya adwuma wɔ Yehowa som mu a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Momma yɛmfa ahopere nyɛ, na yɛnhwɛ nhyira kwan mfi yɛn Nyankopɔn yamyefo no hɔ.​—Yos. 24:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena