Ɛrekɔ So Dɛn?
Wogu so reyɛ adan a wɔbɛtra mu wɔ abansoro a ɛto so abiɛsa ne anan no so no mu adwuma. Wogu so resiesie asase no ani ne mmrannaa no so. Ɛka a yɛbɔe wɔ ho wɔ December mu yɛ ¢3,563,282.06. Ɛka a yɛabɔ de besi saa bere yi yɛ ¢180,763,029.56. Aka adwuma pii a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sika pii nso a ɛsɛ sɛ yetua. Yɛda so ara hia mo mpaebɔ ne mo mmoa.