Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/87 kr. 8
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1987
Yɛn Ahenni Som—1987
km 3/87 kr. 8

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma March ne April: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. Sɛ wɔannye Tra Ase Daa no a, fa “Look!” nhomawa ma. Bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu.

● Yɛsrɛ mpanyimfo sɛ wonti asɛm “Nkaedi no Kwan a Yɛbɛhwɛ” a ɛwɔ March, 1986, Yɛn Ahenni Som no kratafa 3 no mu na wɔahu nneɛma a wobɛhyɛ no nsow bere a woresiesie wɔn ho ama Nkaedi no.

Yɛwɔ Nkaedi bobesa wɔ Betel ha. Asafo ahorow a ɛwɔ amansin 6, 8, 13, 14, 20, 21 ne 23 mu nsa betumi aka Nkaedi bobesa no bi wɔ ɔmantam sohwɛfo no hɔ wɔ wɔn ɔmansin nhyiam no ase. Asafo a wɔaka a wɔn nsa rentumi nka bi wɔ saa kwan yi so no betumi de tumpan a ɛwɔ ntuano pa aba Betel abenya bi.

● Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no bom hwɛ hu sɛ wɔde Nkaedi akontaabu no amana Asafo ti no Dwoda, April 13. Baabiara a ebetumi no, ɛsɛ sɛ asafo biara nkutoo hyɛ Nkaedi ho fã no. Sɛ tebea no ma ɛho behia sɛ mo ne asafo bi ka bom a, ɛnde momfa Nkaedi akontaabu biako pɛ mmana a asafo ahorow a ɛka boom no din wɔ so. Sɛ ebinom di bi a, yɛsrɛ mo, monkyerɛw wɔn din wɔ akontaabu kratasin no so.

● Yɛsrɛ mo, monnyɛ asafo nhyiam biara ka asɛnka nhyiam a mobɛyɛ anɔpa ne Nkaedi no, bere a owia akɔtɔ Kwasida. April 12, 1987 no ho. Monnyɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo anaa akwampaefo nhyiam mpo saa da yi. Monhwɛ February Yɛn Ahenni Som no nkaebɔ afã na moanya nsakrae a mobɛyɛ wɔ asafo nhyiam mu saa dapɛn no ho nyansahyɛ.

● Saa bere yi de ebia asafo biara nsa aka ɔkasa titiriw no bi. Munsiesie no yiye. Monhyɛ da mmɔ mmɔden nto nsa mfrɛ ɔmanfo mmra ɔkasa yi ase wɔ March 29 dapɛn no mu.

● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu March 1, anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muhu sɛ ɛka bi wom a, monhwehwɛ nea ɛma ɛbaa saa na munhu nea mobɛyɛ de adi ho dwuma.

● ƆMANSIN NHYIAM AHOROW:

March 7, 8: Wɔrenyɛ nhyiam biara

March 14, 15: Ɔmansin 20 wɔ Awaso

March 14, 15: Ɔmansin 13 wɔ Oda

March 21. 22: Ɔmansin 8 wɔ Sunyani

March 28. 29: Ɔmansin 21 wɔ Nkoranza

March 28, 29: Ɔmansin 14 wɔ Koforidua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena