Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma August: Nhomawa (brochure) a ne kɛse te sɛ nsɛmma nhoma de agye ¢30. September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: New World Translation Bible ne Kingdom Come nhoma no a wɔde abom. November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban, anaa nabien nyinaa kra. December: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ne “Hwɛ!” nhomawa.
● Wɔasiesie Cost List foforo a wobefi ase de adi dwuma fi September 1, 1987 rekɔ. Asafo ahorow nyinaa de bo foforo no na ebedi dwuma fi September 1, 1987.
● Asafo biara nsa bɛka Literature Inventory nkratasin abiɛsa na ɛsɛ sɛ mokan nhoma a mowɔ nyinaa. Yɛsrɛ mo monyɛ eyi September 1. Monhyehyɛ nkratasin no nyinaa pɛpɛɛpɛ sɛnea akwankyerɛ a ɛwɔ so no kyerɛ, na momfa nea edi kan no mmana Asafo ti no ansa na September 6 adu. Momfa nea ɛto so abiɛsa no nni dwuma bere a moreyɛ ho adwuma no.
● Efi September 6 rekɔ no Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No nhoma no na wobesua wɔ Asafo Nhoma Adesua akuw horow no mu.
● Ɛsɛ sɛ Asafo ahorow fi ase kyerɛw wɔn a wɔpɛ 1988 kalenda no bi no din. Momfa dodow a mopɛ no mmana Asafo ti no ɛde rekɔ September mfiase hɔ baabi, momfa Literature Order kratasin (S-14) no ara na ɛnkra. Kalenda yɛ Controlled Stock nneɛma. Monnkra nngu hɔ na mmom monkra nea mopɛ sɛ mugye. Wɔde kalenda ho ka no bɛka mo nhoma ka no ho enti sɛ morebetua ka a, momfa nka mo nhoma sika no ho wɔ Remittance kratasin (S-20) no so. Yɛde nea moakra no bɛto hɔ akosi sɛ yɛn nsa bɛka kalenda no wɔ ɔman yi mu enti sɛ ɛkyɛ a ɛho nhia sɛ mosan kra. Sɛ mubehia bi AKA HO a, mubetumi ahyehyɛ kratasin no foforo na moakyerɛw so sɛ “ADDITIONAL ORDER.”
● Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hyehyɛ Congregation Analysis kratasin (S-10) no na wɔde nea edi kan no mana Asafo ti no ntɛm ansa na September 6 adu, anyɛ saa a wɔremfa nka Ghana amanneɛbɔ no ho. Monhwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ, na munni akwankyerɛ a ɛwɔ kratasin no so no so pɛpɛɛpɛ. Nea edi kan no nkutoo na momfa mmana Asafo ti no. Momfa nea ɛto so abien no nsie mo nneɛma mu.
● Eyi ne ɔsram a etwa to wɔ ɔsom afe no mu. Hwɛ sɛ wubenya asɛnka adwuma mu kyɛfa na wode w’akontaabu aba ntɛm. Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔde asafo no akontaabu bɛmena ansa na Dwoda, September 6 adu. Fa w’akontaabu no bra ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wo de no bɛka 1987 Afe Akontaabu no ho.
● ƆMANSIN NHYIAM HOROW
August 1, 2: Ɔmansin 6 wɔ Tamale
August 8, 9: Ɔmansin 21 wɔ Techiman
August 8, 9: Ɔmansin 23 wɔ Suhum
August 15, 16: Ɔmansin 15 wɔ Nsawam
August 22, 23: Ɔmansin 3A wɔ Akuse
August 22, 23: Ɔmansin 7 wɔ Agona Ashanti
August 29, 30: Ɔmansin 11 wɔ Obuasi
August 29, 30: Ɔmansin 2A wɔ Nungua
● Nhoma Foforo a Ebi wɔ Hɔ: “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”—Twi, Ga ne Ewe.
● Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa—Twi ne Ga.