Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/87 kr. 3
  • Siesie Adesuafo Ma Wonnya Ɔsom Adwuma Mu Kyɛfa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Siesie Adesuafo Ma Wonnya Ɔsom Adwuma Mu Kyɛfa
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA WOBƐYƐ AHU SƐ OSUANI NO FATA
  • MMOA A EFI MPANYIMFO HƆ
  • Tete Afoforofo Ma Wɔmfata Sɛ Adawurubɔfo
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Wɔn a Wɔka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 8/87 kr. 3

Siesie Adesuafo Ma Wonnya Ɔsom Adwuma Mu Kyɛfa

1 Wɔ ɔsom afe a etwaam no mu wɔ Ghana no, sɛ wɔkyekyem a, wɔyɛɛ ofie Bible adesua 46,906 ɔsram biara. Afoforofo pii renya honhom fam nkɔso denam Yehowa ho nimdeɛ a wonya ne ahyehyɛde no a wɔde wɔn ho bɔ no no so. Wɔreyɛ nsakrae ahorow a ehia wɔ wɔn ankasa asetra mu, na, awiei koraa no, yɛpɛ sɛ wɔda wɔn gyidi adi wɔ baguam denam asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a wɔbɛka yɛn ho ma yɛayɛ no so.​—Rom. 10:10.

2 Bere a wufi Bible adesua ase no, ebia wubetumi ahyɛ osuani no nkuran ma waka nea ɔresua no ho asɛm akyerɛ afoforo. Hyɛ nyansa sɛ ɔne abusuafo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ne afoforo nkasa wɔ bɔnnɔ so. Bere a wode nokware no hyɛ ne koma ne n’adwene mu no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan no ma ɔyɛ eyi. Si hia a asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no hia sɛnea Yesu ne n’asuafo daa no adi no so dua. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Ka asɛnka adwuma mu osuahu ahorow a ɛfata a wo ne afoforo anya ne nea ɛwɔ Afe Nhoma ne Asafo no nhoma afoforo mu no kyerɛ.

NEA WOBƐYƐ AHU SƐ OSUANI NO FATA

3 Wɔ bere a ɛsɛ mu ne bere a wuhu osuani no nkɔso no, to nsa frɛ no ma onnya asafo no asɛnka adwuma a wɔayɛ ho nhyehyɛe no mu kyɛfa. Kae sɛ sɛ́ obi a wo na woyɛ adesua no, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wobɛkyerɛ sɛ osuani no fata sɛ wo ne no bom nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wama n’abrabɔ ne Yehowa trenee gyinapɛn ahorow no ahyia dedaw. Wɔada nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ wususuw ho no adi wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 98-9.

4 Ɛho nhia sɛ wubisabisa nsɛm a ɛbɛma osuani no ayɛ basaa de afeefee n’asetra mu nsɛm mu. Nanso bere a woba behu osuani no yiye no, wubetumi ahu sɛ ebia ɔtra ase ma ɛne nneɛma a ɔresua no hyia anaa. Sɛ asɛm wɔ osuani no abrabɔ mu nneɛma bi ho a, ebia wubetumi ama wakenkan kyerɛw nsɛm ahorow bi a ɛfata na afei wakyerɛ sɛnea ɔte ɔkwan a obetumi de adi dwuma wɔ so ne nea ɛkyerɛ no ase no. Mpɛn pii eyi bɛma woahu sɛ ebia ɔwɔ nokware no ho nimdeɛ a ɛdɔɔso na ɔte nea wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom adwuma no mu ho no ase. Sɛ wugye tom sɛ ɔde nokwaredi pɛ sɛ ɔne Yehowa Adansefo ahyeyɛde no bɔ na ɔfata sɛ ɔyɛ saa a, wubetumi ato nsa afrɛ no ma waka wo ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Mommom nsiesie mo ho mma asɛnka adwuma no, na kɔ so boa osuani no ma onnya mu kyɛfa.

MMOA A EFI MPANYIMFO HƆ

5 Sɛ obi a ɔyɛ foforo de n’asɛnka adwuma ho akontaabu a edi kan ba a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma afoforo de hu ampa sɛ onii no fata sɛ wobebu no sɛ ɔdawurubɔfo ma enti ɔyɛ obi a wogye no tom. Bere a osuani no de n’asɛnka adwuma ho akontaabu a edi kan aba no, ɔkyerɛwfo no anaasɛ ɔsom boayikuw no muni foforo ne ɔdawurubɔfo a ɔne no yɛ adesua no besusuw osuani no nkɔso ho. Ɛno akyi no ɛbɛyɛ papa sɛ ɔdawurubɔfo no bɛwɔ hɔ bere a ɔpanyin no ne onii a ɔde n’asɛnka adwuma akontaabu a edi kan aba no kasa no. Bere a mpanyimfo no akamfo ɔfoforofo no wɔ nkɔso a ɔrenya no ho no, wofi ayamye mu bɛkyerɛkyerɛ nea bu a wobebu no sɛ ɔdawurubɔfo no kyerɛ no mu. Sɛ osuani no fata sɛ wogye no tom a, wɔbɛbɔ no amanneɛ sɛ wɔbɛhyehyɛ Asafo Adawurubɔfo Kyerɛwtohɔ krataa biako ama no na wɔde ato asafo no nneɛma mu.​—Hwɛ omTW nkr. 105-6.

6 Bere a yɛne Bible adesuafo sua Bible mu nokware nkyerɛkyerɛ no na yɛkyerɛ wɔn kwan kɔ ahyehyɛde no so no, momma yɛnhyɛ wɔn nkuran na yensiesie wɔn ma wɔne afoforo nkyɛ asɛmpa no nso. Ɛrenkyɛ, wɔ Yehowa nhyira ase no, wɔbɛfata sɛ asɛmpa no ho daa adawurubɔfo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena