Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Ofie Bible Adesua a Wofi Ase
1 Yesu de botae bi sii hɔ maa yɛn nyinaa wɔ yɛn som adwuma no mu bere a ɔhyɛe sɛ ‘monyɛ asuafo . . . monkyerɛkyerɛ wɔn’ no. (Mat. 28:19, 20) Ɔkwan a etu mpɔn kɛse a yɛbɛfa so ayɛ eyi ne ofie Bible adesua nhyehyɛe no.
2 Sɛ́ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo no, Bible adesua a yebefi ase gye mmɔdenbɔ wɔ yɛn fam. (1 Kor. 3:9) Adesua a wofi ase no gyina onipa no komam tebea nso so titiriw. Yehowa honhom twe koma pafo na ɛkyerɛ yɛn kwan ma yɛboa wɔn ma wonyin wɔ honhom mu. Yehu eyi wɔ Etiopiani piani no osuahu no mu. (Aso. 8:26-31) Ná ɔrekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no nanso na ɔnte ase, ɛwom sɛ na wagye Yudasom atom na na onim nhoma nso de. Nanso na ɔwɔ koma pa. Yehowa honhom yɛɛ adwuma wɔ Filipo so ma otumi maa opiani no tee nkɔmhyɛ no ase pefee na ɛkaa no ma ɔhwehwɛɛ asubɔ.—Aso. 8:32-36.
3 Yehowa kɔ so ara de ne nkoa di dwuma nnɛ sɛ adwinnade a ɔde boa koma pafo ma wɔbɛyɛ asuafo. Sɛnea Yehowa de yɛn yɛ adwuma no gyina yɛn mmɔdenbɔ, nnamyɛ, ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛma wɔde yɛn adi dwuma sɛ akyerɛkyerɛfo no so titiriw. Bible adesua a wubetumi afi ase no mma ara kwa. Egye ahosiesie yiye ne ɔpɛ ankasa a yɛwɔ sɛ yɛde nokware no bɛkyerɛkyerɛ afoforo. (Hes. 9:4; Rom. 10:13, 14) Sɛ yebetumi adi anoyi ahorow ho dwuma a, ɛsɛ sɛ yɛde nyansahyɛ ahorow te sɛ nea wɔde ama wɔ Yɛn Ahenni Som ne Reasoning nhoma no mu no di dwuma. Sɛ wuhia mmoa a ɛbɛma woatumi afi Bible adesua ase a, bisa wɔn a wɔn ho akokwaw no ma wɔmmoa wo. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo no a, yɛ nhyehyɛe na wo ne no nyɛ adwuma. Ebia mpanyimfo, asafo mu asomfo, anaa daa akwampaefo betumi ne wo akɔyɛ sankɔhwɛ na wɔaboa wo ma woafi Bible adesua ase. Wɔ ɔkwan yi so no, wubesua sɛnea wubetumi anya nnepa afi wo som adwuma no mu.
FI KOMA NYINAA MU
4 Ofie Bible adesua a wubefi ase no hwehwɛ sɛ wubefi wo koma nyinaa mu ayere wo ho. (Kol. 3:23, 24) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ adwumaden wɔ afie afie adwuma no mu a botae a wukura ne sɛ wubenya wɔn a wɔpɛ sɛ wobesua Bible no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi wɔ sankɔhwɛyɛ mu. Yɛtaa kɔ nkurɔfo nkyɛn bere a wonni fie. Dɛn nti na yɛnsakra bere a yɛde kɔ no na yɛnsan nkɔ wɔ bere a ɛda adi kɛse sɛ nkurɔfo wɔ fie a wɔbɛpɛ sɛ wotie Ahenni asɛm no kɛse no? Ebinom ahu sɛ anwummere yɛ bere pa.
5 Ɛsɛ sɛ woyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe pa a ofiewura pɔtee bi ho asɛm wɔ w’adwenem. Wɔ mmeae ahorow bi no, ɔkwantiaa a ɛyɛ tẽẽ nso a wɔbɛfa so ye sen biara. Wɔasiesie brochure ne nkratawa a aba nnansa yi no ma atumi asi asɛntitiriw pɔtee bi so dua. Sɛ yesua no yiye a, nnepa betumi afi mu aba.
6 Kae sɛ ɛwom sɛ yɛasiesie yɛn ho yiye na yedi adanse a ɛkanyan anigye de, nanso ɛdenam Yehowa honhom mmoa so nkutoo na obi foforo ba bɛyɛ osuani. (1 Kor. 3:6) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae, na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ yɛn kwan na ommue wɔn a yɛkasa kyerɛ wɔn no komam. (1 Yoh. 3:22) Yehowa bɛhwɛ sɛ wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔte sɛ Etiopiani piani no benya hokwan agye Ahenni asɛm no atom. Sɛ yɛyɛ adwuma ma ɛne mpae a yɛbɔ ma wɔn a wɔte sɛ nguan no hyia a, yɛbɛyɛ nnam kɛse wɔ Bible adesua a yebefi ase no mu.